-
Marko 11:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Afei bere a wɔrebɛn Yerusalem, Betfage ne Betania+ wɔ Ngodua Bepɔw* no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na sɛ mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 3 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moreyɛ eyi?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no, na sɛ owie a, ntɛm ara ɔbɛma wɔasan de no aba ha.’”
-
-
Luka 19:28-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Bere a ɔkaa eyinom wiei no, osiim a na ɔreforo akɔ Yerusalem. 29 Na bere a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔw a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw*+ no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu.+ 30 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresan no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’”
-