Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yosua 20:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei nso, woyii Beser+ a ɛwɔ sare so no fii Ruben abusuakuw mu. Ná saa sare no wɔ bepɔw so asaase tratraa no so. Woyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead fii Gad abusuakuw mu, ɛnna woyii Golan+ a ɛwɔ Basan fii Manase abusuakuw mu.+

  • 1 Ahene 22:29-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 30 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo de, hyɛ w’ahentaade.” Enti Israel hene sakraa ne ho+ na ɔkɔɔ akono. 31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene 32+ no sɛ: “Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 32 Na bere a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkae sɛ: “Ampa, Israel hene no ni.” Enti wɔkɔɔ no so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat fii ase su hwehwɛɛ ogyefo. 33 Bere a nteaseɛnam so asahene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdan wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.

  • 2 Beresosɛm 18:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Enti mfe bi akyi no, ɔkɔɔ Ahab nkyɛn wɔ Samaria,+ na Ahab de nguan ne anantwi bebree bɔɔ afɔre maa ɔne nnipa a wɔka ne ho no. Na ɔne no kae ara* sɛ ɔne no nkɔ Ramot-Gilead so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena