2 Samuel 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkurow no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubetumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisae sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkae sɛ: “Kɔ Hebron.”+ 2 Samuel 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Dawid de mmarima a wɔka ne ho+ no nso kɔe, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkurow mu. 1 Beresosɛm 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Akyiri yi, Israelfo nyinaa behyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkae sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+
2 Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkurow no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubetumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisae sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkae sɛ: “Kɔ Hebron.”+