Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 53:1-12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 53 Hena na wagye nea yɛate no adi?+ Na hena na wɔayi Yehowa basa+ akyerɛ no?+ 2 Obefifi sɛ dubaa+ wɔ n’anim, te sɛ ntini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na onni anuonyam,+ na yehu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+

      3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+ 4 Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa;+ ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho.+ Na yebuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso,+ wahwe no,+ na wama ne ho ahiahia no.+ 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+ 6 Yɛn nyinaa te sɛ nguan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+ 7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+

      8 Wɔhyɛɛ no so de no kɔe a wannya atemmu;+ na hena na ɔbɛhaw ne ho sɛ obehu n’ase?*+ Wotwaa no+ fii ateasefo asase so.+ Me man mmarato+ nti na wɔboroo no.+ 9 Ne wu mu no, wobesie no wɔ abɔnefo+ ne adefo mu,+ nanso wanni nsɛmmɔne biara,+ na nnaadaasɛm nni n’anom.+

      10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ obebubu no,+ na ɔma ɔyaree.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodi afɔre a,+ obehu n’asefo,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na nea ɛsɔ Yehowa ani+ begyina.+ 11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+ 12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+

  • Daniel 9:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “Adapɛn aduosia abien no akyi no, wobetwa Mesia afi hɔ,+ na ɛrenka no hwee.+

      “Na kurow no ne kronkronbea+ no, ɔkannifo a ɔbɛba no nkurɔfo bɛsɛe no.+ N’awiei bɛba sɛ nsuyiri. Akodi bɛkɔ so akosi sɛ awiei no bedu; nea wɔahyɛ ato hɔ ne amamfoyɛ.+

  • Asomafo Nnwuma 4:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba no.+

  • 1 Petro 1:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ bere pɔtee+ anaa bere ko a honhom+ a ɛwɔ wɔn mu no kyerɛ wɔ Kristo ho+ bere a edii Kristo amanehunu+ ne anuonyam+ a ebedi so aba ho adanse no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena