19 Ɔhyew nokware Nyankopɔn fi no,+ na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ kurow no abannennen nso, ɔde ogya hyew ne nyinaa, na kurow no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+
27 “‘“Na sɛ moantie me antew Homeda no ho, na mosoa nneɛma na mode bɛfa Yerusalem kurow apon mu Homeda a, ɛnde me nso mede ogya bɛto n’apon mu, na ɛbɛhyew Yerusalem aban a ɛyɛ den no,+ na ɛrennum.”’”+
2 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ mede kurow yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde ogya ahyew.+