Nnwom
Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa ɔdan no so. Dawid dwom.
2 O Yehowa me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo, na wosaa me yare.+
3 O Yehowa, woayi me* afi Ɔdamoa* mu;+
Woama matena nkwa mu; woamma mankɔtɔ amoa* mu.+
4 Yehowa anokwafo nyinaa, monto ayeyi nnwom* mma no,+
Munyi ne din* kronkron no ayɛ,+
5 Efisɛ n’abufuw nkyɛ wɔ onipa so,+
Na n’adom de, ɛtena hɔ afebɔɔ.+
Sɛ onipa su anwummere mpo a, anɔpa obedi ahurusi.+
6 Bere a nneɛma rekɔ yiye no, mekae sɛ:
“Merenhinhim ara da.”
7 O Yehowa, bere a meda wo koma so* no, woma mitimii sɛ bepɔw.+
Nanso bere a wode w’anim hintawee no, mebɔɔ hu.+
9 Sɛ mekɔ amoa* mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ me wu* so?+
Dɔte betumi ayi wo ayɛ?+ Ebetumi aka wo nokwaredi akyerɛ nkurɔfo anaa?+
10 Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+
O Yehowa, boa me.+
11 Woama m’awerɛhow adan asaw;
Woayi me ho awerɛhow ntama,* na wode ahurusi afura me;
12 Ɛno nti mɛto ayeyi nnwom ama wo, na merenyɛ komm.
O Yehowa me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.