Dwom. Dawid ayeyi dwom.
108 O Onyankopɔn, me koma nhinhim.
Mede me koma nyinaa bɛto ayeyi dwom ama wo.+
2 O sanku, nyan; sankuten, wo nso nyan.+
Menyan ahemanakye.
3 O Yehowa, meyi wo ayɛ wɔ amanaman mu;
Mɛto ayeyi dwom ama wo wɔ aman nyinaa mu.
4 Efisɛ wo dɔ a enni huammɔ no so, na ekodu ɔsoro,+
Na wo nokwaredi kodu wim.
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;
Ma w’anuonyam nkata asaase nyinaa so.+
6 Nea ɛbɛyɛ a w’adɔfo benya ogye no,
Fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie m’adesrɛ.+
7 Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no aka sɛ:
“Medi ahurusi, mede Sekem+ bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa,
Na mesusuw Sukot+ Bon ama wɔn.
8 Gilead+ yɛ me dea, Manase nso wɔ me,
Na Efraim yɛ dade kyɛw a ɛhyɛ me;+
Yuda yɛ m’ahempoma.+
9 Moab yɛ ade a mehohoro me nsa wom.+
Edom na mɛtow me mpaboa ato.+
Mɛbɔ ose wɔ Filistia ho.”+
10 Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a ɛyɛ den no mu?
Hena na obedi m’anim akodu Edom?+
11 O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woatow yɛn akyene?
Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔko bio no?+
12 Gye yɛn fi ahohia mu,+
Efisɛ nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so.+
13 Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+
Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+