Yesaia 44:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mɛpopa wo mmarato sɛ omununkum+ na mapopa wo bɔne sɛ suwusiw.+ San bra me nkyɛn na megye wo.+ Yesaia 51:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Afei wɔn a Yehowa agye wɔn no de osebɔ bɛsan aba Sion,+ na ahurusidi bɛtena wɔn atifi daa.+ Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,+ na awerɛhow ne apinisi beguan.+ 1 Timoteo 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 a ɔde ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa+—eyi na wobedi ho adanse wɔ ne bere mu.
11 Afei wɔn a Yehowa agye wɔn no de osebɔ bɛsan aba Sion,+ na ahurusidi bɛtena wɔn atifi daa.+ Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,+ na awerɛhow ne apinisi beguan.+