1 Ahene 13:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na eyi bɛyɛɛ Yeroboam fie bɔne+ ne ade a ɛbɛma wɔapopa wɔn na wɔatɔre wɔn ase afi asase so.+ Yeremia 44:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuw, na mohyew afɔrebɔde ma anyame foforo+ wɔ Egypt asase a moakɔtena hɔ sɛ ahɔho no so, na ɛno nti wobetwa mo akyene na moayɛ nnome ne ahohora wɔ asase so aman nyinaa mu.+
8 Mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuw, na mohyew afɔrebɔde ma anyame foforo+ wɔ Egypt asase a moakɔtena hɔ sɛ ahɔho no so, na ɛno nti wobetwa mo akyene na moayɛ nnome ne ahohora wɔ asase so aman nyinaa mu.+