Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 6-7
  • Nea Asuade Ahorow No Betumi Akyerɛ Yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Asuade Ahorow No Betumi Akyerɛ Yɛn
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo”
  • Nneɛma A Wɔansua Amfi Abakɔsɛm Mu
    Nyan!—1984
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nea Ɛbɛma Yɛanya Wiase a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 6-7

Nea Asuade Ahorow No Betumi Akyerɛ Yɛn

SƐ ƐTE sɛnea abakɔsɛm resan atĩ ne ho mu a, ɛnde so ɛbɛyɛ sɛ obi a aniwa nhu no wɔ adesamma abakɔsɛm a ɛyɛ awerɛhow no akyi anaa? So ne nnwuma da no adi sɛ ɔyɛ onipa bɔne anaa? Mmuae a Bible de ma no mu da hɔ.

Kristoni somafo Paulo ka saa adesamma abakɔsɛm a ɛyɛ awerɛhow yi farebae no ho asɛm sɛ ɔne, Satan Ɔbonsam, “wi yi ase nyame” no. (2 Korintofo 4:4) Dɛn ntia, efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu”! (1 Yohane 5:19) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ wɔ abakɔsɛm mu no, atirimɔden nniso biako di atirimɔden nniso foforo akyi, efisɛ ahonhommɔne, “wiase sum mu atumfo” no bɛpɛ sɛ ɛyɛ saa. (Efesofo 6:12) Ɛnde, ɛsɛ sɛ abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ, wobetumi ayɛ nsakrae biako pɛ a ɛde akomatɔyam ankasa bɛba wɔ nniso mu. Atirimɔden nniso bɛyɛ ade a atwam wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso nkutoo ase.

Asuade 2 a ɛfa nyamesom ne amammuisɛm ho no nso ɛ? Ɛda adi sɛ atoro nyamesom adamfofa a ɛne wiase wɔ no nsiw ɔbrasɛe a Paulo kaa ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ saa nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no fã titiriw no ano ɛ. Ɔkae sɛ nnipa​—wɔn a wɔka sɛ wosuro Onyankopɔn mpo​—bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo” ne “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” Wobenya “onyamesom pa ho ahofama bi” ara kwa.​—2 Timoteo 3:1-5, NW.

Dɛn nti na wiase no nyamesom asɔfo adi nkogu wɔ siw a wobesiw saa su a ɛho ntew yi ano no mu. Ne fã bi ne sɛ, wontumi nyɛɛ saa ɛ, efisɛ bere nyinaa no wɔhwehwɛ sɛ wɔde nyamesom bɛfra amammuisɛm mu. Eyi mma wɔn ho ntew wɔ Onyankopɔn ani so, na ɛsɛ sɛ yesua fi eyi mu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ mu bi, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo a.​—Adiyisɛm 17:1, 2, 5; Yakobo 4:4; Yohane 15:19.

Nea ɛka ho no, honam fam yiyedi mmaa wɔn a wɔanya bi no nyaa anigye ankasa ɛ. Satan ne n’ahonhommɔne no de honam fam ade dodow pɛ redi dwuma de atwe nkurɔfo afi som a wɔbɛsom Onyankopɔn no ho. (Marko 4:19) Ɛsɛ sɛ saa asuade a efi abakɔsɛm mu no kyerɛ yɛn sɛ anigye ankasa fi yɛn ani a yɛbɛma akũ yɛn honhom mu ahiade ho ne yɛ a yɛbɛyɛ ho biribi ma yɛn nsa aka no mu na ɛba.

Nea etwa to koraa no, ɛsɛ sɛ Bible no so a yebegyina asua abakɔsɛm ma yegye tom sɛ adesamma rentumi nni yiye a Onyankopɔn nka ho. Nokwarem no, adesamma a wɔnyɛ pɛ no rentumi mfa nsakrae horow a wiase no hia no mma. Nanso eyi nkyerɛ sɛ yenni anidaso biara. Dabi, nokwarem no, Onyankopɔn ahyɛ biribi a eye kyɛn so ho bɔ.

“Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo”

Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw ma yɛn okyinsoromma a ɛne Asase yi nyɛ sɛe a wɔnam nuklea ɔtopae so bɛsɛe no. Mmom no, obeyi nhyɛso nhyehyɛe a ɛde awerɛhow ba asase so no afi so. (Ɔsɛnkafo 1:4; Yesaia 45:18) Bere a Onyankopɔn de nsakrae yi aba denam Yesu Kristo so akyi no, Satan ne n’adaemone a wɔde wɔn bɛto afiase bedi akyi aba. (Adiyisɛm 19:11-20:3) Kan abakɔsɛm kwankyerɛfo no rennya adwuma nyɛ bio! Afei Nhyehyɛe Foforo a ɛhyɛ Yehowa kwankyerɛfo panyin Yesu Kristo nsa no mu nhyira bɛba. Ɛdenam Yesu trenee nniso so no, bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37:11 no bɛba mu, na afei “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Hwɛ anigye da a ɛbɛyɛ ama adesamma abusua no!

Ebia nneɛma a wonsua mfii abakɔsɛm mu no mu nea ɛsen biara ne yɛ a Satan yɛ wiase no nyinaa sodifo no. Nanso ɛno bɛsakra bere a Yesu adi no so nkonim wɔ bere a wɔatew Yehowa Nyankopɔn din ne ne tumidi ho no mu no. Afei nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a asisi wɔ adesamma abakɔsɛm mu no rensisi bio, efisɛ Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Kan nneɛma no rensisi bio, anaasɛ wɔrenkae mpo, na mmom ɛbɛyɛ nea atwam kɔ. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4) Biribiara nni hɔ a ebetumi ahaw adesamma asomdwoe ne ahotɔ wɔ saa Nhyehyɛe Foforo a Nea n’atirimpɔw nni huammɔ no ahyɛ ho bɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena