19 Enti Yesu toaa so maa wɔn mmuae sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea ohu sɛ Agya no yɛ.+ Na biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.
28 Enti Yesu kae sɛ: “Sɛ munya ma onipa Ba+ no so+ a, ɛno na mubehu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.+
3 Ɔyɛ n’anuonyam+ hyerɛn ne ne su sɛso+ pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wom no wowaw nneɛma nyinaa;+ na bere a odwiraa yɛn ho fii yɛn bɔne ho+ no, ɔkɔtenaa Anuonyam no nifa+ so wɔ sorosoro.+