Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 21:1-3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Bere a wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage a ɛwɔ Ngodua Bepɔw* no so no, Yesu somaa asuafo baanu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase. Mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum bi a wɔamantam no ne ne ba. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa ho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”

  • Marko 11:1-6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Afei bere a wɔrebɛn Yerusalem, Betfage ne Betania+ wɔ Ngodua Bepɔw* no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na sɛ mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 3 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moreyɛ eyi?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no, na sɛ owie a, ntɛm ara ɔbɛma wɔasan de no aba ha.’” 4 Enti wɔkɔe, na wokohuu afurum ba no wɔ abɔnten sɛ wɔamantam no wɔ ɔpon bi ano, wɔ kwan ho, na wɔsan no.+ 5 Na wɔn a wogyinagyina hɔ no bi bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasan afurum ba no?” 6 Wɔkaa nea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn, na wɔmaa wɔn kwan.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena