11 ‘Mmarima a wofi Egypt bae a wɔadi mfe 20 rekɔ nyinaa renhu asaase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ efisɛ wɔamfa wɔn koma nyinaa anni m’akyi. 12 Kaleb,+ Kenisini Yefune ba no, ne Nun ba Yosua+ nko ara na wobehu asaase no, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Yehowa akyi.’+