1 Samuel 17:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ogyee me fii gyata ne sisi nsam no, ɔno na obegye me afi Filistini yi nsam.”+ Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”+ 2 Samuel 22:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu;+Ɔbarima a odi mũ na wo ne no bedi no mũdi mu;+ Dwom 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye.+Hena na mesuro no?+Yehowa ne me nkwa abannennen.+Hena na me ho bɛpopo n’anim?+ Mmebusɛm 18:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Abannennen ne Yehowa din.+ Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.+ Yesaia 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+ Daniel 6:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔno na oyi na ogye ne nkurɔfo+ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro+ ne asase so;+ ɔno na ogyee Daniel fii agyata nsam.” Mika 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+ 2 Korintofo 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Efisɛ ogyee yɛn fii ade kɛse te sɛ owu mu, na obegye yɛn;+ na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+
37 Na Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ogyee me fii gyata ne sisi nsam no, ɔno na obegye me afi Filistini yi nsam.”+ Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye.+Hena na mesuro no?+Yehowa ne me nkwa abannennen.+Hena na me ho bɛpopo n’anim?+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+
27 Ɔno na oyi na ogye ne nkurɔfo+ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro+ ne asase so;+ ɔno na ogyee Daniel fii agyata nsam.”
7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+
10 Efisɛ ogyee yɛn fii ade kɛse te sɛ owu mu, na obegye yɛn;+ na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+