-
Mateo 21:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 Bere a wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage a ɛwɔ Ngodua Bepɔw* no so no, Yesu somaa asuafo baanu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase. Mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum bi a wɔamantam no ne ne ba. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa ho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”
-
-
Luka 19:29-34Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Na bere a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔw a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw*+ no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu.+ 30 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresan no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’” 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no kɔe, na wokohuu nea ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresan afurum ba no?” 34 Ɛnna wɔkae sɛ: “Awurade hia no.”
-