Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 5/8 kr. 11-15
  • Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛso No Akyi a Wodi
  • Onuayɛ No a Wobehu Nnɛ
  • Nea Afoforo Ka
  • Mmoa a Ɛso Wɔ Mfaso
  • Ɛnyɛ “Adaeso Ara Kwa”
  • Nhwɛso Ma Onuayɛ
    Nyan!—1982
  • Wɔreto Wiase Foforo no Nhyɛase Mprempren
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • “Monnɔ Anuanom Nyinaa”
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 5/8 kr. 11-15

Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa

WƆYƐƐ Kristofo nuayɛ ho ɔyɛkyerɛ soronko bi wɔ Wiase Ko II awiei no mu.

Ná hooyɛ ne ehu ahyɛ German nneduaban a ɛwɔ Sachsenhausen a ɛbɛn Berlin no ma. Ɛyɛ April 1945. Ná asraafodɔm a wɔaka abom fi atɔe fam reba na na Rusiafo fi apuei fam reba.

Nanso, na Nazi mpanyimfo abɔ wɔn tirim sɛ wobekunkum nneduafo 26,000 a na wɔwɔ nsraban no mu no. Ná wɔn atirimɔden nhyehyɛe ne sɛ wobekunkum ayarefo a wɔwɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo so no na wɔama afoforo anantew akɔ Lubeck, a ɛyɛ pohyɛn gyinabea de wɔn akogu ahyɛn mu, na wɔakɔmem ahyɛn no wɔ po so.

Bere na wɔde ahyɛde mae sɛ wɔnkɔ no, wɔboaboaa nneduafo no ano akuwakuw sɛnea ɔman a wofi mu te​—gye sɛ kuw bi a na nnipa a wɔwom no fi aman ahorow asia so. ‘Ná Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ka saa kuw yi ho, a mmarima 36 a na wɔagye wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow atom wɔ nsraban no mu ka ho.

Asiane kɛse mu no, na saa Kristofo yi akoyi wɔn honhom fam anuanom afi faako a ayarefo gu no. Afei nneduafo a wɔsa so tenteenten no ne wɔn so ahwɛfo fii akwantu no ase. Ná ahwɛfo no repɛ ntɛm, esiane sɛ na wotumi te atuo a Rusiafo retoto no dedaw nti. Wɔnantew nna dodow bi, a na nnuan a wodi yɛ nwura, nnua ntini ne nnua ho hono. Obiara a na wabrɛ a ontumi nkɔ no, wɔn so ahwɛfo no bɔɔ no tuo kum no. Nokwarem no, 10,700 wuwui wɔ ɔkwan mu. ‘Enti wɔfrɛɛ no “owu nantew.”

Nanso wɔn a na wɔwɔ Kristofo kuw no mu no boaa wɔn ho wɔn ho bere nyinaa, ahoɔdenfo boaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw. Kuw no muni bi kyerɛwee sɛ: “Ɛdenam Kristofo dɔ ne biakoyɛ so no, wɔannyaw obiako mpo wɔ kwankyɛn amma ahwɛfo no ankum no.” Nna 12 a emu yɛ den akyi no, ahwɛfo no guanee.

Ná henanom ne saa Kristofo no? Na wɔyɛ Yehowa Adansefo. So obi betumi agye ho akyinnye sɛ wɔanna onuayɛ ankasa adi? Nanso abusuabɔ bɛn na ɛda wɔn ne kuw ketewa a wɔne Yesu hyiae anadwo ansa na ɔrewu no ntam?

Nhwɛso No Akyi a Wodi

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbom yɛ anuanom ankasa nnɛ no di nhwɛso a Yesu ne n’akyidifo no yɛe no akyi. Sɛ nhwɛso no, su bɛn na na afeha a edi kan no mu anuanom no wɔ wɔ ɔko ho?

Origen, afeha a ɛto so abiɛsa no mu Kristoni kyerɛwfo bi, kae sɛ: “Yɛmmma ‘afoa so nhyɛ ɔman bi,’ saa nso na ‘yennsua akodi bio.’” (Yesaia 2:2-4) Afei nso, W. W. Hyde ka wɔ ne nhoma Paganism to Christianity in the Roman Empire mu sɛ: “Wɔ afeha abiɛsa a edi kan no mu no . . . na Kristofo mpene so sɛ wɔde nipakum bɛyɛ wɔn adwuma wɔ Roma asraafodɔm no mu.” Na ɛyɛ saa ade koro no nti na wɔde Yehowa Adansefo koguuNazi owu nsraban mu wɔ Wiase Ko II mu. Wɔpowee sɛ wɔbɛsom wɔ Hitler asraafo dɔm no mu.

Nhwɛso foforo a anuanom Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu yɛe ne asɔfo a na wonni. Anuanom a wɔanyinyin a na wɔwɔ osuahu ne honhom mu su horow na na wɔkyerɛkyerɛ na wɔyɛ nhyehyɛe horow. (Tito 1:5-9)a Nanso na wɔyɛ anuanom, ɛnyɛ “agyanom.” Yesu kae sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.” (Mateo 23:8, 9) Na Petro atu ne mfɛfo anuanom mpanyimfo no fo ankasa sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wodi Onyankopɔn nkurɔfo no so bakoma’​—1 Petro 5:1-3.

Enti wɔ mfitiase anuanom Kristofo no nna no mu no, Yesu akyidifo no amfa ahomaso abodin ahorow te sɛ “Revered,” “Most Reverend,” “Father,” ne “Ɔsɔfopanyin” anni dwuma. Wɔ nhoma The Old Roman World mu no, John Lord se tete Kristofo “frɛɛ wɔn ho onua ne onuawa . . . na wonnim abodin horow biara.” Saa nso, na wɔ Yehowa Adansefo mu nnɛ no, asɔfo dibea soronko nni mu, ahomaso abodin ahorow nni mu. Wɔn nyinaa yɛ “anuanom,” a mmarima a wɔanyinyin na wɔn ho akokwaw honhom mu di anim som afoforo.

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no nso sɛ wobehyia ɔsɔretia a ano yɛ den. Ná eyi renyɛ nea wobehyia afi amammuifo nko hɔ, na mmom wobenya afi asɔfo a na wɔabɛyɛ wiase no fã no hɔ. Ɔkae sɛ: “Sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo . . .Ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.”​—Yohane 15:19; 16:2.

Henanom na wɔahyia wiase nyinaa ɔsɔretia wɔ yɛn mmere yi so esiane sɛ wɔnyɛ wiase yi fã nti? Ɛyɛ Yehowa Adansefo. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1933 mu no, Hitler bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase wɔ Germane esiane sɛ wɔannyina ne Nazi kuw anaasɛ ne ko ahorow no akyi nti. Wɔkɔɔ so kaa Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛreba no ho asɛm sɛ adesamma anidaso koro pɛ. Bere bi de Hitler teɛteɛɛm te sɛ ɔbɔdamfo sɛ: ‘Mɛtɔre saa kuw yi ase wɔ Germane!’ Wɔkyeree Adansefo mpempem pii, na bebree wuwui wɔ nneduaban ahorow mu.

Nanso, awiei koraa no, Hitler ne ne Nazi kuw no na wɔtɔree wɔn ase, na ɛnyɛ Yehowa Adansefo. Ɛnnɛ, Adansefo bɛyɛ 100,000 wɔ Germane nkutoo. Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, ahenni ho asɛmpa no ho adawurubɔfo mmɔdenbɔfo a wɔwom no dodow bɛboro 2,200,000.

Onuayɛ No a Wobehu Nnɛ

Yiw, ɛnyɛ nnipa dodow a wɔwom na ɛma aman ne aman ntam onuayɛ ankasa no da adi nnɛ. Yehowa Adansefo sua, sɛ wɔde wɔn toto asɔre afoforo bebree ho a. Yesu kae sɛ:“Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a, wohu no sua.”​—Mateo 7:14.

So Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no fata nhwɛso no, sɛnea wɔnam nhwɛso horow a ɛwɔ atifi hɔ no so aka no? Sɛ akwankyerɛ a ɛwɔ hɔ ma wode ahu asɔreasɔre mpempem no mu nea ɛne mfitiase Kristofo nuayɛ no hyia no, hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi so no mu. Ɛbobɔ saa onuayɛ no nnyinasosɛm titiriw ahorow no binom din. W’ankasa hwɛ nea ɔfata nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ Bible mu no.

Nea Afoforo Ka

Bere a nnipa bebree ka Yehowa Adansefo ho asɛm a ɛmfata sɛnea Yesu kae sɛ ɛbɛba no, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔyɛ saa. Momma yɛnhwɛ saa Kristofo yi denam sɛnea ebinom a wɔnyɛ Adansefo hu wɔn no so.

Wɔ Mozambique no, Yehowa Adansefo ahyia ɔsɔretia a ano yɛ den esiane sɛ wonnyina afa biara wɔ amammui mu nti. Nanso Katolekni ɔbea bi a ɔresua asɔfodi kyerɛwee wɔ Katolek Portuguese nhoma bi mu sɛ: “Mprempren yi [1978], wɔ ‘Gulag’ [nneduaban] ahorow foforo a ɛwɔ hɔ ma ntetee a wɔresan de ama a wɔde asi hɔ wɔ [Mozambique] no mu no, wɔde Yehowa Adansefo 25,000 a wofi Malawi ne Mozambique abom agu afiase. . . . wɔfata sɛ yɛkamfo wɔn . . . Hwɛ soronko a anka wiase bɛyɛ, sɛ yɛn nyinaa nyan anɔpa bi a yɛabɔ yɛn tirim denneennen sɛ yɛrenni ako bio te sɛ Yehowa Adansefo a!”

Ɛdefa Adansefo a wɔwɔ Afrika no abrabɔ ho no, London Daily Telegraph kaa eyi: Yehowa Adansefo ada wɔn ho adi, Afrika nyinaa, sɛ wɔyɛ ɔman mma pa a wɔnyɛ basabasa na wɔde abrabɔ pa ho mmara tra ase. . . . Aguamammɔ ne ɔyerenom dodow aware a ɛyɛ nnipa a wɔwɔ Afrika suban no nni Adansefo no mu. Asɔre no kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔkyɛe so, bere so di, nokwaredi ne osetie.”

Bryan Wilson, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Oxford Sukuu Kunini mu, wɔ England yɛɛ Adansefo a wɔwɔ Japan a “wɔredɔɔso ntɛmntɛm nnansa yi” no ho nhwehwɛmu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Adansefo no de afotu pii a ɛso wɔ mfaso ma . . . wɔ aware, abrabɔ mu nsɛm, mmofra yɛn, ne nsɛm afoforo a ɛho hia ho.” Wilson bisaa nea ama Japanfo no mu bebree ani agye Yehowa Adansefo ho ho asɛm. Mmuae a wɔde mae no bi ne sɛ: “Adansefo no wɔ ayamye.” “Nyamesom mu guasodeyɛ ahorowa wɔyɛ de kyerɛ nni wɔn mu.” “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihuu nnipa a wodwo a wɔte saa.” “Ahyehyɛde no biakoyɛ maa m’ani gyei.” “Ɔdɔ ne adamfofa su a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu.”

Wɔ Spain no, bere a Adansefo bɛboro 10,000 a wɔwɔ kurow no mu ayɛ wɔn nhyiam awie no, nhoma Hajo del Lunes de Gijón no kyerɛwfo bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa Adansefo nam ɔman mma pa a woyɛ so ama me ho adwiriw me, Sɛ Gijonfo nyinaa bɛsakra ayɛ Yehowa Adansefo a, anka Gijon bɛyɛ kurow a emu tew na wɔhwɛ so yiye sen biara wɔ wiase.”

Bere a wɔyɛɛ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi wɔ New Orleans, Lousiana no, amanneɛbɔ krataa States-Item kae sɛ: “Onuayɛ su hyɛɛ faako a wɔyɛɛ nhyiam wɔ Lousiana hɔ ma, bere a mmofra ne mpanyin, abibifo ne aborɔfo Yehowa Adansefo traa ase sɛ wɔrefi nna 5 adesua ne osuahu a wɔbɛka akyerɛ ase no. . . . nnipa mu nyiyim . . . nhaw Adansefo no.”

Mmoa a Ɛso Wɔ Mfaso

Wɔ Mexico, mfe kakraa bi a atwam ni no, na ɔko reyɛ afi ase wɔ nkuraa abien bi mufo ntam esiane ntawntawdi bi a anibere wom nti. Polisifo antumi anni asɛm no ho dwuma. Nanso abusua biako fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Afoforo dii akyi, na ankyɛ na nnipa a wɔwɔ akuraa no ase no fã kɛse no ara tontɔn wɔn akode de totɔɔ Bible. Asomdwoe san baa hɔ. Ná ɛyɛ tete nkɔmhyɛ no nnɛyi mmamu ketewaa, “Wɔde wɔn nkrate abobɔ nsɔw”​—nea ɛbɛba wiase nyinaa wɔ Onyankopɔn ahenni ase no ho nhwɛso.​—Yesaia 2:2-4.

Eyi yɛ mpɛn dodow a Yehowa Adansefo de mmoa a ɛso wɔ mfaso ama nkurɔfo a wɔwɔ ɔhaw ahorow nyinaa mu no mu biako pɛ a yebetumi abɔ din​—asanom, nnubɔne a wɔnom, awaregu, adwenemhaw ne afoforo bebree. Titiriw no, wɔnam Bible adesua a mmoa ne nkuranhyɛ ankasa ka ho so yɛ saa, a wonnye wɔn a wonya ho mfaso no hwee.

Ɛnyɛ “Adaeso Ara Kwa”

Yesu daa no adi sɛ, “Wɔn aba na mode behu” onuayɛ ankasa no. (Mateo 7:16) “Aba” no di adanse sɛ adesamma nuayɛ ankasa nyɛ “adaeso bi ara kwa” na mmom ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa wɔ nnɛ mmere yi mu.

Bɛboro nsase 200 so wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo tumi hu anuanom mmarima ne mmea ankasa a wogye wɔn tom ɔdɔ so​—sɛ wonnim wɔn ho dedaw mpo a. Na sɛ obi susuw mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe saa onuayɛ yi no ho a, ɛyɛ nnɛyi anwonwade ankasa a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa. Nanso eyi yɛ Onyankopɔn adeyɛ, esiane sɛ ‘n’akwan korɔn sen yɛn akwan’ nti.​—Yesaia 55:9.

Enti, nea ɛte sɛ ade a entumi mma no aba. Wɔredi nhwɛso a Kristo ne n’akyidifo gyawee no akyi ankasa nnɛ. Yiw, ɛnyɛ sɛ wɔredi akyi wɔ pɛyɛ mu sɛnea tete Kristofo no antumi anni akyi wɔ pɛyɛ mu no. Pɛyɛ bɛba wɔ Onyankopɔn ahenni no ase nkutoo. Nanso nea ɛrekɔ so nnɛ no fa nnipakuw ankasa a wɔbɛhyɛ asase nyinaa so ma daakye no ho.​—Yesaia 11:9; 2 Petro 3:13.

Yiw, abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow, ne Bible ahwehwɛde ne nkɔmhyɛ ahorow mmamu kyerɛ nokware a asɛm a obi a ɔyɛ asetra mu nhwehwɛmu a ɔwɔ Copenhagen, Denmark kae no yɛ. Ná wahyɛ mmoa fɛfɛ a Yehowa Adansefo de ma wɔn a wɔanyinyin no nsow, na ɔkãe sɛ: “Mmere biara a me ne asɔfo di nsɛm ho dwuma no, m’aba mu bu yiye. Mo na mowɔ aman ne aman ntam onuayɛ koro pɛ wɔ w’ase. Mibu nam a moyɛ wɔ asɛnka mu no. Monkɔ so wɔ adwuma pa no mu!”

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ pene saa adwene a wɔda no adi no so. Na wɔ biakoyɛ mu no, wɔhwɛ bere a ɛrenkyɛ asase so amanehunu nyinaa betwam, ne bere a Onyankopɔn behwie ne nhyira agu nhyehyɛe foforo so wɔ asase so ha, no kwan. Afei wɔn a wɔpɛ nokware nuayɛ ankasa nyinaa benya asomdwoe, nhyira ne anigye a ɛyɛ den sɛ wobetumi anya nnɛ no.​—Adiyisɛm 21:4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛreka Tito 1:5 ho asɛm no, The Catholic Jerusalem Bible no se: “Mfiase no mpanyimfo kuw dii Kristofo asafo biara so.

[Kratafa 13 adaka]

ONUAYƐ HO NNYINASOSƐM TITIRIW

Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa . . .

. . . dɔ Yehowa, ɔsoro Agya no, fi wɔn koma nyinaa mu, wɔn kra nyinaa mu, wɔn adwene nyinaa mu ne wɔn ahoɔden nyinaa mu (Marko 12:29, 30)

. . . dɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho (Mateo 22:39)

. . . yɛ anuanom mmarima ne mmea ankasa; a asɔfo dibea horow biara nni wɔn mu (Mateo 23:8, 9; 1 Petro 5:2, 3)

. . . twe wɔn ho fi nipa mu nyiyim ho (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Adiyisɛm 7:9, 10)

. . . brɛ wɔn ho ase na wodwo, na wɔnyɛ ahantan ne ahomaso (Dwom 37:9-11; Yohane 13:14, 15; Yakobo 4:6, 10)

. . . yɛ biako a wɔn mu mpaapaee te sɛ Kristoman (Yohane 17:11, 21; 1 Korintofo 1:10; Efesofo 4:1-6)

. . . yɛ nnipa a wonnyina afã biara wɔ amansɛmdi mu (Yohane 17:14; 18:36)

. . . yɛ nnipa a wonni amansɛm, ɛwom sɛ wobetie “Kaesare,” gye sɛ baabi a ɛtõ Onyankopɔn mmara (Mateo 22:21; Asomafo no Nnwuma 5:29)

. . . ma Onyankopɔn Asɛm Bible no kyerɛ wɔn kwan, na wɔde emu abrabɔ pa ho gyinapɛn no tra ase (Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:14-17)

. . . brɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo a ɔne asase so difo foforo no ase (Mateo 7:24-27; Filipifo 2:9-11)

. . . yɛ nnipa a wofi nokwaredi mu redi Yehowa, Kristo ne Ahenni no ho adanse (Yesaia 43:10-12; Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 1:8)

. . . siesie wɔn ho ma ɔsɔretia, ɔtaa ne owu mpo, sɛ ɛfata a (Mateo 5:11; 1 Petro 5:8-10; Adiyisɛm 2:10)

W’ASƆRE NE NEA ƐWƆ ATIFI HA NO HYIA DƐN?

[Kratafa 12 mfoni]

Nokware nuayɛ wɔ hɔ nnɛ!

[Kratafa 14 mfoni]

Ɔpepem pii a wɔwɔ asase so baabiara nnɛ nam sɛ anuanom ankasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena