Ɔdɔ Ma Anuanom A Wɔwɔ Wiase Nyinaa No
1 “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ monnodɔ mo ho mo ho!” (Yoh. 13:34) Ɛbɛdaa adi sɛ na ɔdɔ a Kristo Yesu asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu benya ama wɔn ho wɔn ho ho hia kɛse. Wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no, ɛho hia saara sɛ yebeyi ɔdɔ a ɛte saa adi. Ɛnde hwɛ fata ara a ɛfata sɛ asɛmti a wɔapaw ama ɔmansin nhyiam ahorow a ebefi ase wɔ July 1986 mu no ne “Ɔdɔ ma Anuanom a Wɔwɔ Wiase Nyinaa No.”
2 Wɔayɛ dwumadi no ho nhyehyɛe ma yɛde asusuw ɔdɔ a ɛyɛ su a ɛho hia kɛse a ɛka Onyankopɔn nkurɔfo bom wɔ biakoyɛ ne mudi mu kura mu no afã ahorow pii ho. Bere a Satan wiase no kɔ so da nitan adi wɔ aman, nkurɔfo, kasa ahorow ne mmusua mu no, Yehowa nkurɔfo da ɔdɔ adi kyerɛ gyidi fifo a wɔwɔ wiase nyinaa no.
3 Ɔmansin nhyiam ahorow a ne ti ne: “Yɛn Fam de a Yɛbɛyɛ De Ahyɛ Onyankopɔn Anuonyam” no bɛba awiei ɔsram yi. Amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa aka kyerɛ sɛ anuanom ani gyee ho kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔka nneɛma ahorow a ɛnyɛ nokware ho asɛm ma ɛtra so kɛse wɔ wiase no mu . . . wɔ nhoma ahorow, nsɛmma nhoma, video ne nneɛma afoforo a ɛte sɛɛ mu. . . . Sɛ́ yɛbɛnantew pɛpɛɛpɛ te sɛ bere a yɛnam awia no kyerɛ gyae a yebegyae sum nnwuma na yɛama ada adi te sɛ nea ɛte no.” Wɔama yɛada yɛn ho so wɔ akwammɔne ahorow a ɛsɛ sɛ yekyi no ho na wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ honam akɔnnɔ asɛnnua mu na emfi nyansa mu ntɔ bere mma Ahenni adwuma a wɔyɛ no kɛse.
4 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho sɛ yɛde afotu pa yi bedi dwuma bere a yɛhwɛ honhom fam apontow foforo kwan wɔ ɔmansin nhyiam foforo a ɛreba ase no. Yɛn botae ne sɛ Yehowa behu yɛn wɔ tebea a ɛsɔ n’ani mu sɛ anuanom a wɔyɛ biako wɔ wiase nyinaa. (2 Pet. 3:13, 14) Momma yɛn nyinaa nyɛ nhyehyɛe mprempren sɛ yɛbɛkɔ nnanu no nyinaa.