So Saa Awofo Yi Wɔ Ɔdɔ Anaa Wɔyɛ Atirimɔdenfo?
BERE a asɛm a ɛfa hokwan ahorow a awofo wɔ wɔ yɛ a wɔbɛyɛ wɔn mma aduru ho asɔre wɔ nsase pii so no, asɛm biako wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wɔtwe w’adwene si so. Ɛyɛ nea ɛfa Giuseppe ne Consiglia Oneda ho, awarefo bi a wofi kurow ketewaa a wɔfrɛ no Sarroch a ɛbɛn Cagliari a ɛyɛ kuropɔn wɔ Italiafo supɔw a wɔfrɛ no Sardinia so no mu.
Ebia wunim wɔn osuahu a ɛyɛ awerɛhow yi ho biribi yiye, efisɛ wɔaka ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Saa nsɛmma nhoma yia ne nsɛm amanneɛbɔ dwumadibea ahorow a ɛwɔ aman horow pii so aka ho asɛm yiye.
Ɔyare a Emu Yɛ Den
Ná ɔyare bi a emu yɛ den a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ thalassemia major, a ɛyɛ mogya mu yare a wonya fi awo mu a wonni ano aduru na abɔ Oneda abusua no muni abeawa ketewaa a wɔfrɛ no Isabella no. Ɛyɛ ɔyare a emu yɛ den. Wotumi ma wɔn a ɔyare yi bi abɔ wɔn no tra nkwa mu mfe kakra denam mogya a wɔde ma wɔn so, nanso nnuruyɛfo gye tom sɛ eyi nyɛ ano aduru. Harrison nhoma a wɔfrɛ no Principles of Internal Medicine (1980 de no) ka sɛ: “Ayarefo a thalassemia major abɔ wɔn, te sɛ Isabella de no, taa wu wɔ mfe abien anaa abiɛsa a edi kan no mu. Dɛn na wobɛyɛ, sɛ anka wo ba yare te sɛ nea Isabella yare no a?
Ɛwom sɛ Giuseppe ne Consiglia nim sɛ Isabella wu yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee de, nanso wɔde no kɔɔ ayaresabea wɔ Cagliari bere nyinaa. Wɔmaa no mogya a ɛbɛma ne ho atɔ no kakra wɔ bere ne bere mu wɔ hɔ, nanso ɛno nso maa ɔhaw ahorow sɔree. Dɛn ntia? Efisɛ mogya a wɔde maa no no maa biribi a wɔfrɛ no iron no bɛdɔɔso wɔ ne nipadua mu. Wintrobe nhoma a wɔfrɛ no Clinical Hematology (1981) ka sɛ, ‘ayarefo pii a thalassemia major ayɛ wɔn’ a wɔma wɔn mogya bere nyinaa no ‘wu esiane iron mmoroso a wonya wɔ wɔn nipadua mu nti.’ Saa aduyɛ ho asɛm yi gye tom sɛ, “ɛnyɛ papa sɛ wɔde akwan ahorow a wɔfa so sa yare no mu pii a wɔaka ho asɛm no bedi dwuma kɛse. Ɛka a wɔbɔ wɔ ɔyarefo biako ho mprempren (nea etumi yare no kɛse) yɛ [U.S.] $5,000 afe biara.”
Nnuruyɛfo binom ka no dɛdɛɛdɛ sɛ mmofra a thalassemia ayɛ wɔn no betumi anya nkwa tenten. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ obiara mpɛ abasamtu, ne titiriw oduruyɛfo a ɔyarefo hwɛ kwan sɛ ɔbɛma wanya anidaso no. Nanso yɛn nyinaa nim sɛ nyarewa bi wɔ hɔ a wonni ano aduru. Ɛsɛ sɛ wɔde Mediterranean ho ɔyare a ɛma mogya so tew yi ka eyinom ho. Ɛwom sɛ ebia wɔwɔ adwen horow a ɛne ne ho nhyia wɔ ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so sa yare no ne nea afi ayaresa ahorow yi mu aba no mu de; nanso obiara nni hɔ a ɔwɔ ano aduru ankasa.
Saa ara na nnuruyɛfo ntumi nhyɛ bɔ sɛ abofra a saa ɔyare no ayɛ no a emu yɛ den te sɛ Isabella de no betumi atra nkwa mu mfe pii, sɛ wɔma no mogya mpo a. Thalassemia major ho akontaabu da nokwasɛm no adi pefee, akontaabu a wontumi nnye ho akyinnye. Minerva Medica (72, 1981, nkratafa 662-70) da akontaabu ahorow a ISTAT (Italian Institute of Statistics) aboaboa ano adi a ɛkyerɛ sɛ wɔ mmofra 147 a ɔyare no kum wɔn wɔ 1976 mu no mu no, ɔha biara mu 23.8 wui wɔ mfe anan a edi kan no mu.
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔfrɛ Awofo a Wɔwɔ Ɔdɔ “Awudifo”?
Wɔ asɛm a edi kan no mu no, yehui sɛ Italiafo awarefo bi nyaa abusua asetra a ɛyɛ anigye denam Bible no a wɔne Yehowa Adansefo suae no so. Osuahu a ɛte saa ara a Giuseppe ne Consiglia Oneda nyae no bɛyɛɛ nea ntease pii wom denam Yesu bɔhyɛ a ese obi a Onyankopɔn ani sɔ no no ‘awu mpo a obenya nkwa’ ho ade a wosuae no so. (Yohane 11:25) Yiw, nnuruyɛfo antumi anhyɛ Isabella bɔ sɛ obenya akwahosan ne nkwa a ɛfata, nanso Onyankopɔn Ba no betumi.
Bere a Oneda abusua no sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ ahuhuru bere mu wɔ 1979 mu no, wɔbɔɔ nnuruyɛfo a wɔwɔ Second Pediatric Clinic a ɛwɔ Cagliari no amanneɛ sɛ wɔremma Isabella nnye mogya. Wɔasua afi Kyerɛwnsɛm no mu sɛ Onyankopɔn hyɛɛ asomafo no ne Kristofo anokwafo nyinaa sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi mogya ho.’ (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; fa toto Genesis 9:3, 4 ho.) Esiane eyi nti, nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ Mmofra Asennibea no sɛ ɛmfa ne ho nnye asɛm no mu. Asennibea no hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ awofo no ma kwan ma wɔma wɔn babea no mogya, na ɛde asɛyɛde no too nnuruyɛfo a asɛm no fa wɔn ho no so sɛ wɔnhwɛ ma wɔmfa mogya mma no bere nyinaa.
Wɔ saa bere yi mu, bere a na Oneda abusua no rehwehwɛ nnuruyɛfo afoforo ma wɔahwɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so ayɛ no aduru no nyinaa no, na wɔbɛfa wɔn babea no wɔ ɔhyɛ so kɔma no mogya. Nanso ɔyare no mu kɔɔ so yɛ den; Isabella nipadua afã atitiriw no yɛɛ mmerɛw kɛse. Wɔ March 1980 mu no, nnuruyɛfo no amfa mogya a wɔde ma no no anni dwuma bio; wɔammɛfa Isabella ankɔma no mogya bio bɛyɛ asram bi. Dɛn nti na wɔanni asɛyɛde a asennibea no de too wɔn so no ho dwuma? Ɛno yɛ ahintasɛm a de besi nnɛ no aban mpanyimfo no mmɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ mu.
Wɔ asram a edi akyi no mu no, Oneda abusuano yɛɛ nea wobetumi biara maa wɔn babea a wɔdɔ no no, tɔɔ nnuru a wobetumi de ayɛ no wɔ fie, maa no aduan pa a eye sen biara a wɔn nsa tumi kae, ɛmfa ho sɛ na wonni sika pii. Wɔn aba mu ammu da, na wɔkyerɛw nkrataa kɔmaa nnuruyɛfo wɔ Germany, Franse ne Switzerland mpo.
Wɔ June awiei no, Isabella tebea no mu yɛɛ den mpofirim esiane ɔyare foforo bi a etumi kum mmofra a thalassemia major ayɛ wɔn a ɛkaa no no nti. Wɔ saa bere yi mu no, polisifo no bae bio bɛfaa Isabella kɔɔ ayaresabea hɔ na owui wɔ hɔ bere a wɔrehyɛ no ama no mogya no.
So wubetumi asusuw Oneda abusua no awerɛhow a wodii ne te a wɔtee nka sɛ wɔahwere biribi no ho wɔ July 2, ɛwom mpo sɛ na wonim sɛ wɔn ba a wadi mfe abien ne fã no yare no mu ayɛ den de? Nanso biribi foforo bɛbɔɔ wɔn awerɛhowdi no mu. Bɛyɛ dɔn a ɛto so anum mu wɔ July 5, 1980 mu no, polisifo baanu bɛkyeree wɔn bere a wɔwɔ wɔn adamfo bi fi. Bere kakraa bi na wonyae de wɔn ba a ɔto so abien fa wɔfrɛ no Ester a wadi asram abiɛsa no gyaw wɔn nnamfo.
Wɔde wɔn kɔtoo afiase a ɛwɔ Cagliari hɔ a wɔfrɛ no The Right Pathway (atirimɔdensɛm bɛn ara ni!) , nea enye koraa wɔ Italy no mu biako. Wɔde wɔn koguu adan ahorow mu wɔ afiase hɔ.
Ɔkwan Bɛn So no Wobetumi Abu Wɔn Fɔ Sɛ Wɔadi Awu?
Wɔde saa awarefo ahobrɛasefo yi guu dan mu bɛyɛ asram 20. Awiei koraa no, wodii wɔn asɛm na wɔ March 10, 1982 no, Assizes Asennibea a ɛwɔ Cagliari no de n’atemmu a ɛyɛ ahodwiriw no mae: Ɛkyerɛe sɛ Giuseppe ne Consiglia Oneda adi awudi ho fɔ. Wɔn asotwe? Mfirihyia dunan wɔ afiase, nea ɛboro nea wɔde ma nsɛmmɔnedifo ankasa pii!
Wubetumi ate nea enti a atemmu no kanyan nkate ahorow wɔ Italy nyinaa na mmaranimfo pii kasa tiaa no ase. Wɔde asɛm no kɔdan Cagliari Asennibea kunini a ɛwɔ Assizes no, nanso wɔ December 13, 1982 mu no, wosii kan atemmu no so dua. Nea ɛyɛe ara ne sɛ ɛbɛtew asotwe no so aba mfirihyia akron, na wɔkyerɛe sɛ wohuu Oneda abusua no mmɔbɔ, esiane sɛ ‘wɔde abrabɔ ho adwene pɔtee bi na ɛyɛɛ saa’ nti.
Hokwan biako pɛ a aka wɔ asennibea ahorow a ebu nnipa atɛn no mu ne sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ akɔdan Asennibea Kunini a ɛwɔ Cassation no. Wɔ July 8, 1983 mu no, wogyinaa Griuseppe Oneda bɔ a ɔhyɛe sɛ orenguan no so yii no, esiane sɛ na mfirihyia abiɛsa afiase nna no ama ɔyare no nti. Nanso wɔkɔɔ so de Consiglia too afiase.
Asennibea Kunini a ɛwɔ Cassation No
Saa asennibea a ɛwɔ Rome yi ne nea ɛyɛ Kunini wɔ Italiafo atemmu mu. Ɛno na ɛhwehwɛ nsemmisa ahorow a ɛsɔre wɔ teɛ a mmara bi ne emu nkyerɛkyerɛmu a wɔde dii dwuma no teɛ mu, na ɛsan hwehwɛ asotwe ahorow a asennibea nketewa no de ma no mu bere a wɔde eyinom abɛdan no no. Sɛ ehu sɛ wɔanni mmara no so anaasɛ wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a, Asennibea Kunini yi wɔ tumi sɛ etwa atemmu a edi kan no mu na ɛma asennibea foforo san hwehwɛ asɛm no mu bio. Edii Oneda abusua no asɛm no wɔ December 13, 1983 mu.
Mpɛn pii no Asennibea Kunini no ntwa atemmu a wɔde ba n’anim no mu, na atemmu abien a edi kan a ɛnteɛ no bɛyɛ nea emu yɛ duru. Enti, so na anidaso bi wɔ hɔ sɛ wobehu ampa sɛ Oneda abusua no yɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ na wɔhwɛ wɔn mma sɛnea wɔte no?
Dan a Asɛm No Danee Mo Ɛyɛ Nwonwa!
Ma yɛnka nea esii da no wɔ asennibea hɔ ho asɛm nkyerɛ wo:
Bere a atemmufo no mu biako a wɔapaw no sɛ nkurobɔfo no nam ne nnianim ɔkasa sode nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm no mu ama awie no, mmaranimfo a ogyina aban ananmu ne wɔn redi asɛm no fii ase kasae.
Na mmaranimfo a ɔreka asɛm no ama wɔn no suro ɔtemmufo a ogyina aban ananmu no, efisɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ n’asɛm agu. Na wɔ saa asɛm yi mu no, na otemmufo no yɛ mmaranimfo a na wadi nsɛm a ɛte sɛɛ akɛse pii. Dɛn na ɔbɛka?
Nea ɛyɛ nwonwa no, obisae sɛ: “Sɛnea nokwasɛm ahorow a ɛbɛdaa adi wɔ asɛm no mu kyerɛ no,‘so ɛna no anaa agya no kyerɛe sɛ wɔpɛ wɔn ba no wu wɔ bere bi mu? So asennibea a ɛwɔ Cagliari no abua saa asemmisa yi yiye?” Ɔde kaa ho sɛ: “Mmofra Asennibea no gyaw abofra no maa ne papa ne ne maame efisɛ na enim sɛ wɔyɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ na tebea a ɛwɔ abusua no mu no yɛ nea eye sen biara ma no.” Afei ɔkae sɛ ‘atemmufo, abenfo ne asetra mu nsɛm ho abenfo a asɛm no fa wɔn ho no tumi hui sɛ ɛfata sɛ wɔde no ma n’awofo.’
Ka a wɔka sɛ Oneda abusua no hyɛɛ da na wɔmaa wɔn ba no wui no nso ɛ? Ɔtemmufo no toaa so sɛ: “Yenni adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wodii kan susuw ho sɛ wopɛ sɛ owu. . . . Esiane eyi nti, yegye di sɛ atemmufo [a wɔwɔ Cagliari] no annya mmuae a eye amma nsemmisa yi.”
Ɔtemmufo a ogyina aban ananmu no de adesrɛde a ɛyɛ nwonwa yi too gua: “Enti mede to Asennibea no anim sɛ entwa atemmu a ɛkyerɛ sɛ wodii kan susuw ho sɛ wɔpɛ sɛ owu no mu.”
Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wodii kan susuw ho sɛ wɔpɛ sɛ owu! Ɛno kyerɛ sɛ Oneda abusua no nyɛ nnipa a wɔhyɛɛ da dii awu! Nea ɛka eyi ho no, na ɔtemmufo a ogyina aban ananmu no hwehwɛ sɛ wobetwa asɛm a wɔadi kan adi no mu!
Afei Asennibea no tiee mmaranimfo a wɔreka ama wɔn a wɔyɛ mmaranimfo a wonim wɔ ɔman no mu nyinaa no asɛm. Wɔdaa nsɛm a ɛne ne ho bɔ abira a ɛwɔ asɛm a asennibea no adi dedaw no mu ne ntease a enni atɛn a wobui no mu no adi.
Afei asennifo no sɔree kakra. Awiei koraa no ɔtemmufo a ɔredi asɛm no kenkanee Asennibea no gyinaesi no: Wɔbɔɔ atemmu a edi kan no gui na wɔde asɛm no kɔdan Asennibea a ɛwɔ Assizes a ɛwɔ Rome no sɛ ɛnsan nhwehwɛ asɛm no mu bio.
Ɛrekyerɛ atirimpɔw nti a esii saa gyinae no, Asennibea Kunini no daamfomso kɛse a ayaresabea a ɛyɛ mmofra aduru ne aban nnwuma afoforo dii no adi; ‘akyinnye biara nni ho sɛ . . . aban nnwuma ahorow no ammɔ mmɔden koraa; wɔ nea edi kan a wɔyɛe no akyi no . . . wɔankyerɛ ne ho anigye biara bio, ɛmfa ho sɛ wɔde adesrɛde a emu da hɔ too wɔn anim sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mfa nni ɔhaw a asɔre wɔ wɔn a wɔatoto wɔn ano no gyidi horow ho no ho dwuma.’ Eyi ne gyinae a Asennibea Kunini a ɛwɔ Cassation no sii, kratafa 30.
Awiei Koraa No, Wɔasan Aka Abom!
Mprempren wɔayi Consiglia Oneda afi afiase esiane sɛ bere a wɔmaa no sɛ onni wɔ afiase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi nyɛ bɔne bio no aso nti. Wɔ mfirihyia abiɛsa ne fã amanehunu akyi no, Oneda abusua no asan abom. Gruiseppe ne Consiglia ani agye sɛ wɔaka abom na wɔde ɔdɔ rehwɛ wɔn ba ketewaa Ester. Momma wonni kan nka wɔn osuahu ho asɛm nkyerɛ yɛn:
Giuseppe: “Yɛwaree wɔ 1976 mu, na afe biako akyi no yɛwoo Isabella. Na yɛrehwɛ n’awo kwan, nanso ankyɛ biara na yehui sɛ biribi atotõ. Na wayɛ bosaa, na ɔtaa yare. Bere a odii asram asia no, nnuruyɛfo huu yare a ɛyɛ hu a ɛbɛma wawu no ho sɛnkyerɛnne. Wubetumi ahu yaw a ɛyɛɛ yɛn bere a yɛtee yare a ɛyɛ hu no ho asɛm no.”
Consiglia: “Yɛn ani kuu yɛn ba no ho kɛse. Misusuw sɛ ɔwofo biara bɛyɛ n’ade saa wɔ abofra a ɔrehu amane, ontumi nyɛ hwee na ɔyare a emu yɛ den abɔ no no ho. Ntɛm ara, yɛde Isabella kɔɔ ayaresabea a wɔyɛ mmofra aduru no. na ɛhɔ na wɔmaa no mogya. Nanso ne yare no mu kɔɔ so yɛɛ den. Mekae sɛ bere a wɔama no mogya akyi afe no, ne yafunu hon yɛɛ kɛse; na ne mmerɛbo ne ne tan ayeyɛ akɛse. Hwɛ sɛnea ohuu amane bere a wɔmaa no mogya no! Bere bi egyee nnuruyɛfo no dɔnhwerew biako ansa na wɔrehu ntini; saa bere no nyinaa na me babea no de yaw reteɛm.”
Giuseppe: “Wɔ saa bere a na yɛredi awerɛhow no mu no, yenyaa awerɛkyekye ankasa wɔ Bible no a yɛresua no mu. Bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 a ese ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛpopa wɔn a wɔrehu amane aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio no kaa yɛn titiriw.”
Consiglia: “Wɔ yɛn fam no, na eyi kyerɛ sɛ; ɛdenam owusɔre so no yebetumi ahu Isabella bio sɛ wanya ahoɔden, sɛ ɛba sɛ owu mpo a, biribi a ɛte sɛ nea yɛrentumi nyɛ bo hwee no. Afei bere a yehuu Onyankopɔn ahyɛde a ese ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ (Asomafo No Nnwuma 15:20; 21:25) wɔ Bible mu no, yesii gyinae . . . ”
Giuseppe: “. . . sɛ yebedi Bible nnyinasosɛm ahorow no so. Yɛn de na eyi ne ɔkwan biako pɛ a yɛnam so benya anidaso sɛ yɛn nsa bɛsan aka Isabella bere a wanya ahoɔden wɔ da a Onyankopɔn benyan no afi awufo mu no mu no. Yetumi hui sɛ na mogya a na wɔde ma no no ntumi mma yare no nnyae, na na yenim sɛ saa ɔyare koro yi ara akum mmofra pii wɔ Sardinia wɔ wɔn mmofrase, ɛmfa ho sɛ na wɔma wɔn mogya. Na yɛate nso sɛ awofo pii apaw sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛmma wɔnnte yaw nka na ɛnyɛ hu kɛse so ahwɛ wɔn mma no wɔ fie, bere a wɔama mmofra no mogya asram bi akyi na wɔn ho ntɔ wɔn no.”
Consiglia: “Yɛbɛyɛ dɛn apow anidaso biako pɛ a yɛwɔ sɛ Isabella benya ahoɔden bio no, anidaso a egyina Onyankopɔn bɔhyɛ so no? Efi nea na yɛakenkan afi nea afi saa ayaresa yi mu aba no mu no, yehui sɛ mogya a wɔde ma no nye. Yehui sɛ mpɛn pii no ɛsɛe nipadua no kɛse.”
Giuseppe: “Yɛmaa nnuruyɛfo no huu yɛn gyinaesi no, na ɛno na efii saa asɛm a nnipa pii ate no ase.
Consiglia: “Na Isabella nkate ano yɛ den, ɔwɔ ɔdɔ su na onim nyansa.”
Giuseppe: “Na wadi boro mfe abien kakraa bi, nanso na onim Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu nsɛm pii. Na onim Onyankopɔn din sɛ ɛne Yehowa. Nã otumi hu nnipa a Bible no aka wɔn ho asɛm mfonini na ɔka wɔn ho asɛm kyerɛ yɛn.”
Consiglia: “Ɛyɛ awerɛhosɛm ma ɛna sɛ obehu sɛ wantumi amma ne ba nipadua a ɛwɔ ahoɔden a ɛbɛma wakɔ so atra ase. Me babea Ester ma mekae Isabella pii. Mprempren mepɛ sɛ mede ɔdɔ a anka mɛkɔ so de adɔ Isabella no dɔ saa abofra a ɔwɔ ahoɔden yi. M’ani agye sɛ masan aba m’abusua ne me Kristofo nuanom a wɔn ani gye yɛn ho no nkyɛn.
Me werɛ remfi saa mfirihyia abiɛsa ne fã a midii wɔ afiase a na daa nea me ne no wɔ ɔdan biako mu no bɔ mmɔden sɛ obekum ne ho esiane abasamtu nti no. Ɛwom sɛ mitumi gyee ne nkwa de, nanso na ɛyɛ osuahu a ɛyɛ hu. Nanso ɛboaa me ma mede me ho too Yehowa so kɛse.”
Giuseppe : “Ɛyɛ awerɛhosɛm ma ɛna sɛ obehu sɛ wantumi amma ne ba nipadua a ɛwɔ ahoɔden a ɛbɛma wakɔ so atra ase. Me babea Ester ma mekae Isabella pii. Mprempren mepɛ sɛ mede ɔdɔ a anka mɛkɔ so de adɔ Isabella no dɔ saa abofra a ɔwɔ ahoɔden yi. M’ani agye sɛ masan aba m’abusua ne me Kristofo nuanom a wɔn ani gye yɛn ho no nkyɛn.
Me werɛ remfi saa mfirihyia abiɛsa ne fã a midii wɔ afiase a na daa nea me ne no wɔ ɔdan biako mu no bɔ mmɔden sɛ obekum ne ho esiane abasamtu nti no. Ɛwom sɛ mitumi gyee ne nkwa de, nanso na ɛyɛ osuahu a ɛyɛ hu. Nanso ɛboaa me ma mede me ho too Yehowa so kɛse.”
Consiglia: “Ɛyɛ awerɛhosɛm ma ɛna sɛ obehu sɛ wantumi amma ne ba nipadua a ɛwɔ ahoɔden a ɛbɛma wakɔ so atra ase. Me babea Ester ma mekae Isabella pii. Mprempren mepɛ sɛ mede ɔdɔ a anka mɛkɔ so de adɔ Isabella no dɔ saa abofra a ɔwɔ ahoɔden yi. M’ani agye sɛ masan aba m’abusua ne me Kristofo nuanom a wɔn ani gye yɛn ho no nkyɛn.
Me werɛ remfi saa mfirihyia abiɛsa ne fã a midii wɔ afiase a na daa nea me ne no
wɔ ɔdan biako mu no bɔ mmɔden sɛ obekum ne ho esiane abasamtu nti no. Ɛwom sɛ mitumi gyee ne nkwa de, nanso na ɛyɛ osuahu a ɛyɛ hu. Nanso ɛboaa me ma mede me ho too Yehowa so kɛse.”
“Minnim sɛ ebia wobegyae me ne Giuseppe koraa bere a asɛm no aba awiei no. Nanso yɛda Wɔn a wɔboaa yɛn ne wɔn a wɔda so ara reyɛ adwuma ma wɔatwa asɛm a ɛnyɛ nokware a wɔde ato yɛn so sɛ yɛn na yɛakum yɛn ba no mu no ase. Ɛno ne asɛm a enye kora a wobetumi de ato ɔwofo so.”
Giuseppe : “Yɛn ani agye sɛ yɛafi mu a yɛannya ɔtan amma obiara wɔ nea esii no ho. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no bɛboa yɛn ma yɛakan yɛn nhyira horow. Yɛwɔ yɛn abusua, yɛn honhom mu anuanom, yɛn gyidi ne yɛn anidaso.”
Ɛda adi sɛ wubegye atom sɛ wɔatoto saa awofo ahobrɛasefo a wofi Sarroch yi ano wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, na ebia wo yam hyehye wo wɔ amane a wohui no ho. Ebia wubesusuw asɛm yi fã bi a ɛfa awofo ho a wɔde bɛhyɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ ma wɔn mma anya akwahosan mu no ho. Yiw, ɛyɛ asɛm a ebia ɛbɛka yɛn mu biara anaasɛ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo tẽe.
[Ase hɔ nsɛm]
a April 8, 1983 Nyan! Mu.
[Kratafa 9 mfoni]
Consiglia Oneda refi afiase na wobɛka ne babea Ester ho