Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 14
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma Mu Nsɛntitiriw

      • Wonyaa gyidifo pii wɔ Ikoniom, na nkurɔfo tan wɔn ani wɔ hɔ (1-7)

      • Nkurɔfo a wɔwɔ Listra no buu wɔn sɛ wɔyɛ anyame (8-18)

      • Wosiw Paul abo, nanso wanwu (19, 20)

      • Wɔhyɛɛ asafo ahorow no den (21-23)

      • Wɔsan kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (24-28)

Asomafo Nnwuma 14:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 95

Asomafo Nnwuma 14:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:45

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/1998, kr. 16

Asomafo Nnwuma 14:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:11; Heb 2:3, 4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/1998, kr. 16

Asomafo Nnwuma 14:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 3

Asomafo Nnwuma 14:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 14:19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 96

Asomafo Nnwuma 14:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:23

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 96

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1993, kr. 3

    6/15/1990, kr. 3

Asomafo Nnwuma 14:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 9:28

Asomafo Nnwuma 14:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 35:6

Asomafo Nnwuma 14:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 28:3-6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 3

Asomafo Nnwuma 14:12

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    (nwt) Wiase Foforo Nkyerɛase, kr. 1821

    Ɔwɛn-Aban,

    5/15/2008, kr. 32

    6/15/1990, kr. 3

Asomafo Nnwuma 14:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “nhwiren a wɔakyekyere.”

Asomafo Nnwuma 14:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:25, 26
  • +Ex 20:11; Dw 146:6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 97-98

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 3-4

    5/1/1985, kr. 19-20

Asomafo Nnwuma 14:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:30

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/1/2013, kr. 11

    6/15/1990, kr. 3-4

Asomafo Nnwuma 14:17

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wannyae ne ho adansedi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:26, 27; Ro 1:20
  • +Dw 147:8; Yer 5:24; Mt 5:45
  • +Dw 145:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 7

    Nyan!,

    nɔma 3 2021 kr. 14

    Bɛn Yehowa, kr. 272-273

    Ɔwɛn-Aban,

    7/1/2013, kr. 11

    6/15/1990, kr. 3-4

    3/1/1984, kr. 5

    Di Adanse, kr. 97-98

Asomafo Nnwuma 14:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:13
  • +2Ko 11:25

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/1/2015, kr. 13

Asomafo Nnwuma 14:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/15/2013, kr. 28-29

Asomafo Nnwuma 14:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Wɔhyɛɛ asuafo no akra den.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:22, 23
  • +Mt 10:38; Yoh 15:19; Ro 8:17; 1Te 3:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/1/2015, kr. 13-14

    9/15/2014, kr. 13

Asomafo Nnwuma 14:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “dii mmuada.”

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Tit 1:5
  • +Aso 13:2, 3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 99

Asomafo Nnwuma 14:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:13

Asomafo Nnwuma 14:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:1, 2

Asomafo Nnwuma 14:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 101

Asomafo Nnwuma 14:28

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2008, kr. 28

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 14:2Aso 13:45
Aso. 14:3Aso 19:11; Heb 2:3, 4
Aso. 14:5Aso 14:19
Aso. 14:6Mt 10:23
Aso. 14:9Mt 9:28
Aso. 14:10Yes 35:6
Aso. 14:11Aso 28:3-6
Aso. 14:15Aso 10:25, 26
Aso. 14:15Ex 20:11; Dw 146:6
Aso. 14:16Aso 17:30
Aso. 14:17Aso 17:26, 27; Ro 1:20
Aso. 14:17Dw 147:8; Yer 5:24; Mt 5:45
Aso. 14:17Dw 145:16
Aso. 14:19Aso 17:13
Aso. 14:192Ko 11:25
Aso. 14:20Aso 16:1
Aso. 14:22Aso 11:22, 23
Aso. 14:22Mt 10:38; Yoh 15:19; Ro 8:17; 1Te 3:4
Aso. 14:23Tit 1:5
Aso. 14:23Aso 13:2, 3
Aso. 14:24Aso 13:13
Aso. 14:26Aso 13:1, 2
Aso. 14:27Aso 11:18
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 14:1-28

Asomafo Nnwuma

14 Bere a woduu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu, na sɛnea wɔkasae no maa Yudafo ne Greecefo dɔm kɛse bi bɛyɛɛ gyidifo. 2 Nanso Yudafo a wɔannye anni no tutu guu amanaman mufo no asom, na wɔsɛee wɔn adwene ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne.+ 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde Yehowa* tumi kasae akokoduru so. Na Onyankopɔn ma wɔyɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, na ɔnam so dii asɛm a ɛfa n’adom ho no ho adanse.+ 4 Nanso, nnipadɔm a wɔwɔ kurom hɔ no mu kyɛɛ abien. Ebi kɔɔ Yudafo no afã, ɛnna ebinom nso kɔɔ asomafo no afã. 5 Bere a amanaman mufo ne Yudafo ne wɔn sodifo no yɛe sɛ wɔrebedwoodwoo wɔn na wɔasiw wɔn abo no,+ 6 wɔtee ho asɛm. Enti woguan kɔɔ Likaonia nkurow Listra ne Derbe ne nkuraa a atwa ho ahyia no mu.+ 7 Bere a woduu hɔ no, wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no.

8 Ná ɔbarima bi wɔ Listra. Ná ɔyɛ ɔbafan a ɔte fam. Bere a wɔwoo no no, na ɔyɛ obubuafo, na na ɔnnantewee da. 9 Bere a Paul rekasa no, na saa ɔbarima yi retie no. Na Paul hwɛɛ no dinn, na ohui sɛ ɔwɔ gyidi a ebetumi ama wanya ayaresa.+ 10 Enti ɔde nne kɛse kae sɛ: “Sɔre gyina wo nan so.” Ɛnna ɔbarima no huruw gyinaa hɔ, na ofii ase nantewee.+ 11 Bere a nnipadɔm no huu nea Paul ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: “Anyame ayɛ wɔn ho sɛ nnipa asian aba yɛn nkyɛn!”+ 12 Na wofii ase frɛɛ Barnaba Seus, na Paul de, wɔfrɛɛ no Hermes, efisɛ ɔno na na odi anim kasa. 13 Ná Seus asɔredan wɔ kurotia, na ne sɔfo no de anantwi ne nhwiren abotiri* baa kurow no apon ano, na na ɔpɛ sɛ ɔne nnipadɔm no bɔ afɔre.

14 Nanso, bere a ɔsomafo Barnaba ne ɔsomafo Paul tee no, obiara suan n’ataade mu, na wɔde mmirika kɔɔ nnipadɔm no mu, na wɔteɛteɛɛm sɛ: 15 “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso, yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara.+ Na yɛreka asɛmpa no akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛtwe mo ho afi nneɛma hunu yi ho na moaba Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.+ 16 Awo ntoatoaso a atwam no mu no, ɔmaa amanaman no nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ.+ 17 Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanse,*+ efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba,+ ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.”+ 18 Nanso ɛno mpo, wɔka brɛe ansa na nnipadɔm no regyae afɔre a na wɔpɛ sɛ wɔbɔ ma wɔn no.

19 Ɛnna Yudafo bi fi Antiokia ne Ikoniom bae bɛsɛee nnipadɔm no adwene.+ Na wosiw Paul abo twee no kɔɔ kurow no akyi, efisɛ na ɛyɛ wɔn sɛ wawu.+ 20 Nanso, bere a asuafo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔree, na ɔkɔɔ kurow no mu. Ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.+ 21 Na bere a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo wiei a wonyaa asuafo dodow bi no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia. 22 Wɔhyɛɛ asuafo no den*+ wɔ hɔ, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 23 Bio nso, wɔpaw mpanyimfo maa wɔn wɔ asafo biara mu,+ na wɔbɔɔ mpae yɛɛ akɔnkyen,*+ na wɔde wɔn hyɛɛ Yehowa* a wɔabegye no adi no nsa.

24 Afei wɔkɔfaa Pisidia baa Pamfilia,+ 25 na bere a wɔkaa asɛm no wɔ Perga wiei no, wosian kɔɔ Atalia. 26 Bere a wofii hɔ no, wɔde po so hyɛn kɔɔ Antiokia. Ɛhɔ na bere bi wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa sɛ ɔmfa n’adom mmoa wɔn mma wɔnyɛ adwuma a na wɔde rebɛhyɛ wɔn nsa no. Seesei de, na wɔawie saa adwuma no.+

27 Bere a wɔbae no, wɔfrɛɛ asafo no nyinaa boaa ano. Na wɔkaa nneɛma pii a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ ne sɛnea wabue ɔpon a ɛkɔ gyidi mu ama amanaman no kyerɛɛ wɔn.+ 28 Enti wɔtenaa asuafo no nkyɛn kyɛe.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena