Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 12/8 kr. 3-6
  • ‘Ná Yɛdɔ Wo Ansa Na Yɛrewo Wo Mpo’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ná Yɛdɔ Wo Ansa Na Yɛrewo Wo Mpo’
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Bɛn So No Wobetumi Asakra Asetra Kwan Bi?
  • Ansa na Wɔrewo Wɔn​—Ne Ɛno Akyi
  • Ɔdɔ Mu a Wofi Hwɛ Wɔn ne Ayaresa
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 12/8 kr. 3-6

‘Ná Yɛdɔ Wo Ansa Na Yɛrewo Wo Mpo’

Hokwan a wowɔ sɛ wobɛtra ase ne hokwan a wowɔ sɛ wubewu. Aduruyɛ ko a wopɛ a wobɛpaw. Awofo dɔ ne hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn mma. Wunim sɛ saa nsɛm yi yɛ nea wɔtwe adwene si so kɛse wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Nsɛm bi a na ɛwɔ atesɛm nkrataa mu no yɛ nea ɛfa Yehowa Adansefo a wɔpow mogya esiane nyamesom mu ntease nti ho. Nanso nneɛma afoforo pii ka ho, efisɛ aduruyɛ ho gyinaesi ahorow ka yɛn nyinaa nkwa ne akwahosan. Sɛnea ɛbɛboa ma yɛate nsɛm yi ase yiye no, momma yɛnhwɛ osuahu a ɛfa abusua bi a wɔyɛɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ wɔn mma yiye ho no. Nea edi so ne asɛm a ɛyɛ anigye yiye a ɛfa awarefo bi a wɔwɔ Italy a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔadi awu bere a ɔyare bi a wontumi nsa kum wɔn ba no ho. Eyinom ne nsɛm abien a edi so no bɛboa wo ma woahu mfaso a ɛwɔ nsɛm a ɛwɔ atifi ha no bi so, ne titiriw no, asemmisa a ɛfa oniiko a ɛsɛ sɛ osi aduruyɛ a ɛka wo akwahosan ne wo nkwa ho no ho gyinae.

SƐ LUIGI a wadi mfe 9 ne Antonella a wadi mfe 11 no ba fie awia sɛ wobedidi a, wɔn maame a wɔfrɛ no Fiorella yɛ wɔn atuu na obisa sɛ: “Nneɛma kɔɔ so dɛn wɔ sukuu nnɛ?” Nkɔmmɔbɔ no kɔ so bere a woguare, wɔsesa wɔn ntade na afei wɔte didi-pon ho no. Bere a Fiorella abɔ mpae tiaa akyi no, wodidi mee. Wɔn papa a wɔfrɛ no Carlo remma fie kosi anwummere, nanso mpɛn pii, wɔka ne ho asɛm wɔ ɔdɔ kwan so na wonya pii ka kyerɛ no.

So wote nka sɛ saa abusua asetra a ɛyɛ anigye yi yɛ bere bi a atwam de? Ɛte sɛ nea ɛte saa, efisɛ wunim sɛ abusua asetra a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko koraa. (Hwɛ adaka no mu.) Ɛda adi sɛ abusua no mu nsɛm tebea​—faako a mmofra de wɔn bere fã kɛse tra no​—resɛe. Esiane sɛ awaregu ne aware mu ntetewmu abu so nti, di a mmofra di wɔn awofo nkyɛn akɔneaba te sɛ amanade no rekɔ so. Mmofra afoforo a wɔne wɔn awofonom te ayɛ te sɛ bɛhwɛadefo a wɔde awerɛhow hwɛ wɔn awofo ntɔkwaw ahorow, sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔhwe wɔn pirapira wɔn a. Mpɛn pii no, abusua asetra a asɛe no de nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ne mmofrabɔnesɛm na ɛba.

Amanaman Nkabom no kaa afe 1979 ho asɛm sɛ ɛyɛ Amanaman Ntam Mmofra Afe. Nanso Fabrizio Dentice kyerɛwee wɔ L’Espresso mu sɛ, “Biribi a ɛsen Mmofra Afe ho hia na wɔde adi tebea no ho dwuma.” Nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Ɔkwan e yɛfa so tra ase nnɛ no na ɛma yɛyɛ sɛnea yɛte, na eyi na ehia nsakrae.”

Nanso wunim sɛ sakra a wɔbɛsakra ɔkwan a yɛfa so tra ase ne nneɛma a atwa mmofraho ahyia a yɛbɛma anya nkɔso no yɛ nyɛ mmerɛw. Nanso ɛno na Carlo ne Fiorella yɛe wɔ mfe kakra a atwam no mu bere a wɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no akyi no. Wosii gyinae sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ wɔn abusua mu. Enti mprempren ɔdɔ aba wɔn abusua asetra no mu na ɛde nhyira abrɛ wɔn mma no.

Ɔkwan Bɛn So No Wobetumi Asakra Asetra Kwan Bi?

Akyinnye biara nni ho sɛ wunim mmusua afoforo a wobetumi anya mfaso afi sakra a wɔbɛsakra wɔn asetra kwan ne nsɛm tebea a ɛwɔ ofie hɔ no mu. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛhia sɛ wɔsakra wɔn asetra kwan a wodi akyi no. Nnipa pii yɛ nea wɔpɛ na wɔn ankasa akɔnnɔ ne wɔn botae horow nkutoo ho dwuma na wodi. Pii de wɔn ahoɔden nyinaa di wɔn adwuma a ɛbɛyɛ yiye ho dwuma anaa wɔde hwehwɛ anigyede. Sɛ wɔn aware mu ɔhokafo ho fono wɔn a, wɔware foforo.

Sɛ yɛbɛda nsow a, ɛsɛ sɛ yesusuw nnyinasosɛm ahorow a eye ho kɛse wɔ yɛn asetra mu. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn ne Bible no mu nnyinasosɛm ahorow ho. Ɛno betumi ama yɛanya yɛn honhom mu ahiade sɛnea Carlo ne Fiorella nyae no. Yɛn nso, yebetumi ama yɛn ani ada hɔ wɔ boa a yɛbɛboa afoforo no ho, efisɛ Bible no kyerɛkyerɛ sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” ne “Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.”​—Mateo 22:39; Asomafo no Nnwuma 20:35.

Nkɛntɛnso bɛn na eyi benya wɔ yɛne yɛn mma ntam abusuabɔ so? Sɛ́ anka wɔbɛyɛ akwanside wɔ yɛn akwan mu mmom no, yebehu sɛ wɔyɛ nnipa. Sɛ ebia ɛyɛ nea yɛyɛɛ ho nhyehyɛe anaa yɛanyɛ no, yɛn ani begye wɔn ho sɛ nnipa a wɔn asɛyɛde da yɛn so sɛ́ awofo. Wobetumi adan nhyira, sɛ yɛma ɔdɔ ne honhom mu nneɛma pa tra wɔn mu a. Nneɛma pa a ɛte sɛɛ bɛyɛ ade a ɛtra hɔ daa wɔ abusua biara mu.

Adwene a ɛte sɛɛ a wobenya no betumi anya ɔkwan a awofo fa so susuw mmofra ho ansa na wɔawo wɔn no so nkɛntɛnso mpo. Yebetumi ahu eyi yiye denam kɔ a yɛbɛkɔ so ahwehwɛ Carlo ne Fiorella osuahu no mu no so.

Ansa na Wɔrewo Wɔn​—Ne Ɛno Akyi

“Hwɛ, [Yehowa] agyapade ne mmabanin.” Ɛreka saa no na Dwom 127 kyerɛ sɛ mmofra som bo na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn yiye. Obi a ɔwɔ anidaso sɛ obenya agyapade bi no taa yɛ nhyehyɛe sɛ obegye, ne sɛ ɔbɛhwɛ so yiye.

Na eyi yɛ nokware wɔ Carlo ne Fiorella fam. Ansa na wɔne Yehowa Adansefo resua Bible no na wonnim da sɛ ne nnyinasosɛm ahorow akyi a wobedi no betumi anya nkɛntɛnso pa wɔ abofra a wɔnwoo no mpo so. Sɛ nhwɛso no, Bible no si yɛn ho a yɛbɛhohoro afi ɔhonam fĩ nyinaa mu so dua. (2 Korintofo 7:1) Enti Yehowa Adansefo nsɛe wɔn nipadua no denam tawa anaasɛ nnubɔne a wɔnom de gye wɔn ani so. Nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ eyi nso yɛ ade a ɛho hia a ɛbɔ abofra a wɔnwoo no no ho ban. Enti bere a Fiorella nyinsɛnee bio no, ne Bible mu nimdeɛ no ma onyaa ntease foforo na ɔkwatii biribiara a ebepira abofra no wɔ n’awotwaa mu. Ɛdenam nnuan pa a odii ne ahwɛyiye a ɔyɛe wɔ nnuru a ɔde dii dwuma ho so no, ɔkyerɛe sɛ osusuw ne ba a ɔnnwoo no no ho sɛ “agyapade” a ɛsom bo.

Wunim sɛ wɔ ɔwofo biara fam no eyi yɛ mfiase ara kɛkɛ. Bere a wɔawo abofra no akyi no, obehia nnuan pa, ntade a ɛfata ne ayaresabea a wɔde no bɛkɔ bere a ɔyare. Susuw nea ebia eyi betumi akyerɛ ama abusua no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ebia mpɛn pii no awofo binom ani begye nnuan bi a ne noa yɛ ntɛm ho anwummere sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akɔsaw anaasɛ wɔakɔhwɛ sini de, nanso afei de na ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn mma ahiade ahorow ho. Nnuan pa a ahoɔden wom ye titiriw ma mmofra a wɔrenyin. Entibere a ebia ɛtɔ bere bi a wɔrennoa nnuan a egye bere no, awofo a wɔwɔ ɔdɔ bɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma ahorow a wɔyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma benya aduan pa a ɛfata adi. Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ eyi.

Nanso sɛnea wubetumi ahu no, yɛn mma a yɛbɛhwɛ wɔn no yɛ nea egye nneɛma pii sen honam fam nneɛma ara kwa. Mmofra hia ɔdɔ, bere ne adamfofa su fi wɔn awofo hɔ. Ɛsɛ sɛ yedi wɔn nkate horow ho dwuma denam te a yɛbɛma wɔate nka sɛ yɛn ani gye wɔn ho no so.​—1 Tesalonikafo 2:7.

Carlo ne Fiorella hui sɛ Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase.” (Mateo 4:4) Kristofo awofo a wɔwɔ ɔdɔ a wohu saa nokwasɛm yi no de honhom mu ntetee ma wɔn mma. Na Fiorella ne Carlo ahu sɛ eyi yɛ adwuma, bere a wofii ase kɔɔ Yehowa Adansefo Kristofo nhyiam horow no. Na eyi nyɛ mpanyimfo nhyiam bi a ɛnyɛ anigye ara kwa na mmom na mmofra pii wɔ hɔ, mmofra a wɔde anigye daa ɔdɔ a wɔn awofo wɔ ne hwɛ a wɔn awofo a wɔyɛ Adansefo yi hwɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so no adi kyerɛe.

Ebia na wunnim sɛ Adansefo no susuw abusua asetra ho kɛse saa. Wɔyɛ saa ankasa. Wɔn nhoma ahorow pii ka Kristofo awofo asɛyɛde ahorow ho asɛm. Mpɛn pii no wɔn nhyiam horow kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo da Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no su horow adi. Enti wɔhyɛ wɔn a wɔwɔ ho nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn mma.​—2 Korintofo 1:3.

Ebinom a wɔnyɛ Adansefo ahu su pa ahorow a awofo a wɔyɛ Adansefo da no adi no. Italiafo atesɛm krataa bi kae sɛ: “Yehu sɛ wɔwɔ abrabɔ mu ntease a ɛyɛ katee na wodi eyi akyi denneennen, na etumi bɔ nneɛma pa ho ban, te sɛ nneɛma a ɛwɔ abusua asetra mu no. Ɛdefa di a awarefo ne wɔn mma di ho no, Yehowa Adansefo mpene ɔkwan a ntease nnim a wɔfa so tetew aware mu no ne awaregu so.”​—La Nazione, July 31, 1979.

Ɔdɔ Mu a Wofi Hwɛ Wɔn ne Ayaresa

Nanso ebinom wɔ hɔ a wɔka sɛ, “Sɛ Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔyɛ awofo pa a, dɛn nti na wɔpow sɛ wɔbɛma wɔn mma agye mogya? So ɛno nyɛ awudi?” So woate nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔka, anaasɛ w’ankasa asusuw eyi ho mpo?

Nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔka no fa asɛm bi a ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo ho na ɛfa, a ayɛ nsɛntitiriw wɔ atesɛm nkrataa mu no ho. Ɛne eyi: Sɛnea woahu no, wɔhwɛ awofo biara a wɔwɔ ɔdɔ kwan sɛ wobedi wɔn mma yiyedi ho dwuma a sa a wɔbɛsa wɔn yare ka ho. Nanso ano bɛn na awofo a wosusuw ade ho wɔ wɔ aduyɛ ho gyinaesi a ɛfa wɔn mma ho no mu?

Eyi yɛ asemmisa a ɛfa awofo nyinaa ho a ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo. Nanso bere a Adansefo no ho asɛm wɔ w’adwene mu no, susuw awofo a wɔde wɔn ho ma te sɛ Carlo ne Fiorella a wɔdɔ wɔn mma yiye a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobewu ama wɔn no ho bio. (Yohane 15:13) Atesɛm nkrataa abɔ amanneɛsɛ awofo a wɔte sɛɛ no apow sɛ wɔremma wɔmmfa mogya a nnuruyɛfo aka sɛ wɔmfa mma wɔn no mma wɔn. Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ wɔnyɛ atirimɔdenfo, efisɛ wɔyɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ. Wɔ nsɛm dodow bi mu no, wɔde nsɛm a ɛtete sɛɛ no kɔma asennibea ahorow sɛ wonni ho dwuma​—nsɛm a ɛfa hokwan ahorow a awofo wɔ ho. Ebia eyi bɛka ɔkwan a wobɛfa so ahwɛ wo mma​—mmofra a ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn mpo ansa na woawo wɔn no. Bere a saa asɛm yi wɔ w’adwene mu no, asɛm a edi so yi bɛyɛ nea w’ani begye ho kɛse.

[Kratafa 3 adaka]

Wɔn a Wonnim Hwee no Nnɛyi Asiane

● Italy: Wɔhwe mmofra 5,000 pirapira wɔn kɛse afe biara

● United States: Wogyaw mmofra 23,000,000 nkutoo wɔ hɔ wɔ telefon ho a wɔretwɛn san a wɔn awofo bɛsan aba fie

● Great Britain: Mmofra 100,000 awofo aguan agyaw wɔn

● West Germany: Wokum mmofra 1,000 afe biara denam ayayade a wɔyɛ wɔn so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena