6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee duforo bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bedi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ ade na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+
24 Na wuram nnua nyinaa behu sɛ me Yehowa+ na mabrɛ dua tenten no ase,+ na mama dua a ɛba fam so;+ mama dumono awu,+ na mama duwui afefɛw. Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”+
8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfo ho ban,+ na wɔn mu nea wayɛ mmerɛw no ayɛ sɛ Dawid,+ na Dawid fie ayɛ sɛ Onyame,+ te sɛ Yehowa bɔfo a odi wɔn anim no.+