7 “Saa bere no wɔde akyɛde bɛbrɛ asafo Yehowa.+ Wɔde befi ɔman a wɔwoware na wɔn ho yɛ torotoro nkyɛn,+ nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ baabiara, ɔman twintwann a wotiatia aman so a nsu afa wɔn asase no. Na wɔde bɛba faako a asafo Yehowa din wɔ, Bepɔw Sion so.”+
16 sɛ menyɛ Yesu Kristo baguam somfo mma amanaman+ no, na menyɛ Onyankopɔn asɛmpa+ no ho adwuma kronkron no, sɛnea ɛbɛyɛ a ayɛyɛde,+ a ɛne amanaman yi, bɛyɛ nea ɛsɔ ani,+ honhom kronkron+ a wɔde atew ho nti.