25 “‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Sɛ meboaboa Israel fie ano fi aman a wɔapete wɔn kɔ so no mu a,+ me din ho bɛtew wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asase so,+ asase a mede maa m’akoa Yakob no.+
21 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, meyi Israelfo afi aman a wɔkɔɔ so no so na maboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asase so.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+