Exodus 34:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no home.+ Adɔw bere oo, otwa bere oo, home.+ Leviticus 25:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegye bere ma Yehowa. Munnnua aba biara, na munnsiesie mo bobeturo nso. Leviticus 25:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+
4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegye bere ma Yehowa. Munnnua aba biara, na munnsiesie mo bobeturo nso.
10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+