31 Na ɛbae sɛ bere a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Israel hene no ni.”+ Enti wɔkɔɔ no so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat teɛteɛɛm hwehwɛɛ ɔboafo,+ enti Yehowa boaa no,+ na ɛhɔ ara na Onyankopɔn ma wɔdan fii n’akyi.+