Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 4-6
  • Nneɛma A Wɔansua Amfi Abakɔsɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma A Wɔansua Amfi Abakɔsɛm Mu
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Asuade Ahorow No Betumi Akyerɛ Yɛn
    Nyan!—1984
  • Ɔfã 2: Ntimu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2019
  • Ɔfã 3: Ntimu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 4-6

Nneɛma A Wɔansua Amfi Abakɔsɛm Mu

Ɛte sɛ nea abakɔsɛm ho ade a wosua wɔ sukuu ne sukuupɔn ahorow mu no taa yɛ nea ɛsen nsɛm a asisi, akodi ahorow, nhoma a nsɛm atitiriw wɔ so ne nnipa ahorow ho ade a wosua kakraa bi pɛ. H. G. Wells kae sɛ “abakɔsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛmfa biribi titiriw ho” wɔ yɛn sukuu nna mu no yɛ nea “ɛfa ɔman ahemfo anaa aman mpanyimfo ho a ɛnhyɛ nkuran na wɔnkae no ahe biara titiriw.”

Nanso wɔ nnipa a wosusuw nneɛma ho fam no, ɛsɛ sɛ abakɔsɛm yɛ kanea a ɛbɛma yɛahu asiane ahorow a esisii wɔ tete ne nnɛ bere yi mu. Ɛsɛ sɛ ɛma yenya anidaso ma daakye. Afei, susuw nneɛma binom a efi abakɔsɛm mu a ɛho hia ho ne nea adesamma antumi ansua amfi mu no nso ho.

ASUADE 1​—Nniso a wɔsakrasakra no: Sɛnea na ɛte wɔ Franse Ɔman Anidan no mu no, adwene no ne sɛ eyi nsi eyi ananmu, wohu “nsakrae” no yiye, nanso ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Enti, ebia atirimɔden nniso besi atirimɔden nniso ananmu. Wɔ demokrase akuw ahorow a ɛwɔ Atɔe Fam, te sɛ nea ɛwɔ United States anaasɛ Great Britain no mu no, amanyɛkuw si amanyɛkuw ananmu denam abatow so. Nanso nsakrae anaa ɔman anidan titiriw biara mma ankasa.

Nea ɛyɛ anigye no, ɔkyerɛwfo a wagye din Paul Valery kae sɛ: “Amansɛmdifo nyinaa akenkan abakɔsɛm; nanso obi bɛka sɛ wɔkenkanee sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasua sɛnea wɔbɛsan atĩ saa amanehunu ahorow no mu bio.” Nanso dɛn nti na eyi te saa? Nea edi kan no, efisɛ nea Bible ka no yɛ nokware: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Dɛn ne asuade a ɛwɔ eyi mu? “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Nnipa bɔhyɛ ahorow yɛ nea ɛtaa di huammɔ. Ɛwom sɛ ebia wɔbɛsɔ ahwɛ ade, nanso nhwɛ kwan sɛ nnipa de nniso a ɛma akomatɔyam bɛba. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi, na ɔbɛyɛ saa denam n’Ahenni a Yesu Kristo yɛ so Hene no so.​—Mateo 6:9, 10; Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44.

ASUADE 2​—Nyamesom wɔ amammuisɛm mu: Abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere a nyamesom a wɔahyehyɛ asɔfokuw wɔ hɔ bere biara mu na wodi ɔmanfo no so tumi wɔ amammui kwan so no, wɔyɛ adwuma sɛ adwinnade de kora nsɛm tebea a ɛwɔ hɔ no so ma ɛyɛ mfaso ma sodifo no mpɛn pii. Eyi ho nhwɛso ne nea Roman Katolek asɔfo mpanyimfo a wɔwɔ Europa ne baabiara yɛe maa feudal nhyehyɛe traa hɔ bere tenten bi wɔ bere a Roman Ahemman no hwee ase wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mu akyi no. Bɛyɛ mfe apem anaa nea ɛboro saa no, Asɔre a ɛwɔ Atɔe Fam ne Apuei Fam nyinaa boom ne ahene, ahempɔn ne awuranom yɛɛ adwuma de koraa nnipa kakraa bi a wodi tumi no hokwan ahorow a wɔwɔ ne wɔn nneɛma a wɔde asie so.

Nea wɔn nso wɔde maa asɔre no ne nsase (nea wogyina so di tumi wɔ feudal nhyehyɛe no mu) , na wɔfrɛɛ emufo no sɛ “me wura Ɔsɔfo” anaasɛ “me wura Ɔsɔfo Panyin.” Na ebetumi aba sɛ paapa no ankasa ne ɔhempɔn a ɔwɔ tumi sen biara wɔ Kristoman mu. Tumi a ɛte saa yɛ nea wobetumi ahu wɔ paapanom tumi ahorow a wɔwɔ a wɔahyehyɛ a Paapa Gregory VII tintimii wɔ afeha a ɛto so 11 no mu no mu. Nea ɛka eyinom ho ne “tumi a wɔwɔ sɛ wobetu ahempɔn” ne sɛ “wobetu obiara mmara agu.”

Nokwarem no, sodifo a na wɔwɔ tete Babilon, Misraim, Aztec America, Hindu India​—ne tete akuw ahorow nyinaa mu​—de nyamesom nhyehyɛe adi dwuma abɔ wɔn ankasa yiyedi ho ban. Na esiane pɛsɛmenkominya mfaso nti, wiase no nyamesom abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɛne Ɔman no benya ayɔnkofa a emu yɛ den. Nanso asuade bɛn na ɛwɔ eyi nyinaa mu? Ɛne sɛ, bere a nyamesom ne amammui di afra na ɛde ne ho hyehyɛ wiase no ne n’amammuisɛm mu no, ɔmanfo no hu amane na basabayɛ fi mu ba. Saa honhom mu aguamammɔ no na ɛma ɛyɛ akyide ma Onyankopɔn no. (Adiyisɛm 17:3-5) Bio nso, yehu sɛ ɔsom a Onyankopɔn pene so no ahwehwɛde biako ne sɛ ‘obi yi ne ho fi wiase nkekae ho.’

ASUADE 3​—Honam fam yiyedi: Wɔ nsase binom so ne wɔ mmere horow bi a abakɔsɛm aka ho asɛm mu no, nnipa adi yiye wɔ honam fam. Pii kyerɛ sɛ anigye ne akomatɔyam nya nkɔso bere a asetra gyinapɛn kɔ soro no. Nanso dɛn na abakɔsɛm ankasa kyerɛ? Ɛne sɛ honam fam yiyedi nyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma nnipa anya anigye. Ɛnde, wɔ honam fam nneɛma akyi no, dɛn bio na ɛho hia?

Ivar Lissner kae wɔ ne nhoma Man, God and Magic no mu sɛ: “Obi ho betumi adwiriw no wɔ onipa mmɔden a wabɔ wɔ n’abakɔsɛm nyinaa mu sɛ ne nsa bɛka nea ɛsen nea ɛwɔ asetra yi mu no ho. Wamfa n’ahoɔden nyinaa anhwehwɛ nneɛma a ehia no wɔ asetra mu no nkutoo akyi kwan. Bere nyinaa no, ɔkɔ so ara hwehwɛ sɛ obetumi adu nea ɔrentumi nnu ho no ho. Saa nkate a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ onipa mu no ne ne honhom mu ahiade. . . . Onipa koma ntɔ ne yam wɔ sɛ obedidi, ɔbɛda ne sɛ ɔbɛma ne ho ayɛ ne hyew ara kwa no ho . . . Onipa anibuei a aba pɛn nyinaa yɛ nea na egyina nyamesom ne hwehwɛ a na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn no so. Sɛ gyidi, nyamesom ne Onyankopɔn nni hɔ a, anka anibuei nyɛ nea wɔbɛte ase.”

Bɛyɛ mfeha dunkron a atwam ni no, Yesu Kristo kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, New World Translation) Enti, ɛwom sɛ honam fam yiyedi betumi de anigye aba de, nanso yɛasua afi saa abakɔsɛm asuade yi mu sɛ nokware anigye fi yɛn honhom mu nneɛma a yebenya mu na ɛba.

ASUADE 4​—Asetra mu yiyedi: Ɛrenyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ wiase bi a eye a wɔremma nnipa no nyɛ nnipa pa. Nokwarem no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Yiw, nsɛm a asisi te sɛ nkoatɔ a woguu no no aboa ma nnipa adi yiye wɔ asetra mu. Nanso nneɛma ahorow pii a ɛnam onipa so ba kɔ so ara ma ɔpepem pii wuwu wɔ atirimɔden akodi ahorow mu. Sɛ yɛn nsa bɛka asetra mu yiyedi ankasa a, ɛnde na ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ma wɔdɔ wɔn mfɛfo nnipa. (Mateo 22:39) Nokwarem no, Bible no kyerɛ sɛ ebegye mfirihyia apem ansa na adesamma abɛyɛ pɛ wɔ Yesu Kristo ne ne yɔnko-adedifo a wɔasra wɔn no ahenni ase. Nanso, saa bere no rebefi ase, na ɛno bɛyɛ nneɛma pii a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ no mu biako.​—Adiyisɛm 20:4-6; 21:1-5.

Akyinnye biara nni ho sɛ, yebetumi asua nneɛma pii afi adesamma abakɔsɛm mu. Na asuade anan a yɛabobɔ din mprempren ara no nso ɛ? Yɛn ankasa betumi de saa abakɔsɛm mu asuade ahorow yi adi dwuma dɛn?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

‘Wɔkenkan na ama wɔasua sɛnea wɔde saa amanehunu koro no ara bɛba bio’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena