Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 23:40
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 40 Ɛda a edi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛw+ ne dua mmaa a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na munni ahurusi+ nnanson wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim.+

  • Deuteronomium 12:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Mo ani begye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmea, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifo a wɔamma wɔn mo agyapade no bi+ a enti wɔwɔ mo nkurow* mu no.

  • Deuteronomium 12:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Eyinom na di wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na di; wo ne wo mma mmarima, wo mma mmea, wo nkoa ne wo mfenaa, ne Lewifo a wɔwɔ mo nkurow* mu no. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.

  • Deuteronomium 14:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Fa wo hwiit nkyem du mu baako, wo bobesa foforo nkyem du mu baako, wo ngo mu nkyem du mu baako, ne w’anantwi ne wo nguan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no.+ Fa bra bedi wɔ n’anim na ama woasua sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+

  • Deuteronomium 14:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Wudu hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kɔn bɛdɔ:* anantwi, nguan, mpɔnkye, bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow. Biribiara a wopɛ* no, fa bra bedi wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fifo nyinaa ani nnye.+

  • Dwom 32:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Atreneefo, munni ahurusi wɔ Yehowa mu, na momma mo ani nnye;

      Komam teefo nyinaa, monto ahurusi dwom.

  • Dwom 100:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  2 Momfa anigye nsom Yehowa.+

      Momfa anigye mmɛbɔ ose wɔ n’anim.

  • Filipifo 4:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, Munni ahurusi!+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena