-
Numeri 14:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Na asafo no nyinaa maa wɔn nne so sui, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ bena, na wosui saa anadwo no nyinaa.+ 2 Na Israelfo nyinaa fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kasa tiaa wɔn sɛ: “Sɛ yewuwui wɔ Egypt asaase so anaa yewuwui wɔ sare yi so mpo a, anka eye! 3 Adɛn nti na Yehowa de yɛn aba asaase yi so sɛ wɔmfa sekan nkunkum yɛn?+ Wɔbɛsoa yɛn yerenom ne yɛn mma akɔ.+ Sɛ yɛsan kɔ Egypt a, anka enye?”+
-