Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Amos 1:1-9:15
  • Amos

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amos
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Amos

AMOS

1 Amos* a ɔka Tekoa nguanhwɛfo ho no nsɛm ni.+ Onyaa nsɛm no bere a onyaa anisoadehu bi faa Israel ho no. Onyae wɔ Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no bere so, mfe abien ansa na asaasewosow no reba.+ 2 Ɔkae sɛ:

“Yehowa bɛbobom wɔ Sion,

Na ɔbɛteɛm wɔ Yerusalem.

Nguanhwɛfo mmoa adidibea no bɛwo,*

Na Karmel bepɔw so nwura bɛhyew.”*+

 3 “Nea Yehowa aka ni,

‘“Damasko bɔne* a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔde dade a wɔde porow awi faa Gilead so.+

 4 Enti mede ogya bɛto Hasael fi mu,+

Na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban a ɛyɛ den no.+

 5 Mebubu nnade a egu Damasko apon akyi;+

Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,

Ne nea odi hene* wɔ Bet-Eden no.

Na wobetu Siriafo ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm ni.’

 6 Nea Yehowa aka ni,

‘“Gasa bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu+ kɔmaa Edom.

 7 Enti mede ogya bɛto Gasa fasu mu,+

Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.

 8 Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+

Ne nea odi hene* wɔ Askelon no;+

Na mɛteɛ me nsa wɔ Ekron so,*+

Na Filistifo a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’

 9 Nea Yehowa aka ni,

‘Tiro bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu kɔmaa Edom,

Na wɔankae anuanom apam no.+

10 Enti mede ogya bɛto Tiro fasu mu,

Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.’+

11 Nea Yehowa aka ni,

‘Edom bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+

Na wanhu no mmɔbɔ.

Ɔde abufuw tetew wɔn mu daa,

Na ne bo fuw wɔn denneennen bere nyinaa.+

12 Enti mede ogya bɛto Teman,+

Na ɛbɛhyew Bosra aban a ɛyɛ den no.’+

13 Nea Yehowa aka ni,

‘“Ammonfo bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔpaapaee Gilead mmea a wɔnyem mu de trɛw wɔn ahye mu.+

14 Enti mede ogya bɛto Raba fasu mu,+

Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.

Bere a ɔko nteɛteɛm rekɔ so ɔko da no,

Bere a mframa kɛse rebɔ ɛda a ahum betu no.

15 Na wobetu wɔn hene ase akɔ obi man so, ɔne ne mpanyimfo nyinaa,”+ Yehowa asɛm ni.’

2 “Nea Yehowa aka ni,

‘“Moab bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ ɔhyew Edom hene nnompe de yɛɛ akado.

 2 Enti mede ogya bɛto Moab, na ɛbɛhyew Keriot aban a ɛyɛ den no.+

Moab bewu wɔ dede mu,

Obewu wɔ ɔko nteɛteɛm ne abɛn nnyigyei mu.+

 3 Metwa ɔhene* no afi ne mu,

Na mekum emu mpanyimfo nyinaa aka ne ho,”+ Yehowa asɛm ni.’

 4 Nea Yehowa aka ni,

‘Yuda bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔpoo Yehowa mmara,*

Na wɔanni n’ahyɛde so.+

Mmom, atoro a wɔn agyanom dii akyi no,* ɛno ara na wɔadi akyi afom kwan.+

 5 Enti mede ogya bɛto Yuda,

Na ɛbɛhyew Yerusalem aban a ɛyɛ den no.’+

 6 Nea Yehowa aka ni,

‘Israel bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

Efisɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ,

Na wɔtɔn ohiani gye mpaboa.+

 7 Wotiatia mmɔborɔwafo ti so hyɛ mfuturu mu,+

Na wosiw ahobrɛasefo kwan.+

Ɔbarima ne ne papa ne ɔbea baako da,*

Na wɔde gu me din kronkron no ho fĩ.

 8 Ntama a wɔma nkurɔfo de besi awowa no, ɛno na wɔda so wɔ afɔremuka biara ho,+

Na nsã a wɔabɔ ebinom ka ama wɔde aba no na wɔnom wɔ wɔn anyame fi.’*

 9 ‘Nanso me na mesɛee Amorini no wɔ wɔn anim,+

Amorini a na ne tenten te sɛ sida dua, a ne ho yɛ den sɛ odum no;

Mesɛee n’aba a ɛwɔ so, ne ne ntini a ɛwɔ fam no.+

10 Miyii mo fii Egypt asaase so,+

Na mema monantew sare so mfe 40,+

Na mema mukogyee Amorini no asaase fae.

11 Memaa mo mma no bi bɛyɛɛ adiyifo,+

Na memaa mo mmerante no bi bɛyɛɛ Nasirifo.+

Ɛnte saa anaa, O Israelfo?’ Yehowa asɛm ni.

12 ‘Nanso mode nsã* puapuaa Nasirifo no,+

Na moka kyerɛɛ adiyifo no sɛ: “Monnhyɛ nkɔm.”+

13 Enti mɛyam mo wɔ baabi a mowɔ,

Sɛnea teaseɛnam a wɔde hwiit* a wɔatwa no foforo ahyɛ no ma yam biribiara a ɛfa so no.

14 Nea ne ho yɛ hare rennya baabi nguan nkɔ,+

Na nea ne ho yɛ den ahoɔden bɛsa,

Na ɔsabarima biara rentumi nguan mpere ne nkwa.*

15 Nea okura agyan rentumi nnyina,

Na nea ne nan ase yɛ hare rentumi nguan,

Na nea ɔte pɔnkɔ so rentumi nguan mpere ne nkwa.*

16 Ɔsabarima a ɔwɔ akokoduru paa* mpo,

Ɔde ne ho kwaterekwa* na ebeguan saa da no,’+ Yehowa asɛm ni.”

3 “O Israelfo, muntie asɛm a Yehowa aka afa mo ho yi. Ɛyɛ asɛm a ɛfa abusua a miyii wɔn fii Egypt asaase so bae no nyinaa ho. Ɛne sɛ:

 2 ‘Asaase so mmusua nyinaa, mo nko ara na minim mo.+

Ɛno nti na mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho no.+

 3 Wohwɛ a, nnipa baanu betumi abom anantew bere a wɔnyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia?

 4 Gyata bɛbobom wɔ kwae mu bere a onnyaa aboa biara?

Na gyata* a ne ho yɛ den bepow wɔ baabi a ɔda bere a ɔnkyeree aboa biara?

 5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam bere a wonsum no afiri?*

Na afiri behuan bere a enyii biribiara?

 6 Sɛ wɔbɔ abɛn wɔ kurow mu a, nnipa ho rempopo anaa?

Na sɛ amanehunu ba kurow mu a, ɛnyɛ Yehowa na wama aba?

 7 Na Awurade Tumfo Yehowa renyɛ biribi,

Gye sɛ waka ne tirim asɛm* akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.+

 8 Gyata abobom!+ Hena na ɔrensuro?

Awurade Tumfo Yehowa akasa! Hena na ɔrenhyɛ nkɔm?’+

 9 ‘Mommɔ no dawuru wɔ Asdod aban a ɛyɛ den so,

Na mommɔ no dawuru wɔ aban a ɛyɛ den wɔ Egypt asaase so no so.

Monka sɛ: “Mommoa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;+

Monhwɛ basabasa a ɛrekɔ so wɔ hɔ,

Ne nsisi a ɛrekɔ so wɔ hɔ no.+

10 Efisɛ wonnim sɛnea wɔyɛ adepa,” Yehowa asɛm ni,

“Na nneɛma a wɔnam atirimɔden ne ɔsɛe so anya no, ɛno na wɔboaboa ano wɔ wɔn aban a ɛyɛ den mu.”’

11 Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,

‘Ɔtamfo bi bɛba abetwa asaase no ho ahyia,+

Na ɔbɛma w’ahoɔden asa,

Na ɔbɛfom w’aban a ɛyɛ den mu nneɛma.’+

12 Nea Yehowa aka ni,

‘Sɛnea oguanhwɛfo hwim aboa nan abien anaa n’aso fã bi fi gyata anom no,

Saa ara na wobehwim Israelfo akɔ,

Israelfo a seesei wɔtete mpa fɛfɛɛfɛ ne mpa kamakama* so wɔ Samaria no.’+

13 ‘Muntie na mommɔ Yakob fi kɔkɔ,’* Awurade Tumfo Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni.

14 ‘Na da a mɛtwe Israel aso wɔ ne bɔne* nyinaa ho no,+

Mɛtwe Betel afɔremuka nso aso;+

Na wobetwitwa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no agu fam.+

15 Na mebubu awɔw bere mu fi no ne ahohuru bere mu fi no nyinaa.’

‘Afi a wɔde asonse* ayɛ nyinaa bɛsɛe,+

Na afi akɛse* no bɛsɛe koraa,’+ Yehowa asɛm ni.”

4 “Muntie asɛm yi, mo, Basan anantwi,

Mo a mugu Samaria bepɔw so,+

Mo, mmea a musisi mmɔborɔwafo+ na mohyɛ ahiafo so,

Mo a moka kyerɛ mo kununom* sɛ, ‘Momfa biribi mmrɛ yɛn mma yɛnnom!’ no.

 2 Awurade Tumfo Yehowa de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,

‘“Hwɛ! Nna bi reba. Saa bere no, ɔde nnarewa akɛse bɛtwe mo akɔ,

Na mo a mobɛka nso, ɔde nnarewa nketewa bɛtwe mo akɔ.

 3 Na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na obiara bɛfa tokuru a ɛwɔ n’anim tẽẽ no mu.

Na wɔbɛtow mo akyene Harmon,” Yehowa asɛm ni.’

 4 ‘Mommra Betel na mommɛto mmara,*+

Mommra Gilgal na mommɛto mmara no bi nka ho!+

Momfa mo afɔre mmra+ anɔpa,

Na momfa mo ntotoso du du* mmra+ ɛda a ɛto so abiɛsa no.

 5 Monhyew paanoo a mmɔkaw* wom, na momfa mmɔ aseda afɔre;+

Mommɔ mo ayamye afɔre dawuru mma obiara nte!

Na saa na mopɛ, O Israelfo,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.

 6 ‘Na me de, mamma mo aduan biara anni* wɔ mo nkurow no biara mu,

Na memaa aduan ho

yɛɛ den wɔ mo afi

nyinaa mu;+

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.

 7 ‘Afei nso, mamma osu antɔ amma mo abosome abiɛsa ansa na twabere redu;+

Memaa osu tɔɔ kurow baako mu, na mamma bi antɔ wɔ kurow foforo mu.

Osu tɔ guu asaase baako so,

Na asaase a mamma osu antɔ angu so no, ɛso woe wosee.

 8 Nkurow abien anaa abiɛsa mu nnipa kyinkyin kɔpɛ nsu nom wɔ kurow baako mu,+

Nanso ɛnso wɔn;

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.

 9 ‘Memaa owia hyee mo mfuw, na ɔyare tew sii so.+

Moyeyɛɛ bobe mfuw ne mfuw foforo pii,

Nanso ntutummɛ wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+

Nanso ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.

10 ‘Memaa nsanyare a edi awu a ɛte sɛ nea ɛbaa Egypt no bi baa mo so.+

Mede sekan kunkum mo mmerante,+ na mefaa mo apɔnkɔ.+

Memaa mo asoɛe bɔnee kankaankan kɔɔ mo hwenem;+

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm ni.

11 ‘Medan mo butuwii,

Sɛnea Onyankopɔn dan Sodom ne Gomora butuwii no.+

Na moyɛɛ sɛ dua a wɔahwim afi ogya mu;

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.

12 Enti nea mede bɛyɛ wo ni, O Israel.

Nea mede rebɛyɛ wo nti,

Boaboa wo ho kohyia wo Nyankopɔn, O Israel.

13 Efisɛ hwɛ! Ɔno na ɔnwenee mmepɔw+ na ɔbɔɔ mframa;+

Ɔka Ne tirim asɛm kyerɛ nnipa,

Ɔma adekyee dan sum,+

Na otiatia asaase so nkoko so;+

Ne din ne Yehowa, asafo Nyankopɔn no.”

5 “O Israel fi, muntie mo ho awerɛhow dwom* a merebɛto yi:

 2 ‘Ɔbaabun Israel ahwe ase;

Ɔrentumi nsɔre bio.

Wɔagyaw no ato n’ankasa asaase so;

Na obiara nni hɔ a ɔbɛma no so.’

3 “Na nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:

‘Kurow a ɛde nnipa 1,000 bɛkɔ ɔko no, ɛbɛka nnipa 100;

Na kurow a ɛde nnipa 100 bɛkɔ ɔko no, ɛbɛka nnipa 10. Eyi ne nea ɛbɛto Israel fi.’+

4 “Na nea Yehowa aka akyerɛ Israel fi ni:

‘Monhwehwɛ me, na munnya nkwa.+

 5 Monnhwehwɛ Betel,+

Monnkɔ Gilgal,+ na munntwam nnkɔ Beer-Seba,+

Efisɛ sɛnea ɛte biara, wobetu Gilgal ase akɔ obi man so,+

Na Betel bɛdan adehunu.*

 6 Monhwehwɛ Yehowa na munnya nkwa,+

Anyɛ saa a, ɔbɛba Yosef fi so te sɛ ogya,

Na ɔbɛhyew Betel, na obiara nni hɔ a obetumi adum no.

 7 Moma atɛntrenee dan awɔnwene,

Na motow trenee kyene fam.+

 8 Nea ɔyɛɛ Kima nsorommakuw* ne Kesil nsorommakuw,*+

Nea ɔma sum kabii dan adekyee,

Nea ɔma adekyee yɛ tumm sɛ anadwo,+

Nea ɔboaboa ɛpo mu nsu ano

Na ohwie gu asaase so no,+

Ne din ne Yehowa.

 9 Ɔde ɔsɛe bɛba ɔhoɔdenfo so,

Na ɔbɛsɛe aban a ɛyɛ den.

10 Wɔn a wɔtwe nkurɔfo aso wɔ kurow pon ano no, wɔtan wɔn,

Na wokyi wɔn a wɔka nokware.+

11 Esiane sɛ mugye afuw so tow* fi ohiani hɔ,

Na mugye ne hwiit* fi ne nsam de yɛ tow nti,+

Adan a moapae abo de asisi no, morentena mu bio,+

Na bobe mfuw fɛfɛɛfɛ a moayɛ no, morennya nsã* wom nnom bio.+

12 Na minim sɛnea mo amumɔyɛ* dɔɔso,

Ne sɛnea mo bɔne yɛ akɛse.

Moteetee ɔtreneeni,

Mugye adanmude,*

Na mutiatia ahiafo fahodi so wɔ kurow pon ano.+

13 Enti wɔn a wɔwɔ nhumu no bɛyɛ komm saa bere no,

Efisɛ ɛbɛyɛ amanehunu bere.+

14 Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,+

Na moanya nkwa.+

Moyɛ saa a, Yehowa, asafo Nyankopɔn no ne mo bɛtena,

Sɛnea moaka sɛ ɔne mo te no.+

15 Munkyi bɔne na monnɔ papa,+

Na mummu atɛntrenee wɔ kurow pon ano.+

Ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn no,

Behu Yosef asefo a wɔbɛka no mmɔbɔ.’+

16 “Enti nea Yehowa, asafo Yehowa Nyankopɔn no aka ni:

‘Nkurɔfo besu denneennen wɔ mmɔnten so baabiara,

Na mmorɔn nyinaa so, nnipa bɛteɛteɛm, “Buei! Buei!”

Na wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu,

Na wɔafrɛ wɔn a wonim su yiye ama wɔabɛbɔ bena.’

17 ‘Nnipa besu denneennen wɔ bobefuw* biara mu,+

Efisɛ mɛba abetwam wɔ wo mu,’ Yehowa asɛm ni.

18 ‘Wɔn a wɔrehwɛ Yehowa da no kwan denneennen no, asɛm ato wɔn!+

Sɛ Yehowa da no ba a, mohwɛ a, ɛdɛn na ebesi?+

Ɛbɛyɛ sum, na ɛrenyɛ hann.+

19 Ɛbɛyɛ sɛ obi a oguan fii gyata anim na okohyiaa osisi,

Afei ɔkɔɔ ne fi de ne nsa kosoo ɔfasu mu a, ɔwɔ aka no.

20 Yehowa da no bɛyɛ sum, ɛrenyɛ hann;

Ɛbɛyɛ kusuu, na ɛrenhyerɛn.

21 Mikyi mo afahyɛ ahorow no; ɛyɛ me tan.+

Na mo nhyiam kronkron no ase hua no, m’ani nnye ho koraa.

22 Na sɛ mobɔ ɔhyew afɔre ne akyɛde afɔre ma me mpo a,

M’ani rennye ho;+

Na sɛ mode mmoa a wɔadɔ srade bɔ asomdwoe afɔre a, merenhwɛ mpo.+

23 Munnyae mo dwom no, na etuatua m’aso;

Mo sankudwom no, mempɛ atie mpo.+

24 Momma atɛntrenee nhwie sɛ nsu,+

Na trenee ntene daa sɛ asubɔnten.

25 O Israel fi, mfe 40 a na monam sare so no,+

Mobɔɔ afɔre maa me, na mode akyɛde afɔre brɛɛ me anaa?

26 Seesei, mobɛsoa mo hene Sakut ne Kaiwan* akɔ,

Mo ahoni no, mo nsoromma anyame a moyɛe no.

27 Na metu mo ase akɔ obi man so wɔ Damasko akyi noho,’+ nea ne din de Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni.”+

6 “Wɔn a wogye wɔn ho di a wɔte Sion no, asɛm ato wɔn!

Wɔn a wɔn ho adwo wɔn wɔ Samaria bepɔw so no, asɛm ato wɔn!+

Amanaman adikanfo mu atitiriw,

Wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no, asɛm ato wɔn!

 2 Muntwa nkɔ Kalne na monkɔhwɛ.

Mumfi hɔ na monkɔ Hamat Kɛse,+

Na munsian nkɔ Filistifo kurow Gat mu.

Mohwɛ a, woye sen ahenni ahorow yi?*

Anaa wɔn asaase sõ sen mo asaase?

 3 Moayi amanehunu da no afi mo tirim+

Ɛnna moakɔfa awudisɛm ahenni* anaa?+

 4 Wɔdeda mpa a wɔde asonse* ayɛ so,+ na wodwudwo wɔn ho wɔ wɔn mpa so,+

Na wɔwe wɔn nguan mu adwennini ne anantwi mma* a wɔadɔ srade.+

 5 Wɔto nnwom de gyigye sanku ho,+

Na wɔyɛ nneɛma a wɔde bɔ nnwom, sɛnea Dawid yɛe no.+

 6 Wɔnom nsã wɔ nkuruwa akɛse mu,+

Na wɔsra ngo pa,

Nanso Yosef amanehunu no de, ɛmfa wɔn ho.*+

 7 Ɛno nti, nkurɔfo a wobetu wɔn ase akɔ obi man so no, wɔn na wobedi anim,+

Na wɔn a wodwudwo wɔn ho no dede nyinaa to betwa.

 8 ‘Awurade Tumfo Yehowa aka ɔno ara ne ho* ntam,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni,

‘“Mikyi Yakob ahantan,+

Metan n’aban a ɛyɛ den no,+

Na mede kurow yi ne nea ayɛ mu ma nyinaa bɛma n’atamfo.+

9 “‘“Na sɛ ɛka nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. 10 Na obusuani* bi bɛba abeyi wɔn apue, na wahyew wɔn mmaako mmaako. Na ɔde wɔn nnompe bepue afi fie hɔ. Afei, obebisa obiara a ɔwɔ pia mu sɛ, ‘Obi foforo ka wo ho anaa?’ Na obebua sɛ, ‘Obiara nka me ho!’ Ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ komm! Na ɛnyɛ saa bere yi koraa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din.’”

11 Yehowa na ɔde ahyɛde yi ama,+

Na obebubu ofi kɛse no pasaa,

Na wabubu ofi ketewa no asinasin.+

12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?

Anaa obi de anantwi funtum abotan so?

Moama atɛntrenee adan awuduru,

Na moama trenee aba adan awɔnwene.+

13 Mudi adehunu ho ahurusi,

Na moka sɛ, “Yɛn ankasa ahoɔden na ama yɛanya tumi.”*+

14 Ɛno nti, O Israel fi, mɛma ɔman bi aba mo so,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni,

‘Na wɔbɛteetee mo afi Lebo-Hamat*+ hye so asian akodu Araba Subon no ano.’”

7 Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Bere a aba a edi akyiri* no fii ase sɛ ɛrefifi no, ɔmaa ntutummɛ bebree bae. Eyi yɛ aba a edi akyiri a na wodua bere a wɔatwa ɔhene sare a ɔde ma ne mmoa awie no. 2 Na bere a ntutummɛ no wee asaase no so afifide wiei no, mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, mepa wo kyɛw, fa kyɛ wɔn!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Onni ahoɔden!”+

3 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Yehowa kae sɛ, “Ɛrennya mma.”

4 Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa de ogya twee ne man aso. Ɛmaa ebun kɛse no mu nsu nyinaa yowee, na ɛhyew asaase no fã bi. 5 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, mepa wo kyɛw, mma eyi mmma!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Onni ahoɔden!”+

6 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Awurade Tumfo Yehowa kae sɛ, “Ɛno nso rennya mma.”

7 Eyi na oyi kyerɛɛ me: Hwɛ! Ná Yehowa gyina ɔfasu bi so. Ná ɛyɛ ɔfasu a wɔde prumo* ato ho asi, na na prumo hyɛ ne nsam. 8 Afei Yehowa bisaa me sɛ: “Amos, ɛdɛn na wuhu yi?” Ɛnna mekae sɛ: “Ɛyɛ prumo.” Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede prumo rebɛto me man Israel ho. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+ 9 Isak sorɔnsorɔmmea* nyinaa+ bɛsɛe pasaa na Israel kronkronbea bɛsɛesɛe;+ na mede sekan bɛba Yeroboam fi so.”+

10 Ɛnna Betel sɔfo Amasia+ soma kɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Yeroboam+ sɛ: “Amos rebɔ wo ho pɔw wɔ Israel fi pɛɛ.+ Ne nsɛm no nyinaa ano yɛ den ma asaase no.+ 11 Na nea Amos aka ni, ‘Sekan na wɔde bekum Yeroboam, na nea ɛbɛyɛ biara, wobetu Israel afi n’asaase so akɔ obi man so.’”+

12 Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “O ɔdehufo, kɔ, guan kɔ Yuda asaase so; kɔpɛ w’ano aduan* wɔ hɔ, na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.+ 13 Na nhyɛ nkɔm wɔ Betel ha bio,+ efisɛ ɛyɛ ɔhene tenabea kronkron+ ne abankɛse mu.”*

14 Ɛnna Amos ka kyerɛɛ Amasia sɛ: “Ná menyɛ odiyifo anaa odiyifo ba; mmom na mehwɛ mmoa,+ na na meyɛ borɔdɔma ho adwuma.* 15 Nanso Yehowa ma migyaee mmoa no hwɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ, na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.’+ 16 Enti afei tie nea Yehowa aka: ‘Woreka sɛ, “Nhyɛ nkɔm ntia Israel,+ na nka asɛm biara+ ntia Isak fi.” 17 Enti nea Yehowa aka ni: “Wo yere bɛyɛ tuutuuni wɔ kurow no mu. Na wɔde sekan bekunkum wo mma mmarima ne wo mma mmea. Na wɔbɛtwe susuhama ato w’asaase so akyɛ afa. Na wo de, wubewu wɔ asaase a ɛho ntew so, na nea ɛbɛyɛ biara, wobetu Israel afi n’asaase so akɔ obi man so.”’”+

8 Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Mihuu kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom. 2 Ɛnna obisaa me sɛ: “Amos, ɛdɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom.” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Me man Israel awiei aba. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+ 3 ‘Saa da no, asɔrefi nnwom bɛdan osu ne nteɛteɛm,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. ‘Na wɔbɛtotow afunu bebree agugu baabiara.+ Ma hɔ nyɛ komm!’

 4 Muntie, mo a mutiatia ahiafo so,

Mo a moma asaase so ahobrɛasefo sã,+

 5 Mo a moka sɛ, ‘Da bɛn na ɔsram foforo afahyɛ no betwam+ ama yɛatɔn yɛn hwiit?*

Da bɛn na Homeda+ betwam ama yɛatɔn hwiit?

Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ efa* susukuruwa no ketewa,

Na ne bo akɔ soro,

Na yɛakyea yɛn nsenia* de asisi nkurɔfo,+

 6 Na yɛde dwetɛ atɔ mmɔborɔwa,

Na yɛatɔn ohiani agye mpaboa,+

Na yɛatɔn hwiit* a enye.’

 7 Yehowa, Yakob Anuonyam no, aka ne ho ntam+ sɛ,

‘Me werɛ remfi wɔn nnwuma no biara da.+

 8 Eyi nti asaase no bɛwosow,

Na obiara a ɔte so bedi awerɛhow.+

Wobebu afa so te sɛ Nil a ayiri,

Wobebu afa so, na wɔatwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.’+

 9 ‘Saa da no,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni,

‘Mɛma owia akɔtɔ awia ketee,

Na mama sum aba asaase no so awiabere.+

10 Mɛma mo afahyɛ adan awerɛhow,+

Na mo nnwom nyinaa adan awerɛhow nnwom.

Mɛma obiara de awerɛhow ntama* asi n’asen, na mama obiara ti ho apa;

Mɛma ayɛ sɛ nea obi redi ne ba baako pɛ wu ho awerɛhow,

Na saa da no awiei bɛyɛ awerɛhow nko ara.’

11 ‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.

‘Saa bere no, mɛma ɔkɔm aba asaase no so,

Ɛnyɛ aduankɔm, ɛnna ɛnyɛ osukɔm,

Na mmom Yehowa asɛm ho kɔm.+

12 Na wɔde wɔn ti bɛpempem afi po ano akɔ po ano,

Na wɔafi atifi akɔ apuei.

Wobekyinkyin ahwehwɛ Yehowa asɛm, nanso wɔrenhu.

13 Saa da no, osukɔm nti, mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ betwitwa ahwe,

Na mmerante nso betwitwa ahwe;

14 Wɔn a wɔde Samaria bɔne ka ntam+ na wɔka sɛ,

“O Dan, sɛ́ wo nyame te ase yi!”+

Na wɔka sɛ, “Sɛ́ Beer-Seba kwan wɔ hɔ yi!”+

Saa nkurɔfo no, wɔbɛhwehwe ase a wɔrensɔre bio.’”+

9 Mihui sɛ Yehowa+ gyina afɔremuka no atifi, na ɔkae sɛ: “Bɔ adum no atifi ma ase no nwosow. Twitwa wɔn ti fi so, na mede sekan bekunkum wɔn a ɛbɛka no. Nea ɔreguan no rennya baabi nguan mfa, na nea ɔrepɛ baabi afa no rennya baabiara nkɔ.+

 2 Sɛ wotutu fam kɔhyɛ Ɔdamoa* mu mpo a,

Mede me nsa beyi wɔn afi hɔ aba;

Na sɛ wɔforo kɔ soro a,

Mɛtwe wɔn afi hɔ aba fam.

 3 Sɛ wokohintaw Karmel Bepɔw atifi a,

Mɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afi hɔ aba.+

Na sɛ wofi m’anim kɔhyɛ po ase mpo a,

Mɛma ɔwɔ akɔkeka wɔn wɔ hɔ.

 4 Sɛ wɔn atamfo kyere wɔn kɔ a,

Mɛma sekan akokunkum wɔn wɔ hɔ.+

Mede m’ani besi wɔn so, na mama awie wɔn bɔne, na ɛnyɛ papa.+

 5 Efisɛ Awurade Tumfo asafo Yehowa na ɔde ne nsa aka asaase no,

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛnan+ ama ɛsofo nyinaa adi awerɛhow;+

Na asaase no nyinaa bebu afa so te sɛ Nil,

Na ɛbɛtwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.+

 6 ‘Nea ɔyɛ ne stɛps wɔ soro,

A ɔde ne dan* tim asaase atifi,

Nea ɔboaboa ɛpo mu nsu ano,

Na ohwie gu asaase so no,+

Ne din ne Yehowa.’+

 7 ‘O Israelfo, mote sɛ Kusfo wɔ m’ani so, ɛnte saa?’ Yehowa asɛm ni.

‘Ɛnyɛ me na miyii Israel fii Egypt asaase so?+

Ɛnyɛ me na miyii Filistifo fii Kreta,+ na miyii Siriafo nso fii Kir?’+

 8 ‘Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa ani wɔ ahenni bɔne no so,

Na ɔbɛsɛe no afi asaase so.+

Nanso merensɛe Yakob fi korakora,’+ Yehowa asɛm ni.

 9 ‘Hwɛ! Merehyɛ ato hɔ,

Na mɛwosow Israel fi wɔ aman nyinaa mu+

Sɛnea obi wosow sɔnee no,

Na aba baako mpo rentɔ fam.

10 Wɔde sekan bekunkum me man mu abɔnefo nyinaa,

Wɔn a wɔka sɛ: “Mmusu no renka yɛn, na ɛremmɛn yɛn” no.’

11 ‘Saa da no, mɛma Dawid apata*+ a ahwe ase no so asi hɔ,

Metuatua emu* ntokuru.

Na mɛma nea adwiriw agu no asi ne dedaw mu bio;

Mɛkyekye ama ayɛ sɛ tete mmere no,+

12 Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa nea ɛbɛka ama Edom,+

Na wɔafa aman a me din da wɔn so no nyinaa,’ Yehowa a ɔreyɛ eyi no asɛm ni.

13 ‘Hwɛ! Mmere bi reba,’ Yehowa asɛm ni,

‘Saa bere no, nea ofuntum asaase bɛkɔ akɔto nea otwa nnɔbae,

Na nea okyĩ bobe bɛkɔ akɔto nea ogu aba;+

Na nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afi mmepɔw mu,+

Na ɛbɛtene afa nkoko nyinaa so.*+

14 Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+

Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+

Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+

Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+

15 ‘Na mede wɔn bedua wɔn asaase so,

Na obiara rentu wɔn bio

Mfi asaase a mede ama wɔn no so,’+ Yehowa wo Nyankopɔn no asɛm ni.”

Ɛkyerɛ, “Ɔyɛ Adesoa” anaa “Ɔso Adesoa.”

Anaa “bedi awerɛhow.”

Anaa “bekisa.”

Anaa “atuatew.”

Nt., “nea okura ahempoma.”

Anaa “atuatew.”

Nt., “nea okura ahempoma.”

Anaa “mɛtwe Ekron aso.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “ɔtemmufo.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “anyame a wɔn agyanom dii wɔn akyi no.”

Anaa “atuatew.”

Anaa “kɔ ɔbea baako ho; fa ɔbea baako.”

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “bobesa.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “Ɔsabarima a ne bo yɛ duru.”

Anaa “adagyaw; ne ho saa ara.”

Anaa “gyatanini.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bere a aduan biara nni mu?”

Anaa “kokoam asɛm.”

Anaa “Damasko mpa.”

Anaa “munni adanse ntia Yakob fi.”

Anaa “n’atuatew.”

Anaa “asono se.”

Ebetumi nso akyerɛ, “afi pii.”

Anaa “mo wuranom.”

Anaa “mommɛtew atua.”

Anaa “taet.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “mamma aduan anka mo se.”

Anaa “kwadwom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bɛdan abusude.”

Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuw no mu no.

Anaa “Nyɛnkrɛnte.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuw no.

Anaa “asaase ho tow.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “bobesa.”

Anaa “mo atuatew.”

Anaa “braeb.”

Anaa “bobeturo.”

Saa anyame abien yi, ebetumi akyerɛ okyinnsoromma Saturn a na ebinom de ayɛ onyame som no no.

Ɛbɛyɛ sɛ Yuda ne Israel ahenni no ho asɛm na ɛreka.

Nt., “akongua.”

Anaa “asono se.”

Anaa “anantwinini nkumaa.”

Nt., “Yosef amanehunu no mmɔɔ wɔn yare.”

Anaa “ne kra.”

Nt., “Ne papa nuabarima.”

Nt., “ama yɛanya mmɛn.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Kyerɛ sɛ, nea wodua no January ne February bosome mu no.

Nt., “agyina hɔ?”

Anaa “nuu ne ho.”

Nt., “agyina hɔ?”

Anaa “nuu ne ho.”

Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “di paanoo.”

Anaa “ahenni fi.”

Anaa “na na mifitifiti sikamɔɔ ho.” Ná ɛyɛ borɔdɔma bi a ɛwɔ Israel a wɔfrɛ no ‘sikamɔɔ.’

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkh. B14.

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne soro a akɔntɔn.”

Anaa “sese; ntamadan.”

Anaa “wɔn.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “nkoko nyinaa bɛnan.”

Anaa “bobesa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena