Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 11/8 kr. 20
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesamma Nuayɛ
  • Yɛma Yɛn Afi Mu Tew
  • Mmofra Bisa Sɛ
  • Adesamma Nuayɛ—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
    Nyan!—1982
  • Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa
    Nyan!—1982
  • Nhwɛso Ma Onuayɛ
    Nyan!—1982
  • “Monnɔ Anuanom Nyinaa”
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 11/8 kr. 20

Source: g82 6/8 p. 28 From Our Readers

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Adesamma Nuayɛ

Ɛtɔ bere bi a mo akyerɛwfo no ka nneɛma ho asɛm wɔ aniani nkutoo. Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛm “Adesamma Nuayɛ​—So Ɛyɛ Adaeso Bi Ara Kwa? no mu no, mode asodi to Napoleon so sɛ ɔno na ɔsɛee onuayɛ ho adaeso no. Ɛno yɛ adwene a emu nnɔ. Wɔsɛee onuayɛ bere tenten ansa na Napoleon reba. Meka sɛ, sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ ano wɔ ɔman bi mu a, anka wɔde wɔn ho bɛhyɛ amansɛmdi mu. Anka wobefi ɔman anidan ase mpo, na anka nea ebefi mu aba no renkyerɛ Kristofo adeyɛ, efisɛ wɔ amansɛmdi mu no, worentumi nkura boasetɔ, su a ɛte sɛ nguanten de mu wɔ nnipa no mu bere nyinaa. Wɔn nyinaa bɛyɛ sɛ mpataku a ɔkɔm de wɔn, a sɛnea wɔn su te no, ebinom bɛkyɛn saa na ebinom nso rennu saa. Morentumi nkata mo ani nka sɛ anka eyi rentumi mma da. Ɛno yɛ ahomaso.

E. A., Germany

Yɛamfa asodi no anto Napoleon so sɛ ɔno na ɔsɛee onuayɛ ho adaeso no. Yɛde Napoleon ho asɛm baa mu de kyerɛɛ sɛnea Franse Ɔman Anidan a ɛbae 1789 mu anidaso akɛse a ɛne sɛ wobenya “Ahofadi, Pɛpɛɛpɛyɛ ne Onuayɛ” no ankyɛ ara kɛkɛ. Na nea Napoleon nkonimdi no yɛe dii eyi ho adanse. Yennye nni sɛ nnipa, wɔn a woye kyɛn so no mpo, tumi de nokware ahofadi, pɛpɛɛpɛyɛ ne onuayɛ ba. Nnipa ankasa sintɔ ne nneyɛe bɔne ahorow bɛtwe wɔn asan akyi bere nyinaa. Nanso yegye di sɛ Onyankopɔn ahenni nam Kristo Yesu so bɛpɛ saa. Nea ɛkyerɛ sɛ saa nokware nuayɛ yi betumi ayɛ yiye no yɛ nea wɔada no adi pefee mprempren wɔ wiase nyinaa Yehowa Adansefo nuayɛ no mu, sɛnea wubetumi ahu wɔ asɛm “Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa” no mu no.​—ED.

Yɛma Yɛn Afi Mu Tew

Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn suahu ka ho. Yekogyee ofie ketewaa bi, nanso na ɛho ayɛ basaa. Adapɛn kakraa bi mu no yɛdɔw hɔ, siesiee hɔ, duaduaa nhwiren, hohoroo mfɛnsere ahorow ho, yiyii nneɛma funu ahorow ne nea ɛkeka ho. Ne wuranom no kamfoo yɛn na wɔfɛm yɛn nnwinnade. Akyiri yi wogyee dan no ho bosome akatua no fã pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atɔ aduru de aka emu. Nea efii mu bae? Wɔmaa me ofie nnwuma ahorow abiɛsa; a biako yɛ nea ɛwɔ kwan ho a wohu​—adwumawura no ammisa me adwuma krataa biara ho asɛm na odii kan de m’akatua manaa me nnanu ansa na merewie adwuma no! Bere a bere nyinaa na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛma yɛn ho atew no, mo asɛm no aboa yɛn yiye na ebia ɛboae wɔ adwuma a efii mu bae no mu.

M. D., New Jersey

Mmofra Bisa Sɛ

M’ani sɔ mo nsɛm ahorow a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” no kɛse. Sɛ́ abofra nnɛ no, metumi agye atom koraa sɛ ɛyɛ den sɛ yebegyina nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow no ano. Mo nsɛm no yɛ nea aba wɔ bere pa mu.

D. S., Michigan

Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ mo asɛm a ɛwɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” ase, a ɛne “Ɔdɔ anaa Akɔnnɔ-Mɛyɛ Dɛn Ahu?” no ho. Meyɛ obi a na mede me ho to me koma ne me ntease so. Na mprempren minni anigye, sɛ mɛka no kakraa bi a. Enti mewɔ anidaso sɛ afoforo betie. Aware wɔ hɔ daa. ‘Mpere wo ho nware na woanu wo ho akyiri yi’ sɛnea meyɛe no.

D. W., New York

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena