Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Galatifo 1:1-6:18
  • Galatifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Galatifo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Galatifo

ƆDE KƆMAA GALATIFO

1 Me Paul na merekyerɛw krataa yi. Meyɛ ɔsomafo, nanso ɛnyɛ nnipa na wɔpaw me na ɛnnam onipa bi so, na mmom Yesu Kristo+ ne Agya Onyankopɔn+ a onyan no fii awufo mu no na wɔpaw me; 2 me ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de krataa yi rekɔma Galatia asafo ahorow:

3 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo. 4 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae+ na ama wagye yɛn afi wiase bɔne* a ɛwɔ hɔ seesei yi mu,+ efisɛ saa na yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no pɛ;+ 5 ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

6 Nea ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no, ɛyɛ me nwonwa sɛ moretwe mo ho* ntɛm saa afi ne ho akɔ asɛmpa foforo ho.+ 7 Nanso ɛnyɛ sɛ asɛmpa foforo bi wɔ hɔ; ɛno ara ne sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔrehaw mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔkyea Kristo asɛmpa no. 8 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no akyi no, sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo a, onnue. 9 Sɛnea yɛadi kan aka no, meresan aka bio sɛ, asɛmpa a moagye atom yi akyi no, sɛ obi bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo a, onnue.

10 Enti nnipa na seesei mepɛ sɛ wogye me tom anaa Onyankopɔn? Mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so sɔ nnipa ani a, anka menyɛ Kristo akoa. 11 Anuanom, merema moahu sɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no, emfi nnipa hɔ;+ 12 nea ɛte ne sɛ, mannya no nnipa nkyɛn, na ɛnyɛ obi nso na ɔkyerɛkyerɛɛ me; Kristo mmom na oyii no adi kyerɛɛ me.

13 Ɛnyɛ dɛn ara a, moate me kan abrabɔ a na mewom wɔ Yudasom mu no;+ ɛne sɛ, mituu m’ani sii Onyankopɔn asafo no so* denneennen,* na midii wɔn bɔne kɛse.+ 14 M’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no, mekɔɔ m’anim wɔ Yudasom mu sen wɔn mu pii, na mebɔɔ m’agyanom amammerɛ ho mmɔden kyɛn so koraa.+ 15 Nanso bere a Onyankopɔn a ɔmaa me maame woo me,* na ɔnam n’adom so frɛɛ me+ no hui sɛ eye 16 sɛ ɔfa me so yi ne Ba no adi na meka ne ho asɛmpa kyerɛ amanaman no,+ me ne onipa dasani* biara antu agyina saa bere no. 17 Saa ara nso na mankɔ wɔn a wɔbɛyɛɛ asomafo ansa na merebɛyɛ bi no nkyɛn wɔ Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan baa Damasko bio.+

18 Afei mfe abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem+ kɔsraa Kefa,*+ na midii nnafua 15 wɔ ne nkyɛn. 19 Nanso manhu asomafo a aka no mu biara, gye Awurade nua Yakobo.+ 20 Seesei nea merekyerɛw mo yi, metumi agyina Onyankopɔn anim aka sɛ ɛnyɛ atoro na meredi.

21 Ɛno akyi no, mekɔɔ Siria ne Kilikia amantam mu.+ 22 Nanso na Kristo asafo ahorow a ɛwɔ Yudea no nhuu m’anim da. 23 Nea na wɔate ara ne sɛ: “Onipa a bere bi na ɔtan yɛn ani no,+ afei de, ɔka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no+ no ho asɛmpa.” 24 Na me nti wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

2 Ɛno akyi mfe 14 no, mesan ne Barnaba kɔɔ Yerusalem,+ na mefaa Tito nso kaa me ho.+ 2 Minyaa oyikyerɛ sɛ menkɔ hɔ nti na mekɔe, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no ho asɛm too mpanyimfo a anuanom bu wɔn no nkutoo anim, efisɛ na mempɛ sɛ mmirika a matu anaa meretu no yɛ ɔkwa. 3 Tito+ a na ɔka me ho no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia,*+ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Greeceni no. 4 Nea ɛkɔfaa asɛm no bae ne anuanom atorofo a wɔayɛ kodɛɛ aba asafo no mu;+ wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛsɛe ahofadi+ a Kristo Yesu nti yɛwɔ no, na wɔde yɛn ayɛ nkoa koraa.+ 5 Nea ɛbɛyɛ a mobɛtena asɛmpa no ho nokware no mu nti, yɛangow yɛn ho amma saa nnipa no;+ yɛangow yɛn ho kakraa bi* mpo.

6 Anuanom a wobu wɔn no de,+ sɛnea bere bi na wɔte no, ɛnyɛ ɛno na ehia me, efisɛ ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nnipa ani so na Onyankopɔn hwɛ. Nea ɛwom ne sɛ, saa anuanom a wodi nneɛma anim yi ankyerɛ me biribi foforo biara. 7 Mmom wobehui sɛ wɔde ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wontwaa twetia+ sɛnea wɔde asɛmpa no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn a wɔatwa twetia no. 8 Nea ɔmaa Petro tumi a ɔde yɛɛ asomafo adwuma maa wɔn a wɔatwa twetia no, ɔno ara na ɔmaa me nso tumi a mede reyɛ adwuma wɔ amanaman mufo mu.+ 9 Enti bere a Yakobo+ ne Kefa* ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum no huu adom a wɔde adom me+ no, wokyiaa me ne Barnaba+ nsam penee so* sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu, na wɔn nso nkɔ wɔn a wɔatwa twetia no mu. 10 Ade a wɔsrɛe ara ne sɛ yɛnkae ahiafo bere nyinaa, na mabɔ mmɔden paa nso de ayɛ adwuma.+

11 Nanso, bere bi a Kefa*+ baa Antiokia+ no, meka sii n’anim sɛ wayɛ biribi a ɛmfa kwan mu.* 12 Nea ɛbae ne sɛ, ansa na nnipa bi a wofi Yakobo+ hɔ reba no, na ɔne amanaman mufo didi,+ nanso bere a wɔbae no, esiane sɛ na osuro wɔn a wɔatwa twetia no+ nti, ogyaee, na ɔtwee ne ho fii amanaman mufo no ho. 13 Yudafo a wɔaka no nso kɔkaa ne ho wɔ ne nyaatwom no mu, na Barnaba mpo kodii wɔn nyaatwom no akyi. 14 Nanso bere a mihui sɛ wɔamfa asɛmpa no ho nokware anyɛ adwuma no,+ meka kyerɛɛ Kefa* wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Wo a woyɛ Yudani no, sɛ woanyɛ w’ade sɛ Yudani na mmom wobɔ wo bra sɛ amanaman muni a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufo sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛ Yudafo?”+

15 Yɛn a yefi awo mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ nnebɔneyɛfo a wofi amanaman mu no, 16 yenim sɛ ɛnyɛ mmara nnwuma na ebu onipa bem, na mmom Yesu Kristo+ mu gyidi+ nkutoo na ebu obi bem. Enti yɛagye Kristo Yesu adi, na ama wɔafa Kristo mu gyidi so abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma, efisɛ ɛkaa mmara nnwuma nko a, anka wɔremmu obiara* bem.+ 17 Afei sɛ yɛn nso wobu yɛn sɛ abɔnefo a ehia sɛ wɔfa Kristo so bu yɛn bem a, ɛno kyerɛ sɛ Kristo yɛ ɔsomfo a ɔboa bɔne anaa? Daabida! 18 Sɛ mesan si nea bere bi midwiriw gui no a, ɛno kyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo. 19 Esiane sɛ midii mmara no so nti, made me ho afi mmara no ho,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu. 20 Wɔabɔ me ne Kristo nyinaa asɛndua mu.+ Ɛnyɛ me na mete ase bio,+ na mmom ɛyɛ Kristo na ɔte me mu. Ampa, te a mete ase ɔhonam mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no mu gyidi mu;+ ɔno na ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.+ 21 Onyankopɔn adom+ de, merempo,* efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnde anka Kristo awu kwa.+

3 O Galatifo a munni ntease, mo a wɔma muhuu pefee sɛ wɔabɔ Yesu Kristo asɛndua mu+ no, hena na ogyigyee mo kɔɔ bɔne mu saa?+ 2 Ade baako a mepɛ sɛ mibisa mo* ne sɛ: Honhom a munyae no, monam mmara nnwuma so na enyae, anaasɛ monam asɛm a mutiei na mugye dii no so na enyae?+ 3 Enti munni ntease koraa saa? Mfiase no, momaa honhom no kyerɛɛ mo kwan;* afei de ɔhonam na mode rewie anaa?+ 4 Amane bebrebe a muhui no, mfaso biara amma so anaa? Minnye nni sɛ mfaso biara amma so. 5 Ɛnde nea ɔma munya honhom, na ɔyɛ anwonwade+ wɔ mo mu no, mmara nnwuma a moyɛ nti na ɔyɛ saa anaasɛ asɛm a motee na mugye dii no ntia? 6 Saa ara na Abraham “gyee Yehowa* dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+

7 Munim paa sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi no, wɔn na wɔyɛ Abraham mma.+ 8 Afei esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no ka too hɔ sɛ ɛnam gyidi so na Onyankopɔn bebu amanaman mufo bem nti, Onyankopɔn dii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Aman nyinaa nam wo so benya nhyira.”+ 9 Enti wɔn a wɔwɔ gyidi no, wɔne Abraham a onyaa gyidi no+ nyinaa nya nhyira.

10 Wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma so nyinaa hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Nnome nka obiara a ɔmfa nea wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu nyinaa nyɛ adwuma na onni so daa.”+ 11 Afei nso, ɛda adi pefee sɛ ɛkaa mmara nko a, anka wɔremmu obiara sɛ ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim,+ efisɛ “ɔtreneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa.”+ 12 Mmara no nnyina gyidi so, na mmom “obiara a odi so no nam so benya nkwa.”+ 13 Kristo tɔɔ yɛn+ gyee yɛn+ fii Mmara nnome ase, na osii yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Obiara a wɔasɛn no dua so no, nnome wɔ no so.”+ 14 Ná atirimpɔw no ne sɛ Abraham nhyira bɛfa Yesu Kristo so aba amanaman no so,+ na yɛnam yɛn gyidi so anya honhom a wɔde ahyɛ bɔ+ no.

15 Anuanom, mede mfatoho a ɛfa nnipa asetena ho reka asɛm: Sɛ wɔhyɛ apam bi mu den na sɛ apam no yɛ onipa de mpo a, obiara ntumi mmɔ ngu anaa ɔmfa bi nka ho. 16 Abraham ne n’aseni* na wɔhyɛɛ wɔn bɔ.+ Ɛnka sɛ, “w’asefo,”* a ɛkyerɛ nnipa bebree, na mmom ɛka sɛ, “w’aseni,”* a ɛkyerɛ baako, kyerɛ sɛ, Kristo.+ 17 Bio nso meka eyi: Apam a Onyankopɔn ahyɛ mu den no de, Mmara a mfe 430 akyi ɛbae+ no ntumi mmɔ ngu, na ɛrentumi ntwa bɔhyɛ no mu. 18 Na sɛ agyapade no gyina mmara so a, ɛnde ɛnyɛ bɔhyɛ bio; nanso Onyankopɔn nam bɔhyɛ so na ɔde agyapade no adom Abraham.+

19 Ɛnde Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi+ akosi sɛ aseni* a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba;+ na wɔnam abɔfo so+ de faa ntamgyinafo bi so+ maa nnipa. 20 Ɔbaakofo ka asɛm a, ntamgyinafo mma mu. Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn fam; bɔhyɛ no yɛ ɔno nkutoo anom asɛm. 21 Enti Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Daabida! Na sɛ mmara a etumi ma nkwa na wɔde maa nnipa a, ɛnde anka trenee nam mmara so na ɛbɛba. 22 Nanso Kyerɛwnsɛm no de nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonya gyidi no benya bɔhyɛ a egyina Yesu Kristo mu gyidi so.

23 Nanso ansa na gyidi no reba no, wɔde mmara wɛn yɛn de yɛn siei, na yɛtwɛn gyidi a na wɔrebeyi no adi no.+ 24 Enti Mmara no bɛyɛɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so+ sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi nti wobebu yɛn bem.+ 25 Afei a gyidi no aba no,+ yenni kwankyerɛfo ase bio.+

26 Nea ɛte ne sɛ, Kristo Yesu mu gyidi a mowɔ+ nti mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma.+ 27 Na mo a wɔbɔɔ mo asu kɔɔ Kristo mu nyinaa, moahyɛ Kristo.+ 28 Yudani nni hɔ na Greeceni nni hɔ,+ akoa nni hɔ na ɔdehye nni hɔ,+ ɔbarima nni hɔ na ɔbea nni hɔ;+ efisɛ mo nyinaa yɛ onipa baako wɔ Kristo Yesu mu.+ 29 Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo*+ ampa, adedifo*+ a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.+

4 Afei nea meka ne sɛ, sɛ obi a odi ade* yɛ abofra ketewa a, ɛmfa ho sɛ ɔyɛ nneɛma nyinaa wura no, nsonsonoe biara nna ɔne akoa ntam, 2 na mmom mmofra so ahwɛfo ne afiehwɛfo na wɔkyerɛ no nea ɔnyɛ kosi da a n’agya ahyɛ ato hɔ. 3 Yɛn nso, bere a yɛyɛ mmofra no, wiase no nneɛma hunu de yɛn yɛɛ nkoa.+ 4 Nanso bere a wɔahyɛ no soe pɛpɛɛpɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba ma ɔbea woo no+ wɔ mmara ase+ 5 sɛ ɔmmɛtɔ wɔn a wɔwɔ mmara ase+ no, na Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne mma.+

6 Na esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma nti, wasoma ne Ba no honhom+ aba yɛn komam,+ na ɛteɛm sɛ: “Abba!”* kyerɛ sɛ, “Agya.”+ 7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba; na sɛ woyɛ ɔba de a, ɛnde na wonam Onyankopɔn so yɛ obi a odi ade* nso.+

8 Nanso bere a na munnim Onyankopɔn no, moyɛɛ nkoa maa wɔn a wɔnyɛ anyame. 9 Na afei a moabehu Onyankopɔn, anaasɛ afei a Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na moresan akɔyɛ nneɛma hunu+ a mfaso biara nni so, na mopɛ sɛ ɛde mo yɛ nkoa bio?+ 10 Nna ne abosome ne mmere ne mfirihyia na mudi no frenkyemm.+ 11 Misuro sɛ ɔkwan bi so no, mabrɛ mo ho kwa.

12 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, efisɛ me nso bere bi na mete sɛ mo,+ na bere a mebaa mo nkyɛn no, moanyɛ me bɔne biara. 13 Nanso munim sɛ honam mu yare bi nti na bere a edi kan no, minyaa kwan kaa asɛmpa no kyerɛɛ mo. 14 Ɛwom, nea ɛyɛɛ me ɔhonam mu no, na ɛyɛ sɔhwɛ ma mo, nanso moammu me animtiaa anaa moammu me sɛ atantanne;* mmom no mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, mugyee me sɛ Kristo Yesu. 15 Anigye a na mowɔ no afa he? Efisɛ migye di paa sɛ, munyae a, anka mubetutu mo aniwa mpo ama me.+ 16 Nokware a meka kyerɛ mo nti madan mo tamfo anaa? 17 Wɔn ani abere pɛ sɛ wonya mo kɔ wɔn afã, nanso ɛnyɛ adwempa ntia; mmom wɔpɛ sɛ wɔsɛe me ne mo ntam, na ama moakodi wɔn akyi. 18 Nanso sɛ obi kura adwempa na ɔpɛ sɛ mo ne no yɛ baako a, asɛm biara nni ho; mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa bere nyinaa, na ɛnyɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko. 19 Me mma nkumaa,+ mo nti mete yaw te sɛ ɔbea a awo aka no, na yaw no bɛkɔ so akosi sɛ mobɛyɛ sɛ Kristo. 20 Me yam a, anka saa bere yi mewɔ mo nkyɛn rekasa ɔkwan foforo so, efisɛ mo nti, minhu nea menyɛ.

21 Mo a mopɛ sɛ mudi mmara no so no, monka ma mintie, munnim nea Mmara no aka? 22 Wɔakyerɛw wom sɛ Abraham woo mma mmarima baanu, ɔbaako yɛ abaawa no ba,+ na ɔbaako yɛ ɔbea a ɔde ne ho no ba;+ 23 sɛnea wɔwo abofra biara no, saa na wɔwoo abaawa no ba no;*+ ɔbea a ɔde ne ho no ba no de, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.+ 24 Eyinom nyinaa gyina hɔ ma biribi; mmea yi gyina hɔ ma apam abien, baako fi Sinai Bepɔw+ so, na saa apam no mma yɛ nkoa; ɛte sɛ Hagar. 25 Hagar gyina hɔ ma Sinai+ bepɔw a ɛwɔ Arabia, na ɛte sɛ Yerusalem a ɛwɔ hɔ nnɛ, efisɛ ɛne ne mma yɛ nkoa. 26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ soro no de, ɛde ne ho, na ɛno ne yɛn maame.

27 Na wɔakyerɛw sɛ: “Obonin a wonwo, ma w’ani nnye; ɔbea a wonte awo yaw, fa anigye teɛm; efisɛ ɔbea a wɔapo no no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de.”+ 28 Anuanom, mo de, moyɛ bɔhyɛ mma te sɛ Isak.+ 29 Abofra a wɔwoo no sɛnea wɔwo abofra biara no,* sɛnea ofii ase teetee nea wɔnam honhom so woo no no,+ saa ara na ɛnnɛ nso ɛte.+ 30 Nanso, dɛn na Kyerɛwsɛm no ka? Ɛka sɛ: “Pam abaawa no ne ne ba no, efisɛ abaawa no ba no, ɔne ɔbea a ɔde ne ho no ba ntumi mmom nni ade.”+ 31 Enti anuanom, yɛnyɛ abaawa mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.

5 Ahofadi a ɛte saa nti na Kristo ama yɛanya yɛn ho atetew. Enti munnyina pintinn;+ monhwɛ na moanyɛ nkoa ansoa kɔndua bio.+

2 Hwɛ! Me Paul, mereka ama moate sɛ, sɛ mutwa twetia* a, nea Kristo ayɛ no, mfaso biara remma so mma mo.+ 3 Afei nso, onipa biara a wotwa no twetia* no, midi no adanse sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ odi Mmara no nyinaa so.+ 4 Mo mu biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde mmara bebu ne ho bem+ no, watwe ne ho afi Kristo ho; wawae afi n’adom ho. 5 Yɛn de, trenee a yɛn gyidi nti yɛn nsa bɛka no, yɛnam honhom so retwɛn denneennen. 6 Kristo Yesu mu de, sɛ wotwa obi twetia oo, wɔantwa no twetia oo, ɛnka hwee;+ nea ehia ne gyidi a egyina ɔdɔ so.

7 Ná moretu mmirika no yiye.+ Hena na osiw mo kwan a afei de monyɛ aso mma nokware no bio yi? 8 Nea ɔfrɛɛ mo no, ɛnyɛ saa na ɔkyerɛɛ mo. 9 Mmɔkaw* kakraa bi na ɛma esiam no nyinaa kaw.+ 10 Mewɔ awerɛhyem sɛ mo a mowɔ Awurade mu+ no, mo ne me bɛyɛ adwene; na nea ɔrehaw mo+ biara, sɛ ɔyɛ hena mpo a, obenya atemmu a ɛsɛ no. 11 Anuanom, me de, sɛ twetiatwa ho asɛm na meda so ka a, ɛnde adɛn nti na nkurɔfo da so tan m’ani? Sɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ asɛndua* no nyɛ hintidua+ mma wɔn bio. 12 Me yam a, anka mmarima a wɔpɛ sɛ wɔsɛe mo adwene no adan mmarima a wɔasa wɔn.*

13 Anuanom, wɔafrɛ mo aba ahofadi mu, nanso mommfa ahofadi yi nnni ɔhonam akɔnnɔ akyi,+ na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.+ 14 Na Mmara no nyinaa ba mu* wɔ ahyɛde baako mu. Ɛne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 15 Nanso sɛ mokɔ so keka mo ho na momemene mo ho+ a, ɛnde anhwɛ a obiara bɛsɛe ne yɔnko.+

16 M’asɛm ara ne sɛ, monkɔ so nnantew honhom mu,+ na ɛremma munni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.+ 17 Na ɔhonam akɔnnɔ ne honhom no di asi, na honhom no ne ɔhonam di asi; abien no nka. Ɛno nti nea mopɛ sɛ moyɛ no, muntumi nyɛ.+ 18 Afei nso, sɛ moma honhom no kyerɛ mo kwan a, ɛnde na munni mmara ase.

19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne aguamammɔ,*+ ɔbra fĩ,* ahohwi,*+ 20 abosonsom, ahonhonsɛm,*+ nitan, mansotwe, ahoɔyaw, koko bɔne, twe-ma-mentwe, mpaapaemu, matew-me-ho akuw, 21 anibere, nsawe,+ apontow a ase yɛ gyegyeegye, ne nneɛma a ɛtete saa.+ Saa nneɛma yi ho na merebɔ mo kɔkɔ sɛnea madi kan abɔ mo kɔkɔ no; ɛne sɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn Ahenni no.+

22 Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abotare,* ayamye, papayɛ,+ gyidi, 23 odwo, ahohyɛso.*+ Mmara biara ntia eyinom. 24 Afei nso, wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no, ɔhonam akɔnnɔ ne nea ɔhonam pɛ nyinaa, wɔabɔ no asɛndua mu.+

25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, ɛnde momma yɛnkɔ so nni honhom no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.+ 26 Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so,*+ mommma yɛne yɛn ho nnsi akan,+ na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.

6 Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw* no, mommɔ mmɔden mfa odwo*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye. Nanso monhwɛ mo ho so yiye,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+ 2 Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.+ Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ moredi Kristo mmara+ no so. 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ obiara a,+ na ɔredaadaa ne ho. 4 Mmom ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te.+ Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.+ 5 Efisɛ obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.*+

6 Bio nso, obiara a wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ma ɔne nea ɔkyerɛkyerɛ no no nnya kyɛfa wɔ nneɛma pa nyinaa mu.+

7 Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wodi ne ho fɛw, efisɛ nea onipa dua no, ɛno ara na otwa;+ 8 nea odua no sɛnea ne honam kyerɛ no no, ɔnam ne honam so betwa porɔwee, na nea odua no sɛnea honhom no kyerɛ no no, ɔnam honhom no so betwa daa nkwa.+ 9 Enti sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw, efisɛ yɛampa abaw* a, bere a ɛsɛ mu, yebenya so akatua.+ 10 Ne saa nti, bere biara a yebenya hokwan* no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.

11 Monhwɛ sɛ m’ankasa mede nkyerɛwee akɛse akyerɛw krataa yi abrɛ mo.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nnipa anim* anuonyam no, wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwa twetia,* na wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo asɛndua* nti, nkurɔfo rentan wɔn ani. 13 Na wɔn a wotwa twetia no ankasa mpo nni Mmara no so,+ nanso wɔpɛ sɛ mutwa twetia sɛnea ɛbɛyɛ a mo nipadua nti, wɔbɛhoahoa wɔn ho. 14 Nanso me de, mempɛ sɛ mede biribiara hoahoa me ho, gye sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua.*+ Ne nti m’ani so no, wiase no awu,* na wiase no ani so no, me nso mawu. 15 Na sɛ obi twa twetia oo, wantwa twetia oo, emu biara nka hwee;+ nea ehia ne abɔde foforo.+ 16 Na wɔn a wɔnam saa kwan yi so bɔ wɔn bra yiye no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Israel+ no, asomdwoe ne mmɔborɔhunu nka wɔn nyinaa.

17 Efi saa bere yi rekɔ, mma obiara nnhaw m’adwene, efisɛ manya ahyɛnsode wɔ me honam mu a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu akoa.+

18 Anuanom, bere a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho. Amen.

Anaa “mmere bɔne.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔretwe mo.”

Anaa “metaa Onyankopɔn asafo no.”

Nt., “ma ɛtraa so.”

Nt., “oyii me fii me maame yam.”

Nt., “honam ne mogya.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Anaa “ontwa ne dua.”

Nt., “dɔnhwerew baako.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Anaa “de kyerɛɛ ayɔnkofa.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Anaa “ɛma odi fɔ.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Nt., “ɔhonam biara.”

Nt., “mawu ama mmara no.”

Anaa “merentumi mpia nto nkyɛn.”

Nt., “misua fi mo hɔ.”

Nt., “mode honhom fii ase.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “aba.”

Anaa “adehye.”

Anaa “ɔdehye.”

Ɛyɛ Hebri anaa Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “O Agya!”

Anaa “ɔdehye.”

Anaa “moantew me so ntasu.”

Nt., “ɔhonam kwan so na wɔwoo no.”

Nt., “ɔhonam kwan so no.”

Anaa “mutwa mo dua.”

Anaa “ne dua.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asa wɔn ho; adan ayitotofo.” Ɛba saa a, mmara a wɔagye agyina mu no, wɔremfata mpo sɛ wɔyɛ ho adwuma bio.

Ebetumi nso akyerɛ, “Mmara no nyinaa, wɔabɔ no mua.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “afide.”

Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkonyaayi; nnurusɛm.”

Anaa “abodwokyɛre.”

Anaa “ahosodi.”

Anaa “mmpɛ anuonyamhunu.”

Nt., “honhom mufo.”

Anaa “odwo honhom.”

Anaa “asɛde a ɛda no so.”

Anaa “yɛammrɛ.”

Anaa “bere a ɛfata.”

Anaa “ɔhonam mu.”

Anaa “moatwa mo dua.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔabɔ wiase no asɛndua mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena