Yeremia
16 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 2 “Nware,* na nnwo mma mmarima ne mma mmea wɔ ha. 3 Efisɛ mma mmarima ne mma mmea a wɔwo wɔn wɔ ha, ne wɔn maamenom a wɔwo wɔn, ne wɔn papanom a wɔma wɔwo wɔn wɔ asaase yi so no, nea Yehowa aka afa wɔn ho ni: 4 ‘Owuyare bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɔkɔm na ebekunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.’
‘Efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so,’ Yehowa asɛm ni,
‘Na me dɔ a enni huammɔ ne me mmɔborɔhunu nso,+ mayi afi wɔn so.
6 Nnipa atitiriw ne wɔn a wɔba fam nyinaa bewuwu asaase yi so.
Wɔrensie wɔn,
Obiara rensu wɔn,
Obiara remfa ade ntwitwa ne ho mma wɔn, na obiara nso renyi ne tiri ho kwabokwabo mma wɔn.*
7 Obiara remma wɔn a wɔredi awerɛhow no aduan sɛ
Wɔde rekyekye wɔn werɛ wɔ wɔn nkurɔfo a wɔawuwu no ho;
Na obiara remma wɔn awerɛkyekye kuruwa sɛ
Wɔnnom wɔ wɔn papa anaa wɔn maame wu ho.
8 Nkɔ apontow fi ne wɔn
Nkɔtena ase nnnidi nnnom.’
9 “Efisɛ nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mɛma ahurusi ne ahosɛpɛw nne, ayeforokunu ne ayeforo nne agyae+ wɔ ha, wɔ mo ani so, wɔ mo bere so.’
10 “Sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi a, wobebisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa aka mmusu akɛse yi nyinaa agu yɛn so? Mfomso bɛn na yɛadi, na bɔne bɛn na yɛayɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn?’+ 11 Wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ,”+ Yehowa asɛm ni, “na wɔkɔɔ so dii anyame foforo akyi som wɔn, na wɔkotow wɔn.+ Nanso me de, wogyaw me hɔ, na wɔanni me mmara so.+ 12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de koraa,+ na mo mu biara yɛ asoɔden di ne koma bɔne akyi, na ontie me.+ 13 Enti mɛtow mo afi asaase yi so akɔ asaase a mo ne mo agyanom nnim so so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame foforo awia ne anadwo,+ efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’
14 “‘Nanso nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔrenka bio sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israelfo fii Egypt asaase so bae no te ase yi!”+ 15 Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii atifi fam asaase so, ne nsaase a ɔbɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asaase so, asaase a mede maa wɔn agyanom no.’+
Ɛno akyi no, mɛsoma ama wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba,
Wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so akyere wɔn,
Na wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ ntokuru a ɛwɔ abotan mu no mu akyere wɔn.
17 Efisɛ m’ani hu nea wɔyɛ nyinaa.*
Enhintaw me,
Na wɔn bɔne nso, ɛso nkatae wɔ m’anim.
18 Medi kan atua wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ nyinaa so ka,+
Efisɛ wɔde wɔn ahoni tantan a nkwa biara nnim* no agu m’asaase ho fĩ.
Na wɔde wɔn akyiwade no ahyɛ m’agyapade ma.’”+