Nhwɛso Ma Onuayɛ
NÁ ƐYƐ anadwo fɛfɛ bi a wim adwo wɔ afe 33 Y.B. fefɛw bere mu. Mmarima kakraa bi hyiaa ɔpon bi a wɔde nnuan asisi so ho wɔ Yerusalem. Na wɔn kwankyerɛfo ne Yesu Kristo, ɔbarima a wadi mfe 33, a ne yam ye, ɔwɔ botae na ɔwɔ anuonyam. Ná ɔde afotu ahorow a ɛho hia rema n’akyidifo no, efisɛ na saa kuw yi ne adesamma nuayɛ ankasa no mfiase.
Ná kuw no wɔ adamfofa ne ɔdɔ su. Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ ne wu abɛn de, nanso na onnwen n’ankasa ne yiyedi ho. Mmom no, odwo ne ɔdɔ mu no, ɔfaa saa annwumeduan a etwa to a ɔne n’asuafo no dii yi sɛ hokwan de hyɛɛ wɔn nkuran na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.—Yohane ti 13 kosi 17.
Ahobrɛase ne Ɔsom
Yesu taa de nneyɛe ne nsɛm kyerɛkyerɛe. Saa bere yi no, ɔmaa n’asuafo no ho dwiriw wɔn denam guasɛn a nsu wom ne mpopaho a ɔfae na ɔhohoroo wɔn mu biara nan ho no so!
Nanso, Petro siw ɛno kwan, kae sɛ: “Meremma wonhohoro me nan ho da!” Nanso Yesu teɛɛ no, na ɔhohoroo asuafo anokwafo no anan ho, na afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mama mo sɛnnahɔ.”—Yohane 13:8, 15,
Yiw, na Yesu de onuayɛ ankasa ho sɛnnahɔ rema: ahobrɛase ne ɔdɔ honhom ne ɔpɛ mu a wofi som a animhwɛ nni mu, a sɛnea adwuma no ba fam anaa nidi nni ho no mfa ho.—Yohane 13:1-17.
Ɔdɔ ne Biakoyɛ
Ná dɛn ne nkɔmmɔ a Yesu ne n’asuafo no bɔe saa anadwo ɛno asɛmti titiriw? Na ɛyɛ ɔdɔ, nokware onuadɔ, adesamma nuayɛ ankasa ho agyirae no. Sɛnea Yesu kae no: “‘Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɛno me nokwaresom ho sɔhwɛ ankasa.
So Kristoman mu Asɔre horow di saa sɔhwɛ no mu nkonim? So ɔsom afoforo a ɛwɔ wiase no di nkonim? Dabida. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi, bere a wɔhyɛ wɔn asɔremma nkuran sɛ wonkunkum wɔn ho wɔn ho wɔ “Kaesare” ɔmampɛ akodi ahorow mu no?
Nokware dɔ de biakoyɛ ba mmusua ne ɔmanfo ntam. Enti, ntease mu no, na biakoyɛ yɛ asɛmti foforo a Yesu kaa ho asɛm saa anadwo a werɛ remfi da no. Ɔbɔɔ mpae sɛ n’asuafo no “nyɛ biako.” (Yohane 17:11, 20, 21) , Akyiri yi, ɔsomafo Paulo kyerɛw adekoro no ara sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ ‘biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14, NW) Yiw, ɛsɛ sɛ nokware anuanom fekuw yɛ biako.
Wɔ eyi fam no, hwɛ mmɔbɔ a Kristoman tebea yɛ! Ɛdɛn, anyɛ yiye koraa no, Asɔre ne akuw ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo yiye 4,000 wɔ South Africa, nkutoo! Nokwasɛm a ɛyɛ kɛkɛ sɛ Kristoman nyɛ biako na mmom, emu apaapae kɛse no di adanse sɛ anni Kristo akyi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa susuw Yesu kɔkɔbɔ no ho anibere so: ‘Ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no bɔ.’—Luka 11:17.
Hena Na Odi Nkabom No So?
Nanso, ebia wobɛka sɛ: ‘Asɛm a, ɛfa ahobrɛase, ɔdɔ ne biakoyɛ ho yi nyinaa ye. Nanso hena na ɛsɛ sɛ odi nkabom a ɛte saa no so? Ɛno yɛ asemmisa a ɛfata.
Esiane sɛ anuanom a wɔaka abom yɛ “abusua” nti, ɛsɛ sɛ “agya” bi wɔ hɔ a otumi di ne “mma” so na wɔwɔ obu a efi ɔdɔ mu ma no. Nanso hena? Kaesare? Hitler? Stalin? Paapa no? Nea efi tumi a “agyanom” a wɔyɛ nnipa a wɔte saa di mu ba no ankasa kyerɛ. Sɛnea Bible da no adi no: “Enni ɔbarima nsam . . . sɛnea ɔnam a obetutu n”anammɔn.”—Yemmia. 10:23
Eyi nti, ɛsɛ sɛ nokware “Agya” no yɛ obi a ofi soro—Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Agya yi a yebegye no atom na yɛasom no no ho hia yiye na ama obi abɛyɛ onua anaasɛ onuawa ankasa.
Biribiara nni hɔ a ntease nnim wɔ eyi ho. Ɛwom, Onyankopɔn yɛ nea wɔmmfa ani nhu no, saa na tumi ahorow bebree, te sɛ anyinam ahoɔden a ɛyɛ nneɛma a ani hu no nso te. Nneɛma a ɛyɛ fɛ ne nea ɛyɛ nwonwa nyinaa a atwa yɛn ho ahyia, efi nsoromma akuwakuw so kosi adebɔ mu nneɛma nketenkete so, yɛn nipadua no afã horow a ɛyɛ nwonwa, sɛ ebia aniwa a wode rekenkan asɛm yi, kyerɛ sɛ Ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi ne nyansa a enni ano wɔ hɔ.—Dwom 19:1, 2; 139:14.
Nea ɛka nsɛm a adebɔ da no adi no mmɔho mpempem pii ne Bible. Emu nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu no abam, anaasɛ egu so renya mmamu mprempren. Ekura anidaso asɛm a edi mũ ma nnɛ, bere a ɛda ɔsoro Agya no atirimpɔw ne ne papayɛ adi.
Esiane sɛ onipa tumi kyerɛ wimhyɛn a ɛwɔ wim akwansin ɔpepepem no kwan nti, ɛda adi sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no sɛ ɔbɛkyerɛ ne nkoa a wɔwɔ asase so no kwan. Na ɔwɔ tumi horow a wɔmmfa aniwa nhu a ano yɛ den a ɔde di dwuma—sɛ ebia n’adeyɛ tumi anaasɛ honhom kronkron no—a sɛ wɔde toto ho a, na onipa aboɔden ketewaa no nyɛ hwere.
Agya no a ne din de Yehowa a wonnye no ntom na wɔmmfa ahobrɛase nsom no no ne ade titiriw nti a mmɔden bebree a wɔrebɔ de ahyehyɛ onuayɛ ankasa adi huammɔ. Wɔ Kristoman mu titiriw, sɛnea ɛte wɔ asɔre afoforo mu no, nidi a wɔde ma agya, wɔ honhom fam, yɛ nea wɔadan afi Onyankopɔn so akɔ nnipa so.
Sɛ́ wɔbɛba abehu na wɔadɔ Agya ne ɔba no, na Agya ne Ɔba nso adɔ wɔn no ne ɔkwan a wɔfa so bɛyɛ “onuabarima” anaa “onuabea” na ɛyɛ ɔkwan a ɛde kɔ daa nkwa mu nso. Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ ne nuanom saa anadwo a agye din wɔ abakɔsɛm mu no: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Asase So Difo Foforo
Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘So Yesu kaa n’asuafo ahobrɛasefo no ho asɛm sɛ “anuanom”?’ Yiw. Da koro bi, bere a Yesu rekasa kyerɛ nkurɔfokuw bi no, obi ka kyerɛɛ no sɛ ne na ne ne honam fam nuanom pɛ sɛ wohu no. Obuaa wɔn sɛ: “Hena ne me na, na hena ne me nuanom?” Ɔteɛɛ ne nsa kyeerɛɛ n’asuafo no so kae sɛ: “Hwɛ me na ne me nuanom ni! Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a awo soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabea ne ɛna.”—Mateo 12:46-50.
Enti Kristo ne “onua panyin” sɛnea ɛte wɔ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa mu no. Ɔno ne nea Onyankopɔn nam no so gye adesamma fi nkoa a wɔyɛ ma bɔne ne owu no mu.—Mateo 20:28.
Nanso dwuma titiriw a Yesu redi mprempren no sõ sen sɛnea na ɛte bere a na ɔwɔ asase so no. Ɔyɛ asase so difo foforo mprempren! Dabi, ɔnyɛ wiase dedaw a ɛresɛe, a Satan Ɔbonsam na odi so ankasa no so difo, efisɛ Yesu kae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36; Luka 4:5-8.
Onyankopɔn Nniso
Ahenni no yɛ Onyankopɔn nniso a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ ho mpae bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɛyɛ Bible mũ no nyinaa asɛmti ne Kristo nkyerɛkyerɛ titiriw.
Saa nokwasɛm ahorow yi nyinaa akyi no, asɔfo ntaa nka Onyankopɔn nniso no ho asɛm. Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells twee adwene kɔɔ eyi so, na ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛnea Yesu sii nea ɔfrɛɛ no ɔsoro Ahenni no ho nkyerɛkyerɛ so dua, ne sɛnea wommu sɛ ɛho hia titiriw biara wɔ Kristofo asɔre horow pii no nhyehyɛe ne nkyerɛkyerɛ mu no.”
Onyankopɔn soro nniso, a Kristo di so hene, no bɛpopa ɔporɔw ne bɔne nyinaa afi asase so nnansa yi ara, na ɛde mprempren nnipa nniso horow nyinaa aba awiei. Odiyifo Daniel kaa eyi ho asɛm siei sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da bi so, na ebebubu ahenni horow [a ɛwɔ wiase] no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.” Daniel 2:44.
Ɛno ba wɔ “wiase awiei” no mu, bere a wɔko “Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko,” Harmagedon no. (Yesaia 34:2; Adiyisɛm 16:14-16) Nanso so wɔbɛsɛe adesamma nyinaa? Dabi, efisɛ odwontofo a honhom kaa no no bua sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi. . . . Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:9-11.
Henanom ne saa “ahobrɛasefo” yi a “wɔtwɛn Yehowa” no? Wɔn na wɔyɛ adesamma mu anuanom ankasa a wobefi Harmagedon mu aka na wɔanya paradise bere a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ asase yi so wɔ Onyankopɔn nniso ase no mu anigye, bere a wɔbɛyɛ Ne pɛ wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro no.—Adiyisɛm 7:9-17.
So eyi nyɛ anidaso pa? Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra wiase sodifo te sɛ Kristo ase—nea ne yam ye na ɔbrɛ ne ho ase, ɔnokwafo ne mmɔborohunufo, nea ɔte adesamma nsɛm ase yiye, esiane sɛ onim yɛn yiye nti! Na hwɛ sɛnea ɔbɛyɛ sororonko wɔ wɔn a wɔkɔ amammui sukuu ahorow a wɔnam so di nnipa so sɛnea ɛmfata no ho! Hwɛ anigyea ɛbɛyɛ sɛ wo ne wiase nyinaa abusua a anuanom mmarima ne mmea wom bɛtra na moasom na moanya “anigye wɔ asomdwoe bebree mu”!
Nanso, ebia wuresusuw sɛ: ‘Na so onuayɛ ankasa a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ? So edi dwuma ankasa? Sɛ saa a, henanom na wɔyɛ emufo? Ɛhe na metumi ahu wɔn?’
[Kratafa 9 mfoni]
Onuayɛ ankasa mfitiase