So Abakɔsɛm San Tĩ Ne Ho Mu?
“NÁ ASRAAFO atwa Bastille afiase no ho ahyia! . . . Nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu gowee na ɛtewee; ɛtwene kɛse a wotumi twetwe no tew hwee fam, ma egyigyei. . . . Wɔ wɔn adan mu tɔnn no, nneduafo baason no tee nnyigyei no te sɛ nea ɛyɛ asase na ɛrewosow: . . . bɛyɛ nnɔnhwerew anan ni a wiase no yɛɛ basabasa te sɛ abɔdamfo atrae; . . . [afei] asraafo dɔm bɔ wuraa hɔ; wɔako afa Bastille afiase no!”
Nsɛm ntiantia a ɛtete sɛɛ na Thomas Carlyle de ka Franse ɔman Anidan wɔ 1789 mfiase no ho asɛm. Ná ɛyɛ mmere bi awiei. Ná Bastille afiase wɔ Franse wɔ abakɔsɛm tenteenten a ɛfa nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔnkae wɔn a wɔde wɔn guu afiase ho. Abɛyɛ agyiraehyɛde ama Franse Bourbon Ahenni no atirimɔden nniso no. Ɛde besi nnɛ no, da a wɔde sɛee no, July 14, da so ara yɛ Franse Ahofadi Da.
Europa animdefo pii gye di sɛ saa ɔman anidan yi—ne ne ko nteɛm a ɛkanyan nkate a ɛne “Ahofadi, Pɛpɛɛpɛyɛ, ne Onuayɛ”—yɛɛ bere bi mfiase maa adesamma nyinaa. Na ɛte sɛ nea ɛyɛ ahofadi a wobenya afi nhyɛso ase ho bɔhyɛ, a ebefi bere foforo a ɛde adɔeyɛ ne asomdwoe bɛba ase. Nanso so Franse Ɔman Anidan no maa nneɛma pa a ɛtete sɛɛ ho adaeso no baa mu? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, dabi.
Ɔman no Mmarahyɛ Bagua a na ɛwɔ hɔ wɔ 1789-91 mu no hyɛɛ mmara a ɛbɛma Franse adan demokrase de a ɛyɛ adɔe. Bere a woguu saa Mmarahyɛ Bagua no wɔn 1791 mu no, wɔtee nka sɛ, “Afei de yɛade yɛn ho!” Nanso na Mmarahyɛ Bagua yi mu apaapae fi mfiase a wohyiae sɛ wɔde nneɛma a “agyanom a wɔhyehyɛe” no asusuw ho bedi dwuma no. Ankyɛ na basabasayɛ ne nnipa pii a wokunkum wɔn hyɛɛ Paris ma, te sɛ nea tumi biara nni ɔman no mu. Aban foforo no twaa Louis XVI ti na wɔ Robespierre ne afoforo ase no, wɔhyehyɛɛ Atirimɔden Nniso. Ɛnyɛ Ɔman Anidan no “atamfo” nkutoo na wɔde Atirimɔdensɛm yi sɛe wɔn na mmom ne “mma” pii nso.
Ankyɛ biara na Nniso a ɛnyɛ katee besii Atirimɔdensɛm no ananmu, na afei Napoleon Bonaparte bedii tumi. Wɔyɛɛ no “ɔmanpanyin wɔ ne nkwa nna a aka nyinaa mu” wɔ 1802 mu. Akyiri yi ɔkyerɛe sɛ “Franse man no hia ɔdehye a obedi ade,” na ntɛm ara ɔma wɔyɛɛ no Ɔhempɔn wɔ 1804 mu. Mfe kakraa bi akyi no, ɔkae sɛ, “midi tumi denam ehu a mema ɛka nkurɔfo no so.”
Enti wɔ mfe kakraa bi mu no, Franse aban no san kɔɔ ne kan tebea no mu bio. Nokwarem, nea ɛma asɛm no mu da hɔ yiye koraa no, bere a wɔhyɛɛ Napoleon ma ogyaee adedi akyi no, Louis XVII a ofi Bourbon abusua no mu bedii ade. Ebinom ka sɛ, wɔsan bae a wɔansua hwee na wɔn werɛ amfi hwee.
Eyi yɛ nea ebinom bu sɛ ɛyɛ nea ɛkɔ so no ho nhwɛso biako. Ɛte sɛ nea nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu no san sisii bio. Sɛnea Germani Nyansapɛfo Georg W. F. Hegel kae no: “Nkurɔfo ne nniso horow nsuaa hwee mfii abakɔsɛm mu ɛ, anaasɛ wɔmfaa nnyinasosɛm a wɔanya afi mu no nnii dwuma ɛ.” Dɛn nti na eyi te saa? Dɛn ne nneɛma a wɔansua amfi abakɔsɛm mu no binom? So yɛn ankasa betumi anya mfaso afi mu?