-
2 Beresosɛm 18:28-32Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 29 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo de, hyɛ w’ahentaade.” Enti Israel hene sakraa ne ho na wɔkɔɔ akono. 30 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene no sɛ: “Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 31 Na bere a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkae sɛ: “Israel hene no ni.” Enti wɔkɔɔ no so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat fii ase su hwehwɛɛ ogyefo,+ enti Yehowa boaa no, na ɛhɔ ara na Onyankopɔn ma wogyaee n’akyi di. 32 Bere a nteaseɛnam so asahene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdan wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.
-