Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 1/8 kr. 8-9
  • Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛne Yɛn Mma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛne Yɛn Mma?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asase Ho Ban A Wɔbɛbɔ Na Ansɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
  • Asetra Wɔ Atirimpɔw Kɛse Bi
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 1/8 kr. 8-9

Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛne Yɛn Mma?

ABUSUA bi rentumi nni mmoro nea enya so a ɛremmɔ ka. Ɔman bi rentumi ntua mmoro nea enya so na wakɔ so adi yiye; na saa ara na yɛrentumi nkɔ so wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu ka a yɛbɔ no mu. Yɛrentumi nsɛe dɔte pii nsen nea ɛba, mfa carbon dioxide pii a ɛsen nea nnua tumi de di dwuma mma, ntwa nnua pii nsen nea yetumi dua, nsɛe mframa ne nsu pii nsen sɛnea asase tumi ma ɛsan ba. Te sɛ ɔman bi ka ahorow no, nneɛma a atwa yɛnho ahyia mu ka no hwehwɛ sɛ yebu ho akontaa. Yebetua, sɛ́ ɛyɛ nea yɛde sika anaasɛ amanaman ntam nkabom anaasɛ nkwa​—yɛn de ne yɛn mma de​—na ebetua no.

Nnɛyi mfiridwuma ho nyansa ama asase a wɔsɛe no no atumi ayɛ yiye. Anka wobetumi de adi dwuma de asiw ano. Dɛn nti na wɔnyɛ? Sika ho dɔ nti. Ebegye ɔpepepem pii. Saa wiase yi ntumi nhu​—anaasɛ ɛrenhu esiane ne pɛsɛmenkominya nti​—ntra n’ankasa honam fam nneɛma ho akɔnnɔ a ɛnhwɛ ade nkɔ akyiri no. Esiane sɛ ɛpow sɛ ɛde sika betua ka nti, ɛde dɔte pa, kwae, nkwa a ɛwɔ nsu mu, wim tebea a ɛte sɛ ɔdan a emu yɛ hyew, nsu a awuduru wom, nyarewa a ɛredɔɔso, nnipa nkwa na ebetua ka. Na sɛnea ɛbɛyɛ na akɔ so akura ne sika no mu no, saa wiase yi retɔn ne mma daakye.

So n’ani bɛba ne ho so ntɛm? Mmuae a abakɔsɛm de ma no nhyɛ nkuran, nanso Onyankopɔn mmuaema yɛ saa. Yehowa Nyankopɔn ankasa se ɔde ne ho begye mu na “wasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.” (Adiyisɛm 11:18) Obeyi wɔn a wɔsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wɔ asase so no ne ne fɛ a ɛyɛ no afi hɔ efisɛ ɔbɔe sɛ ɛmma nkwa na ɛnyɛ fɛ. Ose: “Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso,” ne “mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam.”​—Yesaia 66:1; 60:13.

Ɔbɔe sɛ nnipa a wɔdɔ trenee ntra so​—na nnipa ɔpepem pii a wɔatra ase pɛn, ɔpepem pii a wɔte ase mprempren, ne mmofra ɔpepem pii a afei na wɔrebɛwo wɔn bɛyɛɛ saa. Wɔakyerɛw eyi ato hɔ wɔ n’Asɛm Bible mu, na w’ankasa wubetumi akenkan ahwɛ wɔ Yesaia 45:18 ne Yohane 5:28, 29.

Afei, bere a wɔn a wɔdɔ asase no rehwɛ so yiye no, ɛbɛsan anya ne fɛ a yɛn Bɔfo no pɛe sɛ ɛyɛ fi mfiase no. Afei nnipa a wɔdɔ trenee ne wɔn mma benya daakye bi, nea ɛyɛ papa bi: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ; na wɔhwehwɛ ne trabere a na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”​—Dwom 37:10, 11, 29.

Na wɔrenwu da? Na wɔrenwu da! “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) So ɛyɛ dɛ dodo sɛ ebetumi ayɛ nokware? Dabi, mprempren wiase bɔne no yɛ bɔne dodo sɛ ɛbɛkɔ so atra hɔ.​—Daniel 2:44.

Nanso wo ne wo mma betumi atra hɔ. Yehowa Nyankopɔn nam ne Ba no afɔrebɔ no so ma etumi yɛ yiye saa. Yehowa ne ne Ba no ho ade a wubesua no bɛkyerɛ daa nkwa ama wo ne wo mma​—asetra wɔ wiase foforo bi a trenee te mu mu. (Yohane 3:16; 17:3; 2 Petro 3:13) Eyi betumi ayɛ daakye a anigye wom ma wo ne wo mma. Sɛ ɛte saa anaa ɛnte saa no yɛ w’ankasa w’asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena