Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Sefania 1:1-3:20
  • Sefania

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sefania
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Sefania

SEFANIA

1 Yehowa asɛm baa Sefania* a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba no nkyɛn. Ɛbaa ne nkyɛn wɔ Amon ba+ Yosia+ a ɔyɛ Yuda hene no bere so. Asɛm no ni:

 2 “Mɛpra biribiara afi asaase so akɔ; ɛrenka hwee wɔ so,” Yehowa asɛm ni.+

 3 “Mɛpra onipa ne aboa akɔ.

Mɛpra wim nnomaa ne po mu mpataa,+

Ne hintidua*+ ne abɔnefo nyinaa akɔ.

Na mɛpra nnipa afi asaase so,” Yehowa asɛm ni.

 4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda so,

Ne Yerusalemfo nyinaa so,

Na mɛpra Baal ho biribiara afi ha,+

Na wɔrenkae akɔmfo* ne asɔfo no din bio.+

 5 Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkotow ɔsoro asafo no akɔ.+

Na wɔn a wɔkotow Yehowa na wɔka no ntam,+

A wotwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;

 6 Mɛpra wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no akɔ,+

Ne wɔn a wɔnhwehwɛ Yehowa, ne wɔn a wɔnhwehwɛ n’akwankyerɛ nyinaa.”+

 7 Monyɛ komm wɔ Awurade Tumfo Yehowa anim, efisɛ Yehowa da no abɛn.+

Yehowa asiesie afɔre, na watew wɔn a wafrɛ wɔn no ho.

 8 “Sɛ da a Yehowa bɛbɔ afɔre no du a, mɛtwe adehye aso,

Na matwe ahemfo mma+ ne wɔn a wɔhyɛ ahɔho ntaade nyinaa aso.

 9 Saa da no, mɛtwe obiara a ɔforo bamma* aso,

Na matwe wɔn a wɔde basabasayɛ ne nnaadaasɛm hyɛ wɔn wuranom afi ma no aso.

10 Saa da no,” Yehowa asɛm ni,

“Wɔbɛte osũ denneennen wɔ Mpataa Pon no ano,+

Na wɔbɛte osũ ne nteɛteɛm wɔ kurow no Fã a Ɛto So Abien no mu,+

Na wɔbɛte ɔsɛe kɛse wɔ nkoko no so.

11 Maktesfo,* munsu nteɛteɛm,

Efisɛ wɔakunkum aguadifo no nyinaa,*

Na wɔasɛe wɔn a wɔkari dwetɛ no nyinaa.

12 Saa bere no, mɛtɔ me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kurow no mu.

Na wɔn a wogye wɔn ho di* a wɔka wɔ wɔn komam sɛ,

‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso.

13 Nkurɔfo bɛfom wɔn ahonyade, na wɔn afi bɛsɛe pasaa.+

Wobesisi adan, nanso wɔrentena mu;

Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw,* nanso wɔrennya emu nsã nnom.+

14 Yehowa da kɛse no abɛn!+

Abɛn, na ɛde mmirika reba!*+

Yehowa da no nnyigyei yɛ hu sɛ.+

Ɛhɔ na ɔsabarima bɛteɛteɛm.+

15 Saa da no yɛ abufuhyew da,+

Amanehunu ne ahoyeraw da,+

Mframa kɛse ne ɔsɛe pasaa da,

Esum ne kusuu da,+

Omununkum ne esum kabii da,+

16 Abɛn ne ɔko nteɛm da,+

Na ɛbɛba nkurow a wɔabɔ ho ban ne ntwea so aban atenten so.+

17 Mɛma nnipa ho ayeraw wɔn,

Na wɔanantew sɛ anifuraefo,+

Efisɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne.+

Na wobehwie wɔn mogya agu te sɛ mfuturu,

Na wɔn honam* ayɛ sɛ tiafi.+

18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no;+

Na n’ani a abere sɛ ogya no bɛma asaase no nyinaa ahyew,+

Efisɛ ɔde ɔsɛe kɛse bɛba; ɔsɛe a ɛyɛ hu paa na ɔde bekunkum wɔn a wɔtete asaase so nyinaa.”+

2 Monka mo ho mmoa ano, yiw, monka mo ho mmom,+

Ɔman a mo ani nwu ade.+

 2 Atemmu a wɔahyɛ ato hɔ no nnya mmae yi,

Ɛda no nnya ntwaam sɛ ntɛtɛwa yi,

Yehowa abufuhyew nnya mmaa mo so yi,+

Yehowa abufuw da no nnya mmaa mo so yi,

 3 Monhwehwɛ Yehowa,+ asaase sofo a mobrɛ mo ho ase* nyinaa,

A mudi n’ahyɛde* a ɛteɛ so no.

Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase.*

Ebia wɔbɛbɔ mo ho ban,* Yehowa abufuw da no.+

 4 Efisɛ wobegyaw Gasa kurow no ato hɔ,

Na wɔbɛsɛe Askelon pasaa.+

Wɔbɛpam Asdod awia ketee,

Na wɔatu Ekron ase.+

 5 “Mo a motete mpoano, Keretifo man, asɛm ato mo!+

Yehowa ne mo wɔ asɛm.

O Kaanan, Filistifo asaase, mɛsɛe wo,

Na obiara renka.

6 Mpoano asaase no bɛdan mmoa adidibea,

Baabi a nguanhwɛfo mmura wɔ, baabi a wɔde abo ayɛ nguammuw.

 7 Na ɛbɛyɛ Yudafo a aka no asaase,+

Na ɛhɔ na wobedidi.

Wɔbɛdeda Askelon afi mu anwummere.

Na Yehowa wɔn Nyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ wɔn,

Na ɔbɛboaboa wɔn nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano, na ɔde wɔn asan aba.”+

 8 “Mate Moab animtiaabu+ ne Ammonfo adapaatwa no.+

Wɔyeyaw me man, na wɔde ahantan ka sɛ wobegye me man asaase.+

 9 Enti mete ase yi de,” asafo Yehowa Israel Nyankopɔn no asɛm ni,

“Moab bɛyɛ sɛ Sodom,+

Na Ammon ayɛ sɛ Gomora.+

Ɛbɛyɛ nsasono asaase, ne nkyene amoa, na ɛbɛsɛe a obiara rentena hɔ bio da.+

Na me nkurɔfo a aka no bɛfom wɔn nneɛma,

Na me manfo a aka no begye wɔn asaase afi wɔn nsam.

10 Wɔn ahantan nti na eyinom nyinaa bɛto wɔn,+

Efisɛ wɔyeyaw asafo Yehowa man, na wɔmomaa wɔn ho so kyerɛɛ wɔn.

11 Yehowa ho bɛyɛ wɔn nwonwa,*

Efisɛ ɔbɛbrɛ asaase so anyame nyinaa ase,*

Na nsuano aman a ɛyɛ amanaman no de nyinaa bɛkotow* no,+

Obiara befi baabi a ɔwɔ aba.

12 Mo, Etiopiafo nso, mede me sekan bekunkum mo.+

13 Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ atifi fam na wasɛe Asiria.

Ɔbɛma Niniwe asɛe pasaa,+ na ɛhɔ bɛwo wosee sɛ sare so.

14 Mmoa nyinaa, wura mu mmoa nyinaa bi bɛba abɛda hɔ.

Na nsu so dabodabo ne kɔtɔkɔ bɛdeda n’adum* so anadwo.

Wɔbɛte nnomaa su* wɔ mfɛnsere mu.

N’apongua bɛsɛe,

Na ɔbɛma sida nnua a wɔde ayɛ ɔdan no mu no ho ada hɔ.

15 Ahantan kurow a na ne ho adwo no no ni,

Kurow yi na na ɛka wɔ ne komam sɛ, ‘Mene no; m’akyi no, obiara nni hɔ bio.’

Hwɛ sɛnea ɛnnɛ wadan biribi huhuuhu,

Baabi a wuram mmoa bɛda!

Obiara a obetwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ,* na ɔbɛpoma twɛre.”+

3 Kurow tuatewfo, kurow a ne ho agu fĩ, kurow a ɔyɛ nhyɛso, asɛm ato wo!+

 2 Wantie obiara asɛm,+ na wantie kasakyerɛ.*+

Wamfa ne ho anto Yehowa so;+ wammɛn ne Nyankopɔn.+

 3 Ne mpanyimfo a wɔwɔ ne mu yɛ agyata a wɔbobom.+

N’atemmufo yɛ anadwo mpataku.

Wɔwe biribiara; dompe mpo, wonnyaw bi mma ade nkye so.

 4 N’adiyifo yɛ dwae,* na nnaadaa ayɛ wɔn ma.+

N’asɔfo gu nneɛma kronkron ho fĩ;+

Wɔmfa mmara no nyɛ hwee.+

 5 Yehowa yɛ ɔtreneeni wɔ kurow no mu;+ ɔnyɛ bɔne.

Anɔpa biara ɔma wohu n’atemmu.+

Ɛte sɛ adekyee; enni huammɔ.

Nanso ɔbɔnefo nnim aniwu.+

 6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so abantenten yɛɛ pasaa.

Mesɛee wɔn akwan, na obiara amfa so.

Wɔn nkurow asɛe pasaa; obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+

 7 Mekae sɛ, ‘Sɛnea ɛte biara, wubesuro me na woatie kasakyerɛ,’*+

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe ne tenabea.+

Mɛtwe n’aso wɔ nea wayɛ nyinaa ho.*

Nanso afei koraa na na wɔn ani abere redi bɔne.+

 8 ‘Enti momfa ntoboase ntwɛn me,’*+ Yehowa asɛm ni,

Nkosi sɛ mɛsɔre abɛsesaw nneɛma a wɔanya afi ɔko mu,*

Efisɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom, na maboaboa ahenni nyinaa ano.

Na mehwie m’abufuw, m’abufuhyew nyinaa agu wɔn so.+

Na m’ani a abere sɛ ogya no bɛma asaase no nyinaa ahyew.+

 9 Afei mɛsesa aman no kasa ama wɔaka kasa kronkron bi,*

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din,

Na ama wɔde baakoyɛ asom no.’*+

10 Na wɔn a wɔrepa me kyɛw, me nkurɔfo a wɔabɔ wɔn ahwete no babea no

De akyɛde befi Etiopia nsubɔnten ho abrɛ me.+

11 Saa da no, nneɛma a woyɛ de tew me so atua no,+

W’ani renwu wɔ ho bio.

Efisɛ meyi ahantanfo a wɔhoahoa wɔn ho no afi wo mu,

Na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔw kronkron no so.+

12 Mɛma ahobrɛasefo ne mmɔborɔwafo aka wɔ wo mu,+

Na wɔde Yehowa din bɛyɛ wɔn guankɔbea.

13 Israelfo a wɔbɛka no+ renyɛ adebɔne;+

Wɔrenni atoro, na wɔrennaadaa nkurɔfo;*

Wobedidi na wɔadwudwo wɔn ho, na obiara renhunahuna wɔn.”+

14 O Sion babea, di ahurusi!

O Israel, bɔ ose!+

O Yerusalem babea, ma w’ani nnye na fi wo koma mu nyinaa di ahurusi!+

15 Yehowa ayi atemmu a etia wo no afi hɔ.+

Wama wo tamfo asan n’akyi.+

Israel hene Yehowa ka wo ho.+

Worensuro amanehunu biara bio.+

16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:

“O Sion, nsuro.+

Na mma w’aba mu mmmu.*

17 Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+

Ɔyɛ Otumfo, na obegye nkwa.

N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+

Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm.*

Na wo nti, ɔde anigye bɛbɔ ose.

18 Wɔn a wonni w’afahyɛ ase nti wɔredi awerɛhow no, mɛboaboa wɔn ano;+

Wɔnka wo ho, efisɛ n’animguase da wɔn so.+

19 Hwɛ! Saa bere no, wɔn a wɔhyɛ wo so nyinaa, me ne wɔn bedi.+

Megye nea ɔtɔ gu so no,+

Na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano.+

Na mɛma nkurɔfo ayi wɔn ayɛ na wɔagye din

Wɔ asaase a wɔn anim guu ase wɔ so no nyinaa so.

20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a,

Saa bere no na mede mo bɛba.

Na sɛ meboaboa mo nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano de wɔn brɛ mo a,

Mɛma moagye din, na nkurɔfo ayi mo ayɛ+ wɔ asaase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+

Nea ɛkyerɛ ne “Yehowa De Asie (Wɔde Ahintaw).”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abosonsom ho nneɛma.

Anaa “anyame foforo asɔfo.”

Anaa “pato.” Ebetumi akyerɛ baabi a ɔhene agua si.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Yerusalem kurow no fã a ɛbɛn Mpataa Pon no.

Anaa “wɔama aguadifo no nyinaa ayɛ komm.”

Nt., “wɔn a wɔte sɛ nsã a ada ase.”

Anaa “bobe nturo.”

Anaa “ɛde mmirikatɛntɛ reba!”

Nt., “nsono.”

Anaa “mudwo.”

Nt., “n’atemmu.”

Anaa “odwo.”

Anaa “wɔbɛkora mo so.”

Anaa “bɛyɛ wɔn hu.”

Anaa “ɔbɛma asaase so anyame nyinaa afonfɔn.”

Anaa “bɛsom.”

Anaa “n’adum ntaaso.”

Anaa “wura mu mmoa su; mframa a ɛreyɛ dede.”

Nt., “Obiara a obetwam wɔ hɔ no bɛhwɛ abɔ hwirema.”

Anaa “nteɛso.”

Anaa “N’adiyifo mmu hwee.”

Anaa “woagye nteɛso.”

Anaa “Mɛma wabu nea wayɛ nyinaa ho akontaa.”

Anaa “nhwɛ me kwan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Nkosi sɛ mɛsɔre sɛ ɔdansefo.”

Anaa “kasa bi a wɔmfraa mu.”

Anaa “mmati koro asom no.”

Anaa “wɔrenhu nnaadaa tɛkrɛma wɔ wɔn anom.”

Anaa “mma wo nsam nngow.”

Anaa “ne koma bɛtɔ ne yam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena