Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/13 kr. 3
  • “Monnɔ Anuanom Nyinaa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monnɔ Anuanom Nyinaa”
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yɛdɔ Yɛn Nuanom Nyinaa
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nhwɛso Ma Onuayɛ
    Nyan!—1982
  • Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa
    Nyan!—1982
  • Ɔdɔ Ma Anuanom A Wɔwɔ Wiase Nyinaa No
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 1/13 kr. 3

“Monnɔ Anuanom Nyinaa”

Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛkyerɛw saa asɛmti yi. (1 Pet. 2:17) Nanso, saa bere yi paa na ɛho abehia sɛ yɛde di dwuma! Yɛbɛyɛ dɛn atumi adɔ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔdɔɔso saa no? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn dɔ ano annwo wɔ wiase a ɔdɔ nni mu yi mu? (Mat. 24:12) Bere a worehwɛ video a wɔato din Our Whole Association of Brothers no, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa.

(1) Bere bɛn na yɛbɛkaa yɛn Kristofo anuanom no ho? (2) Nneɛma abiɛsa bɛn na yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no yɛ? (3) Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom da no adi sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ (a) Alaska asase kesee no so, (b) ahyɛn gyinabea akɛse a ɛwɔ Europa no, ne (d) kwaebirentuw a ɛwɔ Peru no mu? (4) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛfa asɛnka adwuma no sɛ ɛyɛ adwuma biara kɛkɛ? (5) Fa nhwɛso ahorow ma fa kyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo akyekye wɔn ho werɛ aboa wɔn ho wɔn ho wɔ (a) bere a asasewosow asi, (b) bere a ahum atu, ne (d) bere a ɔman bi mufo twa wɔn ho ko. (6) Akwan pa bɛn na yɛn nyinaa betumi afa so ada ɔdɔ a ɛhyɛ yɛn agyirae sɛ Kristofo anuanom no adi kɛse? (Yoh. 13:35) (7) Sɛ yebom yɛ adwuma de si yɛn ankasa Ahenni Asa ahorow a, mfaso horow bɛn na efi mu ba? (8) Ɛyɛɛ dɛn na yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei fam ne Russia tumi kuraa wɔn gyidi mu bere a wɔbaraa adwuma no wɔ hɔ no? (9) Mmɔden soronko bɛn na Adansefo pii bɔ na ama wɔatumi akɔ amantam nhyiam, na dɛn ntia? (10) Ɔkwan bɛn so na video yi ahyɛ wo bo a woasi no mu den sɛ (a) wo ne wo nuanom de biakoyɛ bɛsom Yehowa wɔ Kristofo nhyiam horow ase, (b) wobɛboa afoforo wɔ ahokyere bere mu, ne (d) wode nokwaredi bɛka asɛm no bere biara, ne ɔkwan biara a wubetumi so? (11) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de video yi adi dwuma wɔ asɛnka mu, na bere bɛn na yebetumi ayɛ saa?

Ade titiriw a enti yɛyɛ Kristofo anuanom no ne sɛ yɛdɔ Yehowa. Enti yɛn ani gye ho sɛ yebesua ne ho ade na yɛakyerɛkyerɛ afoforo ne ho asɛm. Yɛdɔ nnipa a Yehowa dɔ wɔn no. Sɛ yɛboa wɔn bere a wɔn ho akyere wɔn no a, yɛnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛda yɛn ase. Mmom no, yɛda Onyankopɔn ase efisɛ yebu yɛn Kristofo anuanom kuw no sɛ akyɛde a ɛsom bo a ɔde ama yɛn. Bere a wiase a ɔdɔ nnim no nna a edi akyiri reba awiei no, momma yɛnkɔ so nnɔ yɛn nuanom nyinaa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena