Nea Enti a Yɛdɔ Yɛn Nuanom Nyinaa
Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn honhom fam anuanom no mu akɔ so ayɛ den wɔ nnɛ wiase a ɔdɔ nnim yi mu? (1 Pet. 2:17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama afoforo ahu sɛ yɛn wiase nyinaa onuayɛ a ɛyɛ nokware no wɔ hɔ ankasa? (Mat. 23:8) Yɛnam Our Whole Association of Brothers video no so na ɛbɛyɛ saa. Ɛkyerɛ nea enti a yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho no. Hwɛ sɛ ebia wubetumi abua nsɛmmisa yi anaa:
(1) Nnwuma abiɛsa bɛn na yɛne yɛn wiase nyinaa anuanom no yɛ? (2) Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom rekyerɛ sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ (a) Alaska asasetaw no so, (b) Europa ahyɛn gyinabea akɛse, ne (d) Peru kwaebirentuw mu? (3) Dɛn ne adansedi adwinnade a etu mpɔn? (4) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ asɛnka yɛ adwuma bi kɛkɛ? (5) Fa sɛnea Yehowa Adansefo akyekye wɔn ho werɛ aboa wɔn ho wɔn ho wɔ amanehunu—asasewosow, ahum, ne ɔmanko—bere mu ho nhwɛso ma. (Hwɛ asɛm a Takao kae wɔ September 8, 1995 Nyan! no kratafa 19 ne nea Kotoyo kae wɔ November 8, 1996 Nyan! no kratafa 12 no.) (6) Akwan pa bɛn na yɛn nyinaa betumi afa so ada yɛn Kristofo onuayɛ no agyiraehyɛde kɛse no adi? (Yoh. 13:35) (7) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu yɛn Kristofo nhyiam horow no sɛ ɛsom bo kɛse? (8) Ɔkwan bɛn so na Ahenni Asa a yɛwɔ a yehyia wɔ so no ka wɔn a kan no na wonni bi no? (9) Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei fam ne Russia angu asu wɔ honhom fam bere a wɔbaraa wɔn no? (10) Ɛnnɛ mpo, mmɔden a ɛkyɛn so bɛn na Adansefo pii bɔ na ama wɔakɔ ɔmantam nhyiam horow, na dɛn ntia? Ɔkwan bɛn so na eyi aka wo koma? (11) Dɛn nti na moasi mo bo sɛ mode biakoyɛ bɛbom asom na moaboa afoforo wɔ ahokyere bere mu, na mode nokwaredi aka asɛm bere biara ne ɔkwan biara a mubetumi so? (12) Dɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ w’ankasa wubenya video yi bi na woayi akyerɛ anigyefo pii sɛnea wubetumi?