23 Yuda hene Yehoas ba Amasia ahenni afe a ɛto so 15 mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bedii hene wɔ Samaria mfe 41. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe nyinaa,+ wantwe ne ho amfi ho.
1Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea* ni. Ɔka kyerɛɛ no wɔ Yuda ahemfo+ Usia+ ne Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no bere so.
10 Ɛnna Betel sɔfo Amasia+ soma kɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Yeroboam+ sɛ: “Amos rebɔ wo ho pɔw wɔ Israel fi pɛɛ.+ Ne nsɛm no nyinaa ano yɛ den ma asaase no.+