Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yakobo 1:1-5:20
  • Yakobo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yakobo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yakobo

YAKOBO NHOMA

1 Me Yakobo,+ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, merekyerɛw krataa yi ama mmusuakuw 12 a moabɔ ahwete no.

Mikyia mo!

2 Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow a, mummu no anigye koraa,+ 3 na munhu sɛ wɔsɔ mo gyidi hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.+ 4 Nanso momma animia no nwie n’adwuma na moawie pɛyɛ adi mu wɔ biribiara mu a hwee nhia mo.+

5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+ 6 Nanso ma ɔnkɔ so mfa gyidi mmisa;+ ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ efisɛ nea n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa de no di akɔneaba. 7 Mma onipa a ɔte saa nnsusuw da sɛ obenya biribi afi Yehowa* hɔ; 8 ɔyɛ onipa a n’adwene nsi pi,+ na ohinhim wɔ n’akwan nyinaa mu.

9 Na ma onua a ɔyɛ mmɔborɔwa* nni ahurusi sɛ wɔama no so,+ 10 na ɔdefo nso nni ahurusi sɛ wɔabrɛ no ase,+ efisɛ ɔdefo betwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Sɛnea owia pue a ɛbɔ denneennen na ɛhyew wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefo begyaw nneɛma a odi akyi no hɔ akɔ.+

12 Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu,+ efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri+ a Yehowa* ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ so dɔ no no.+ 13 Obiara a sɔhwɛ bɛto no no, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Efisɛ obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14 Mmom nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.*+ 15 Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na sɛ bɔne nya ba a, owu na edi so.+

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara fi soro;+ efi hann Agya no nkyɛn;+ ɔno de, ɔnsakrasakra te sɛ sunsuma a ennyina faako.*+ 18 Ne pɛ nti, ɔde n’asɛm a ɛyɛ nokware no+ woo yɛn sɛ yɛmmɛyɛ sɛ n’abɔde mu aba a edi kan.+

19 Me nuanom adɔfo, munhu eyi: Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa+ anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuw,+ 20 efisɛ onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.+ 21 Enti montow efĩ nyinaa ne bɔne biara* ngu,+ na mommrɛ mo ho ase mma wonnua* asɛm no wɔ mo mu, na ɛno na ebetumi agye mo* nkwa.

22 Momfa asɛm no nyɛ adwuma;+ munntie asɛm no kɛkɛ mmfa nsusuwii hunu nnnaadaa mo ho. 23 Na sɛ obi tie asɛm no na wamfa anyɛ adwuma a,+ ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim* wɔ ahwehwɛ mu. 24 Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi sɛnea ɔte. 25 Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ewie pɛyɛ+ no mu yiye na ɔtena mu no, wabɛyɛ obi a ɔde asɛm no yɛ adwuma, na ɔnyɛ obi a otie asɛm no a na ne werɛ afi; n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.+

26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn* nanso ɔnhwɛ ne kasa yiye*+ a, ɔredaadaa ne koma, na onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa. 27 Ɔsom* a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.+

2 Me nuanom, gyidi a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn anuonyam mu no, mode animhwɛ na ekura mu anaa?+ 2 Yɛmfa no sɛ obi a sika kɔkɔɔ mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ ataade fɛfɛ aba baabi a moahyia, na ohiani bi nso a ɔhyɛ ataade fĩ aba hɔ. 3 Sɛ motew mo anim hwɛ nea ɔhyɛ ataade fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa,” na ohiani no de, moka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa “Tena agua a me nan sisi so yi nkyɛn” a,+ 4 ɛno nkyerɛ sɛ muyiyi nnipa mu,+ na moabɛyɛ atemmufo a mubu atɛnkyea+ anaa?

5 Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu?+ Na ɛnyɛ wɔn na wɔayɛ wɔn adedifo* wɔ Ahenni a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no+ no mu anaa? 6 Nanso mubu ahiafo animtiaa. Ɛnyɛ adefo na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea? 7 Din pa a Onyankopɔn de ama mo no, ɛnyɛ wɔn na wɔka ho asɛmmɔne? 8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ mudi so a, na morebɔ mmɔden paa. 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no bu mo fɔ* sɛ moyɛ mmaratofo.+

10 Sɛ obi di Mmara no nyinaa so na obu emu asɛm baako so a, wadi ne nyinaa ho fɔ.+ 11 Efisɛ nea ɔkae sɛ: “Nsɛe aware”+ no, ɔno ara na ɔkae sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe aware nanso wudi awu a, woato mmara. 12 Monkɔ so mma mo kasa ne mo nneyɛe nkyerɛ sɛ moade mo ho, na wɔde nnipa a wɔade wɔn ho mmara*+ na ebebu mo atɛn. 13 Na nea onhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu.+ Mmɔborɔhunu tumi di nkonim wɔ atemmu so.

14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidi nanso nnwuma nka ho a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ Saa gyidi no betumi agye no nkwa?+ 15 Sɛ onuabarima anaa onuabea bi nni ataade a ɔbɛhyɛ* ne aduan a ɛbɛso no da no mpo, 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,” na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ 17 Saa ara na gyidi nso te; sɛ nnwuma nka ho a, na awu.+

18 Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nka ho no, na me nso memfa me nnwuma nkyerɛ wo me gyidi.” 19 Wugye di sɛ Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ? Eye paa. Ahonhommɔne* nso gye di na wɔn ho popo.+ 20 O onipa a wunni ntease, wunnim sɛ gyidi a nnwuma nka ho yɛ gyidi hunu? 21 Ɛnyɛ nnwuma so na wɔnam buu yɛn agya Abraham bem bere a ɔde ne ba Isak kɔtoo afɔremuka so sɛ ɔde no rebɔ afɔre no?+ 22 Wo ara wunim sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho, na nnwuma na ɛmaa ne gyidi wiee pɛyɛ,+ 23 na kyerɛwsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni,”+ na ɛma wɔfrɛɛ no Yehowa* adamfo.+

24 Moahu sɛ wɔnam nnwuma so na ebu onipa bem, na ɛnyɛ gyidi nkutoo so. 25 Tuutuuni Rahab nso, bere a ogyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?+ 26 Ampa, sɛnea nipadua a honhom* nnim awu+ no, saa ara na gyidi a nnwuma nka ho awu.+

3 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo, efisɛ sɛnea munim no, yɛn paa na yebenya atemmu a emu yɛ duru.*+ 2 Ɛne sɛ, yɛn nyinaa di mfomso* mpɛn pii.+ Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no, bɔne nni ne ho,* na otumi hyɛ ne nipadua nyinaa so.* 3 Sɛ yɛde nnareka hyɛ ɔpɔnkɔ anom ma otie yɛn a, yetumi ma aboa no yɛ nea yɛpɛ. 4 Hwɛ, ɛpo so hyɛn nso ɛwom sɛ ɛso, na mframa dennen na etumi twe no de, nanso akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdannan no kɔ baabi a ɔhyɛnkafo no pɛ.

5 Saa ara na tɛkrɛma nso te; ɛyɛ kwaa ketewa wɔ nipadua no mu, nanso etumi hoahoa ne ho paa. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa tumi hyew kwae kɛse! 6 Tɛkrɛma nso yɛ ogya.+ Tɛkrɛma yɛ nipadua kwaa a amumɔyɛ ahyɛ no ma; etumi gu nipadua no nyinaa ho fĩ+ na ɛsɛe nnipa abrabɔ; ɛsɛe ade te sɛ Gehenna.* 7 Nkekaboa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔwɔ po mu nyinaa, nnipa tumi yɛ ara* ma wotie wɔn, na wɔatie nnipa fi tete. 8 Nanso tɛkrɛma de, ɔdasani biara ntumi nni so. Ne ho yɛ ahometew; wuntumi nka no nhyɛ, na edi awu.+ 9 Ɛno na yɛde yi Agya Yehowa* ayɛ, na ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn wɔ “Onyankopɔn suban so”+ no. 10 Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi ba.

Me nuanom, ɛnyɛ papa sɛ eyi bɛkɔ so saa.+ 11 Asuti baako betumi apuw nsu dɛdɛ ne nsu nwenenwene afi faako anaa? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba? Na bobe nso betumi asow borɔdɔma?+ Saa ara nso na yɛrentumi nnya nsu dɛdɛ mfi nsu nkyenenkyene mu.

13 Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo na ɔwɔ ntease? Ma ɔmfa ɔbra pa ne odwo a efi nyansam nna ne nnwuma adi. 14 Nanso sɛ mowɔ ahoɔyaw+ ne mansotwe*+ wɔ mo komam a, monhwɛ na moanhoahoa mo ho+ na moanni atoro antia nokwasɛm. 15 Eyi nyɛ nyansa a efi soro, na mmom ɛyɛ asaase so de,+ honam de, ne ahonhommɔne de. 16 Na baabiara a ahoɔyaw ne mansotwe* wɔ no, basabasa ne akyiwade biara bi nso wɔ hɔ.+

17 Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan, ɛho tew,+ ɛpɛ asomdwoe,+ ɛte asɛm ase,+ ɛyɛ asoɔmmerɛw; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma,+ ɛnyɛ nyiyim,+ na ɛnyɛ nyaatwom.+ 18 Bio nso, wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu+ ma wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba.+

4 Aperepere ne ntɔkwaw a ɛrekɔ so wɔ mo ntam no, ɛhe na efi? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛhyɛ mo so* no mu na efi?+ 2 Nea mo kɔn dɔ no, munnya. Mudi awu na mo ani bere ade, nanso mo nsa nka nea mopɛ. Mudi apere na mokõ ntɔkwaw.+ Mo nsa nka nea mopɛ efisɛ mummisa. 3 Sɛ mubisa nso a, mo nsa nka, efisɛ ɛnyɛ adwempa na mode bisa; mopɛ sɛ mode di mo honam akɔnnɔ akyi.

4 Awaresɛefo,* munnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+ 5 Anaa mususuw sɛ kyerɛwsɛm no kaa no kwa sɛ: “Anibere honhom a ɛte yɛn mu no, akɔnnɔ ahyɛ no ma”?+ 6 Nanso adom a ɔma yɛn nsa ka no kyɛn saa honhom no. Enti kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.”+

7 Ne saa nti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase;+ munsiw Ɔbonsam kwan,+ na obeguan afi mo ho.+ 8 Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.+ Mo abɔnefo, monhohoro mo nsa;+ mo a mo adwene nsi mo pi, montew mo komam.*+ 9 Munni abooboo ne awerɛhow na munsu.+ Momma mo serew nnan awerɛhow na mo anigye nnan apinisi. 10 Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa* anim,+ na ɔbɛma mo so.+

11 Anuanom, monnkasa nntia mo yɔnko bio.+ Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu ne nua atɛn no kasa tia mmara, na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, ɛnde na wonyɛ obi a odi mmara so; mmom woyɛ ɔtemmufo. 12 Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ;+ ɔno na otumi gye nkwa na otumi kum.+ Wo de, wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?+

13 Afei muntie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso,”+ 14 nanso munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwusiw; epue bere tiaa bi a na ayera.+ 15 Mmom no, nea ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a,+ yebenya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.” 16 Nanso seesei nea ɛyɛ mo fɛ ne sɛ mobɛkeka nsɛm akɛse de ahoahoa mo ho. Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti sɛ obi nim adepa na wanyɛ a, ɛyɛ bɔne ma no.+

5 Afei mo adefo, muntie; ahohia a ɛreba mo so nti, munsu na mommɔ bena.+ 2 Mo ahonyade aporɔw, na mmoawa awe mo ntaade.+ 3 Mo sika kɔkɔɔ ne mo dwetɛ awe nkannare asɛe, na nkannare no bɛyɛ adanse atia mo na adi mo nam. Nea moakora so no bɛyɛ sɛ ogya wɔ awiei mmere no mu.+ 4 Hwɛ! Adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae no, wɔn akatua a mode akame wɔn no reteɛm, na atwafo no sufrɛ adu asafo Yehowa* asom.+ 5 Moanya asetena pa wɔ asaase so na moadi ɔhonam akɔnnɔ akyi. Moadidi ama mo koma adɔ srade te sɛ mmoa a wɔrekokum wɔn.+ 6 Moabu ɔtreneeni fɔ; moakum no. Ɔne* mo renni asi anaa?

7 Enti anuanom, munnya abotare nkosi sɛ Awurade mmae+ no befi ase. Hwɛ! Okuafo kɔ so ara twɛn asaase so aba a ɛsom bo no, na onya ho abotare kosi sɛ obenya osu a edi kan ne osu a etwa to.+ 8 Mo nso munnya abotare;+ monhyɛ mo koma den, efisɛ Awurade mmae no abɛn.+

9 Anuanom, mma obiara nnnwiinwii* nntia ne yɔnko na wɔammu mo atɛn.+ Hwɛ! Ɔtemmufo no gyina pon ano. 10 Anuanom, momma adiyifo a wɔkasae wɔ Yehowa* din mu+ no amanehunu+ ne wɔn abotare+ nyɛ nhwɛso mma mo. 11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigye.”*+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahu nea Yehowa* ma efii mu bae;+ moabehu sɛ Yehowa* wɔ ayamhyehye* paa, na ɔwɔ mmɔborɔhunu.+

12 Nanso, me nuanom, nea ɛsen ne nyinaa no, monnka ɔsoro anaa asaase ntam anaa ntam foforo biara. Mmom momma mo “Yiw” nyɛ yiw, na mo “Daabi” nyɛ daabi,+ na wɔammu mo atɛn.

13 Mo mu bi rehu amane anaa? Ma ɔnkɔ so mmɔ mpae.+ Obi wɔ anigye mu? Ma ɔnto ayeyi nnwom.+ 14 Mo mu bi yare anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo+ na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo+ wɔ Yehowa* din mu. 15 Na mpae a wɔde gyidi bɔ no bɛma nea ɔnte apɔw* no ho ayɛ no den, na Yehowa* bɛma no so. Sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde bɛkyɛ no.

16 Enti mompae mu nka mo bɔne+ nkyerɛ mo ho, na mommɔ mpae mma mo ho na moanya ayaresa. Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ* tumi kɛse.+ 17 Ná Elia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara, nanso ɔyeree ne ho bɔɔ mpae sɛ mma osu nntɔ; na ampa ara, osu antɔ asaase no so mfe abiɛsa ne abosome asia.+ 18 Afei ɔsan bɔɔ mpae, na osu tɔ fii soro, na asaase sow n’aba.+

19 Me nuanom, sɛ mo mu bi man fi nokware no ho na sɛ obi gye no si yiye a, 20 munhu sɛ obiara a ɔtwe ɔbɔnefo fi ne kwammɔne so+ no begye no* afi owu mu na wakata bɔne pii so.+

Anaa “ahohora.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “onua a onni bi.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “eyi no sɛ afiri.”

Anaa “sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ne bɔne mmoroso.”

Anaa “wɔntɛw.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “n’animdua.”

Anaa “ɔyɛ onyamesomfo.”

Anaa “ɔnto ne tɛkrɛma nnareka.”

Anaa “Nyamesom.”

Anaa “adehye.”

Anaa “mmara a edi hene.”

Anaa “kasa kyerɛ mo.”

Nt., “ahofadi mmara.”

Nt., “da adagyaw.”

Anaa “Adaemone.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ahome.”

Anaa “den.”

Nt., “hintiw anaa yɛhwe ase.”

Anaa “owie pɛyɛ.”

Anaa “to ne nipadua nyinaa nnareka.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “dwudwo wɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi nso akyerɛ, “na mopere dibea.”

Ebetumi nso akyerɛ, “dibea a wɔpere.”

Nt., “ɛwɔ mo akwaa mu.”

Anaa “Mo a munni nokware.”

Anaa “munnwira mo koma ho.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn ne.”

Anaa “nnsi apini.” Nt., “nngu ahome.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “yebu wɔn sɛ wɔahyira wɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “tema.”

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi nso akyerɛ, “nea wabrɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “nkotosrɛ, sɛ ɛreyɛ adwuma a, ɛwɔ.”

Anaa “ne kra.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena