19 Ɔhyew nokware Nyankopɔn fi no,+ na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ kurow no abannennen nso, ɔde ogya hyew ne nyinaa, na kurow no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+
27 “‘“Na sɛ moantie me antew Homeda no ho, na mosoa nneɛma na mode bɛfa Yerusalem kurow apon mu Homeda a, ɛnde me nso mede ogya bɛto n’apon mu, na ɛbɛhyew Yerusalem aban a ɛyɛ den no,+ na ɛrennum.”’”+
7 Saa bere no, na Babilon hene asraafo ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka nyinaa,+ kyerɛ sɛ, Lakis+ ne Aseka+ reko; efisɛ nkurow yi nko ara ne Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban a na aka.