Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Mika 1:1-7:20
  • Mika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mika
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Mika

MIKA

1 Yuda ahemfo+ Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ bere so no, Yehowa asɛm baa Mika*+ a ofi Moreset nkyɛn. Onyaa anisoadehu a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho sɛ:

 2 “Aman nyinaa, muntie!

Asaase ne nea ɛwom nyinaa, monyɛ aso,

Na momma Awurade Tumfo Yehowa nni adanse ntia mo+

Wɔ Yehowa asɔrefi kronkron mu hɔ.

 3 Hwɛ! Yehowa fi ne tenabea reba;

Obesian aba, na wabetiatia asaase so nkoko so.

 4 Mmepɔw bɛnan wɔ ne nan ase,+

Na abon* mu bɛpaapae

Sɛnea ogya nan ɛwokyɛm no,

Sɛnea nsu a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ sian te no.

 5 Yakob atuatew nti na eyinom nyinaa aba,

Esiane Israel fi bɔne nti.+

Dɛn ne Yakob atuatew?

Ɛnyɛ Samaria?+

Na dɛn ne Yuda nkoko?+

Ɛnyɛ Yerusalem?

 6 Mɛma Samaria adan abo akuwakuw,*

Baabi a wodua bobe;

Mɛtow* n’abo agu bon mu,

Na mɛma ne fapem ho ada hɔ.

 7 Wobebubu n’ahoni nyinaa,+

Na akyɛde a ɔde ne ho mae* a onyae no, wɔbɛhyew ne nyinaa wɔ ogya mu.+

Mɛsɛe n’abosom nyinaa.

Ɔde tuutuusi sika na enyae,

Na ɛbɛdan tuutuufo foforo akatua.”

 8 Eyi nti, mesu na mabɔ bena;+

Mede me nan besisi fam anantew, na mabɔ adagyaw.+

Mesu te sɛ sakraman,

Na mabɔ bena te sɛ nsohori.

 9 Efisɛ wɔrentumi nsa ne kuru,+

Na aba ara abedu Yuda.+

Ne yare no atrɛw abedu me man kurow pon ano, abedu Yerusalem.+

10 “Mommmɔ so wɔ Gat;

Munnsu koraa.

Mummunumunum mfuturu mu wɔ Bet-Afra.*

11 Mo a mote* Safir, momfa adagyaw ne aniwu mmɛsen.

Wɔn a wɔte* Saanan de, wompuei.

Wɔbɛbɔ bena wɔ Bet-Esel, na ɔrennyina w’akyi bio.

12 Efisɛ wɔn a wɔte* Marot no hwɛɛ biribi pa kwan,

Nanso bɔne na esian fii Yehowa hɔ baa Yerusalem pon ano.

13 O, mo a mote* Lakis,+ momfa teaseɛnam nsã apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare no kɔn mu.

Wo na woyɛ Sion babea bɔne mfiase,

Na wo mu na wohuu Israel atuatew.+

14 Enti wobɛma Moreset-Gat nkradi* akyɛde.

Na Aksib afi+ ama Israel ahemfo nsa asi fam.

15 O, mo a mote* Maresa,+ mɛma obi abedi mo so nkonim.+

Israel anuonyam bɛkɔ ara akodu Adulam.+

16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti, bɔ tikwaw, werɛw wo ti ho nyinaa.

Ma wo ti ho nyɛ kwabokwabo sɛ opete,*

Efisɛ wɔatu wɔn ase afi wo nkyɛn kɔ obi man so.”+

2 “Wonnue! Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne,

Wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn mpa so no!

Ade kye a, nea wɔabɔ ho pɔw no, wɔyɛ,

Efisɛ tumi wɔ wɔn nsam.+

 2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye;+

Wɔn ani bere afi nso, na wɔfa;

Wosisi ɔbarima gye ne fi,+

Na wosisi ɔbarima gye n’agyapade.

 3 Enti nea Yehowa aka ni:

‘Merepɛ mmusu bi de aba abusua yi so,+ na morentumi nguan mfi mu.*+

Morentumi nnantew ahantan so bio,+ efisɛ ɛbɛyɛ amanehunu bere.+

 4 Saa da no, nkurɔfo de mo bebu bɛ,

Na wɔabɔ mo ho bena.+

Wɔbɛka sɛ: “Wɔayɛ yɛn pasaa!+

Wɔama me man kyɛfa akodi nnipa foforo nsam; wɔagye afi me nsam!+

Wɔde yɛn nsaase ama okontomponi.”

 5 Enti worennya obiara a ɔbɛtwe susuhama no mu,

Akyekyɛ asaase no wɔ Yehowa asafo mu.

 6 Wɔka sɛ: “Munnyae asɛm no ka!

Ɛnsɛ sɛ wɔka saa nneɛma yi ho asɛm;

Animguase renka yɛn!”

 7 O Yakob fi, wɔka sɛ:

“Yehowa honhom nni abotare bio anaa?

Eyinom yɛ ne nneyɛe anaa?”

Me nsɛm mfa adepa mmrɛ wɔn a wɔnantew trenee mu no anaa?

 8 Nanso nnansa yi, m’ankasa me nkurɔfo asɔre sɛ ɔtamfo.

Wɔn a wɔde ahotoso retwam, te sɛ wɔn a wofi ɔko reba no,

Muyi ade fɛfɛɛfɛ a ɛka wɔn ntaade ho no.*

 9 Mopam me man mu mmea fi wɔn afi fɛfɛɛfɛ mu;

Na nneɛma akɛse a mede ahyira wɔn no, mugye fi wɔn mma nsam korakora.

10 Sɔre na kɔ, efisɛ ɛha nyɛ baabi a wɔhome.

Esiane ɔbra fĩ* nti,+ ɔsɛe reba, ɔsɛe kɛse.+

11 Sɛ ɔbarima bi di mframa ne nkontompo akyi, na odi atoro sɛ:

“Mɛka nsã* ne nsã a ano yɛ den ho asɛm akyerɛ mo” a,

Ɛnde, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔman yi sɛnkafo!*+

12 O, Yakob, mɛboaboa mo nyinaa ano:

Mɛboaboa Israelfo a aka no nyinaa ano.+

Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nguan a wɔwɔ nguammuw* mu,

Te sɛ nguan a wɔwɔ adidibea;+

Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+

13 Nea obebubu de abɔ kwan no bedi wɔn anim,

Wɔbɛbɔ twi afa ɔkwan no mu; wɔbɛfa pon no mu, na wɔafa mu apue.+

Wɔn hene bedi wɔn kan afa mu,

Na Yehowa bedi wɔn anim.”+

3 Na mekae sɛ: “Mepa mo kyɛw, muntie, Yakob atitiriw

Ne Israel fi atumfo.+

Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ muhu nea ɛteɛ?

 2 Nanso mukyi papa+ na modɔ bɔne;+

Moworɔw me nkurɔfo ho were, na mowae wɔn nnompe ho nam.+

 3 Mowe me nkurɔfo honam nso,+

Na moworɔw wɔn were fi wɔn ho,

Mububu wɔn nnompe mu, na mutwitwa mu nketenkete,+

Te sɛ nnompe a wɔde gu dadesɛn* mu noa, te sɛ nam a egu kwansɛn mu.

 4 Saa bere no, wobesu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,

Nanso ɔremmua wɔn.

Ɔde n’anim behintaw wɔn saa bere no,+

Wɔn nneyɛe bɔne nti.+

 5 Eyi ne asɛm a Yehowa aka atia adiyifo a wodi me nkurɔfo anim ma wɔfom kwan no,+

Wɔn a wonya biribi de wɔn se ka* a,+ wɔka sɛ ‘Asomdwoe!’+

Nanso sɛ obi amfa biribi anhyɛ wɔn anom a, wɔde ɔko tentam no:*

 6 ‘Ade bɛsa mo;+ morennya anisoadehu biara;+

Esum nko ara na ɛbɛba mo so, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro bio.

Owia bɛtɔ wɔ adiyifo no so,

Na adekyee adan sum ama wɔn.+

 7 Adehufo ani bewu,+

Na nkɔmhyɛfo nsa asi fam.

Wɔn nyinaa bɛkata wɔn mfemfem so,*

Efisɛ wɔrennya mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ.’”

 8 Nanso me de, Yehowa honhom ama tumi ayɛ me ma;

Ama atɛntrenee ne akokoduru ayɛ me ma,

Sɛ menka Yakob atuatew nkyerɛ no, na memma Israel nhu ne bɔne.

 9 Mepa mo kyɛw muntie eyi, mo, Yakob fi atitiriw

Ne mo, Israel fi atumfo,+

Mo a mukyi atɛntrenee na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,+

10 Mo a mode mogyahwiegu kyekye Sion na mode amumɔyɛ kyekye Yerusalem.+

11 Emu atitiriw* gye adanmude* bu atɛn,+

Emu asɔfo kyerɛkyerɛ gye akatua,+

Na emu adiyifo hyɛ nkɔm a ɛyɛ atoro gye sika*+

Nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so* ka sɛ:

“Ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho yi?+

Mmusu biara remma yɛn so.”+

12 Mo nti,

Wobefuntum Sion sɛ afusaase,

Yerusalem bɛyɛ abo akuwakuw,+

Na Ofi no bepɔw* no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.+

4 Awiei nna* no mu no,

Yehowa fi bepɔw+

Betim wɔ mmepɔw atifi,

Na wɔbɛma so asen nkoko,

Na amanaman bɛsen yuu akɔ hɔ.+

 2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so,

Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.+

Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,

Na yɛbɛnantew n’akwan so.”

Na Sion na mmara* befi,

Na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.

 3 Obebu atɛn wɔ aman pii mu,+

Na obesiesie nsɛm ama aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri.

Wɔde wɔn mfoa* bɛyɛ nsɔw,

Na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.*+

Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,

Na wɔrensua akodi bio.+

 4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase,+

Na obiara renhunahuna wɔn,+

Efisɛ asafo Yehowa ano na aka.

 5 Na aman no mu biara bɛnantew ne nyame din mu,

Na yɛn de, yɛbɛnantew Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu+ daa daa.

 6 Asɛm a Yehowa aka ni: “Saa da no,

Mɛboaboa wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so no ano,

Na maka wɔn* a wɔahwete no aboa ano,+

Ɛne wɔn a mema wohuu amane no.

 7 Wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so a wɔaka no, mɛkora wɔn so,+

Na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no, mɛyɛ wɔn ɔman kɛse;+

Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Sion Bepɔw so,

Fi nnɛ kosi daa.

 8 Na wo, O aban a wogyina so bɔ nguan ho ban,

Sion babea bepɔw ketewa,+

Wo nkyɛn na ɛbɛba, yiw, wo nkyɛn na tumidi a edi kan* no bɛba,+

Ahenni a ɛyɛ Yerusalem babea de no.+

 9 Adɛn nti na woreteɛteɛm denneennen saa?

Adɛn, wunni ɔhene biara,

Anaa nea otu wo fo awu,

Ma enti wote yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo?+

10 O Sion babea, bu fa so na pene

Te sɛ ɔbea a ɔrewo,

Efisɛ seesei wubefi kurow mu akɔtena wuram.

Wobɛkɔ ara akodu Babilon.+

Na ɛhɔ na wobegye wo;+

Ɛhɔ na Yehowa bɛtɔ wo afi w’atamfo nsam.+

11 Afei aman pii bɛboa wɔn ho ano aba wo so;

Wɔbɛka sɛ, ‘Ma ne ho ngu fĩ,

Na ma yɛmfa yɛn ani nhu sɛ eyi ato Sion.’

12 Nanso wonnim Yehowa adwene,

Na wonnim ne tirim asɛm;*

Efisɛ ɔbɛboaboa wɔn ano te sɛ hwiit* a wɔatwa no foforo aboa ano akuwakuw agu awiporowbea.

13 O Sion babea, sɔre na porow;+

Na mɛma wo mmɛn adan dade,

Na wo nan adan kɔbere,

Na wobɛyam aman pii.

Wubehyira wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa,+

Na woahyira wɔn ahode so ama nokware Awurade a odi asaase nyinaa so no.”+

5 “Afei wode ade retwitwa wo ho,

O ɔbabea a atamfo atow ahyɛ no so;

Wɔatwa yɛn ho ahyia.+

Wɔde abaa hwe Israel temmufo no asom.+

 2 Na wo, Betlehem Efrata,+

Wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo aka Yuda mpempem* ho,

Wo mu na obi befi abɛyɛ Israel hene ama me.+

Ɔno na n’ase fi teteete, tete mmere no.

 3 Enti obeyi wɔn ama

Akosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo.

Na ne nuanom a aka no bɛsan abɛka Israelfo ho.

 4 Ɔbɛsɔre agyina na ɔde Yehowa ahoɔden ayɛn wɔn+

Wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn din kɛse no mu.

Na wɔbɛtena hɔ dwoodwoo,+

Na afei n’ahenni* bedu asaase ano.+

 5 Na ɔde asomdwoe bɛba.+

Na sɛ Asiria tow hyɛ yɛn asaase so na otiatia yɛn abannennen so a,+

Yɛbɛpaw nguanhwɛfo baason, nnipa mu abirɛmpɔn* baawɔtwe, na wɔne no adi asi.

 6 Wɔde sekan bɛyɛn Asiria asaase+

Ne Nimrod asaase+ wɔ n’apon ano.

Na sɛ Asiria tow hyɛ yɛn asaase so, na ne nan tia yɛn hye so a,

Obegye yɛn afi ne nsam.+

 7 Yakob nkaefo no bɛtena aman bebree mu

Te sɛ obosu a efi Yehowa nkyɛn,

Te sɛ osu a egugu afifide so

A ɛmfa n’ani nto onipa so

Na ɛntwɛn nnipa mma.

 8 Yakob nkaefo no bɛtena aman bebree mu,

Wɔ amanaman bebree mfinimfini,

Te sɛ gyata a ɔwɔ kwae mu mmoa mu,

Te sɛ gyata* a ne ho yɛ den a ɔwɔ nguankuw mu.

Ɔfa wɔn mu, na ɔtow hyɛ wɔn so tetew wɔn mu;

Na obiara nni hɔ a obegye wɔn.

 9 Wobɛma wo nsa so wɔ w’atamfo so,

Na wɔbɛsɛe w’atamfo nyinaa.”

10 Yehowa aka sɛ, “Saa da no,

Mekunkum w’apɔnkɔ afi wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam.

11 Mɛsɛe w’asaase so nkurow,

Na madwiriw wo nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa agu.

12 Mɛma asumansɛm a wudi no aba awiei,*

Na obiara a oyi nkonyaa rentena wo mu.+

13 Mɛsɛe w’ahoni ne w’abosom adum afi wo mu,

Na worenkotow wo nsa ano adwuma bio.+

14 Metutu w’abosonnua* agu,+

Na masɛe wo nkurow.

15 Mede abufuw ne abufuhyew bɛtwe

Aman a wɔanyɛ osetie no aso.”

6 Mepa mo kyɛw, muntie nea Yehowa reka.

Monsɔre, na monka mo asɛm wɔ mmepɔw anim,

Na nkoko nte mo nne.+

 2 O mmepɔw, muntie Yehowa asɛm,*

Asaase nnyinaso a etim hɔ, muntie,+

Efisɛ Yehowa ne ne nkurɔfo anya asɛm;

Israel na ɔne no bedi asɛm:+

 3 “Me man, dɛn na mede ayɛ wo?

Na dɛn na mede ayɛ wo a ama woabrɛ?+

Ka ma obiara nte.*

 4 Hwɛ, me na miyii wo fii Egypt asaase so;+

Migyee wo fii nkoafi.+

Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.+

 5 Me man, mepa wo kyɛw, kae nea Moab hene Balak bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛyɛ no,+

Ɛne mmuae a Beor ba Baalam de maa no no,+

Nea esii fi Sitim+ kosi Gilgal+ no,

Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu Yehowa trenee nnwuma.”

 6 Dɛn na memfa mmra Yehowa anim?

Dɛn na memfa mmɛkotow Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?

Memmɛbɔ ɔhyew afɔre mma no?

Anaa memfa anantwi mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+

 7 Yehowa ani bɛsɔ adwennini mpempem,

Ne ngo asuten mpem du du anaa?+

Memfa me babarima a ɔyɛ m’abakan mmetua m’atuatew ka?

Anaa memfa aba a efi me mu* mmɛpata me* bɔne?+

 8 O onipa, waka nea eye akyerɛ wo.

Na dɛn na Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ?

Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee,*+ na woama nokwaredi ada wo koma so,*+

Na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew!+

 9 Yehowa nne refrɛ kurow no;

Wɔn a wonim nyansa besuro wo din.

Muntie abaa no ne nea ɔde abaa no bae no.+

10 Agyapade a wɔbɔɔ apoo nyae no, ebi da so wɔ abɔnefo fi anaa?

Na efa susude* a wɔabɔ to a ɛyɛ abusude nso ɛ?

11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfo a, m’abrabɔ ho bɛtew* anaa?

Na mewɔ kotoku a nsisi nkaribo wom nso a, m’abrabɔ ho bɛtew anaa?+

12 Awudisɛm ahyɛ kurow no mu asikafo ma,

Na emufo ka atosɛm;+

Wɔn tɛkrɛma a ɛda wɔn anom no, nnaadaa ayɛ no ma.+

13 “Enti, mɛbɔ wo apira wo,+

Na wo bɔne nti, mɛma woadan amamfo.*

14 Wubedidi, nanso woremmee;

Na wo yafunu bɛda mpan.+

Wobɛtwe wo nneɛma, nanso worentumi nkora so,

Na nea wobɛkora so mpo, mede bɛma sekan.

15 Wubedua aba, nanso worentwa.

Wubekyi ngodua aba mu,* nanso worentumi mfa ngo no nyɛ hwee;

Wobɛyɛ bobesa foforo, nanso worennya bobesa biara nnom.+

16 Efisɛ Omri ahyɛde ne Ahab fi nnwuma nyinaa, mudi akyi,+

Na wɔn afotu na mode nantew.

Ɛno nti, mɛma wo ho ayɛ tan,

Na obiara a obehu kurow no mufo no bɛbɔ hwirema;+

Na amanaman no fɛwdi a wɔde bɛba mo so no, mobɛsoa.”+

7 Asɛm ato me! Mayɛ sɛ obi a

Watetew ahohuru bere mu nnuaba,

Na wasesaw bobe ase nkae,

Nanso minnya bobe a medi,

Na borɔdɔma a edi kan a me* kɔn dɔ mpo abɔ me.

 2 Ɔnokwafo ayera afi asaase so;

Obiara nni hɔ a ɔteɛ wɔ nnipa mu.+

Wɔn nyinaa tetɛw sɛ wobehwie mogya agu.+

Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.

 3 Wɔn nsa nim bɔne di paa;+

Ɔpanyin bisa biribi,

Ɔtemmufo bisa akatua,+

Otitiriw ka nea ne kɔn dɔ,*+

Na wɔka wɔn ti pam ho bɔ pɔw.*

 4 Wɔn mu nipa a oye paa no te sɛ nsɔe,

Nsɔe a wɔde agye ban mpo, eye sen wɔn mu nea ɔteɛ paa.

Ɛda a w’awɛmfo kaa ho asɛm ne bere a wubebu akontaa no bɛba.+

Afei wɔn ho bɛpopo.+

 5 Munnnye mo nnamfo nnni,

Na mommfa mo werɛ nnhyɛ ɔyɔnko berɛbo mu.+

Nea ɔda wo kokom mpo, hwɛ w’ano yiye wɔ ne ho.

 6 Efisɛ ɔbabarima bu ne papa animtiaa,

Ɔbabea sɔre tia ne maame,+

Na ɔbea warefo sɔre tia n’asebea;+

Onipa fifo na wɔyɛ n’atamfo.+

 7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no kwan.+

Mede ntoboase bɛtwɛn* me nkwagye Nyankopɔn no.+

Me Nyankopɔn betie me.+

 8 Me tamfo,* nni me ho ahurusi.

Mahwe ase de, nanso mɛsɔre;

Mete sum mu de, nanso Yehowa bɛyɛ me hann.

 9 Mɛsoa Yehowa abufuw,

Efisɛ mayɛ no bɔne.+

Mɛsoa akosi sɛ obedi m’asɛm ama me na wabu atɛntrenee ama me.

Ɔde me bɛba hann mu,

Na mehu ne trenee.

10 Me tamfo no nso behu,

Na aniwu pɔtɔɔ bɛka nea obisaa me sɛ,

“Wo Nyankopɔn Yehowa no wɔ he?”+ no.

Mede m’ani bɛhwɛ no.

Afei wobetiatia no so te sɛ kwan so atɛkyɛ.

11 Ɛbɛyɛ da a wɔbɛto w’abo afasu;

Saa da no, wɔbɛtrɛw ɔhye no mu.*

12 Saa da no, wɔbɛba wo nkyɛn.

Wobefi Asiria ne Egypt nkurow mu tɔnn na aba.

Efi Egypt kosi Asubɔnten no* ho tɔnn na wobefi aba.

Efi ɛpo kosi ɛpo, ne bepɔw kosi bepɔw; wobefi hɔ nyinaa aba.+

13 Na asaase no sofo nti, asaase no bɛdan amamfo.

Wɔn nneyɛe nti,* ɛbɛdan amamfo.

14 Fa wo poma yɛn wo man, wo nguan a wɔyɛ w’agyapade no,+

Wɔn a na wɔn nko ara te kwae mu, wɔ turo mfinimfini no.

Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete mmere no mu.

15 “Sɛnea meyɛe bere a worefi Egypt asaase so no,

Mɛma wahu anwonwade.+

16 Aman behu, na wɔn ahoɔden nyinaa akyi, wɔn ani bewu.+

Wɔde wɔn nsa bɛto wɔn ano;

Wɔn aso besiw.

17 Wɔbɛtaforo dɔte te sɛ ɔwɔ;+

Wɔde ahopopo bepue afi wɔn abannennen mu aba te sɛ asaase so mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.

Wɔde ehu bɛba Yehowa yɛn Nyankopɔn anim,

Na wobesuro wo.”+

18 Hena na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,

Nea ɔde mfomso kyɛ na oyi n’ani fi n’agyapade a aka no mmarato so?+

Ɔrenkura n’abufuw mu daa,

Efisɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ nkurɔfo.+

19 Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ;+ obedi yɛn mfomso so nkonim.*

Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn.+

20 Wubedi Yakob nokware,

Na woada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ Abraham,

Sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam fi tete mmere no.+

Ɛyɛ edin Mikael (ɛkyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”) anaa Mikaia (ɛkyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Yehowa?”) a wɔatwa no tiaa.

Anaa “asaasetraa.”

Anaa “abo akuwakuw wɔ wuram.”

Nt., “Mehwie.”

Anaa “ne tuutuusi akatua nyinaa.”

Anaa “Afra fi.”

Nt., “Ɔbea a wote.”

Nt., “Ɔbea a wote.”

Nt., “ɔbea a wote.”

Nt., “ɔbea a wote.”

Anaa “ntetewmu.”

Nt., “ɔbea a wote.”

Hebri asɛmfua no tumi kyerɛ ɔkɔre nso.

Nt., “morentumi nyi mfi mo kɔn mu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ade fɛfɛ a ɛbobɔ wɔn ntaade mu no.”

Anaa “afide.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “nkɔmhyɛni!”

Anaa “nguannan.”

Anaa “dadesɛn a ano so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sɛ wonya biribi we.”

Nt., “wohyira ɔko wɔ no so.”

Anaa “bɛkata wɔn ano.”

Nt., “eti.”

Anaa “braeb.”

Anaa “dwetɛ.”

Anaa “wɔka sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so.”

Anaa “asɔrefi no bepɔw.”

Anaa “Awiei mmere.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “asekan a wɔde kɔ ɔko.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Nt., “ɔbea no.”

Nt., “ɔbea no.”

Nt., “ɔbea no.”

Anaa “wo nkyɛn na kan tumidi.”

Anaa “n’atirimpɔw; n’agyinatu.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “mmusua.”

Anaa “ne kɛseyɛ.”

Anaa “akannifo.”

Anaa “gyatanini.”

Nt., “metu afi wo nsam.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asɛm wɔ asɛnnibea; nkurobɔ.”

Anaa “Di adanse tia me.”

Anaa “aba a efi me nipadua mu.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wubebu atɛntrenee; wubedi nokware.”

Anaa “woafi ayamye ne nokwaredi mu adɔ afoforo.” Nt., “wobɛdɔ ɔdɔ a enni huammɔ.”

Hwɛ Nkh. B14.

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Anaa “medi bem.”

Anaa “mɛsɛe wo.”

Anaa “Wobɛboro ngodua aba.”

Anaa “me kra.”

Anaa “ne kra kɔn dɔ.”

Nt., “wɔbom nwene.”

Anaa “Mede ɔtwɛn honhom bɛtwɛn.”

Hebri mu no, asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa “tamfo” no kyerɛ sɛ ɔbea ho asɛm na wɔreka.

Ebetumi nso akyerɛ, “asɛm no bɛwɔ akyirikyiri.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “Esiane wɔn nneyɛe so aba no nti.”

Anaa “obetiatia yɛn mfomso so; ɔbɛbrɛ yɛn mfomso ase.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena