Dwom 48:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Bepɔw so kurow fɛfɛ, asase nyinaa anika,+Ne Bepɔw Sion, atifi fam nohoa,+Ɔhenkɛse kurow no.+ Yesaia 4:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛda no Yehowa bãã+ bɛyɛ afɛfɛde ne anuonyanne,+ na Israelfo a wɔanya wɔn ti adidi mu+ no de asase no so aba bɛhoahoa wɔn ho,+ na ɛbɛyɛ wɔn fɛ. Yesaia 28:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa da no asafo Yehowa bɛyɛ sɛ anuonyam abotiri+ ne nhwiren kyɛw fɛfɛ+ ama ne manfo a wɔaka,+ Hesekiel 20:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sen asase biara.+ Daniel 11:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na nea ɔbɛba no so no bɛyɛ nea ɔpɛ, na obi rentumi nnyina n’anim. Obegyina asase Fɛfɛ+ no so, na ɔde ɔsɛe bɛhyɛ ne nsam aba.+ Daniel 11:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Ɔde n’ahemfie ntamadan besi ɛpo kɛse no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔw kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abedu n’awiei,+ na ɔrennya ɔboafo biara.+
2 Ɛda no Yehowa bãã+ bɛyɛ afɛfɛde ne anuonyanne,+ na Israelfo a wɔanya wɔn ti adidi mu+ no de asase no so aba bɛhoahoa wɔn ho,+ na ɛbɛyɛ wɔn fɛ.
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sen asase biara.+
16 Na nea ɔbɛba no so no bɛyɛ nea ɔpɛ, na obi rentumi nnyina n’anim. Obegyina asase Fɛfɛ+ no so, na ɔde ɔsɛe bɛhyɛ ne nsam aba.+
45 Ɔde n’ahemfie ntamadan besi ɛpo kɛse no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔw kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abedu n’awiei,+ na ɔrennya ɔboafo biara.+