Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Ahene 8:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma ɛmmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wɔsom me sɛnea woasom me yi a, ɛnde daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so wɔ m’anim.’+

  • Dwom 89:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Wokae sɛ: “Nea mapaw no no, me ne no ayɛ apam;+

      Maka ntam akyerɛ m’akoa Dawid+ sɛ:

       4 ‘Mɛma w’aseni*+ atim afebɔɔ

      Na mama w’ahengua ase atim wɔ awo ntoatoaso nyinaa+ mu.’” (Sela)

  • Dwom 89:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Mahu m’akoa Dawid;+

      Mede me ngo kronkron asra no.+

  • Dwom 89:36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 36 N’aseni* betim afebɔɔ,+

      Na n’ahengua bɛkyɛ te sɛ owia wɔ m’anim.+

  • Yesaia 9:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 N’ahenni* mu bɛtrɛw

      Na asomdwoe a enni awiei bɛba+

      Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so,

      Na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+

      Bɛtaa n’ahenni akyi ama atim+

      Afi nnɛ akosi daa.

      Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ eyi.

  • Yeremia 33:20, 21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mubetumi asɛe m’apam a ɛfa adekyee ho, ne m’apam a ɛfa adesae ho, na adekyee ne adesae amma bere a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21 ɛnde me nso mebu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na anka mebu me ne Lewifo asɔfo a wɔsom me no apam no so.+

  • Mateo 9:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Bere a Yesu fii hɔ a ɔrekɔ no, anifuraefo baanu+ dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.”

  • Luka 1:69
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 69 Wapagyaw nkwagye abɛn*+ wɔ n’akoa Dawid+ fi ama yɛn,

  • Asomafo Nnwuma 2:30, 31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 Ná ɔyɛ odiyifo, na na onim sɛ Onyankopɔn aka no ntam sɛ ɔde n’aseni* bi bɛtena n’ahengua so.+ Enti 31 odii kan huu Kristo wusɔre no, na ɔkaa ho asɛm sɛ wɔannyaw no Ɔdamoa* mu, na ne honam nso amporɔw.*+

  • Asomafo Nnwuma 13:22, 23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Bere a otuu no fii ade so no, oyii Dawid maa wɔn sɛ ɔhene,*+ na odii ne ho adanse sɛ: ‘Mahu Yese ba+ Dawid. Ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.+ Ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ 23 Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, saa ɔbarima yi aseni* na Onyankopɔn de no ama Israel sɛ agyenkwa; ɔno ne Yesu.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena