Kɔtɔkɔ Mmɛtɛe
So Wunim—
◯ Mmɛtɛe dodow a kɔtɔkɔ wɔ?
◯ Sɛ ebia ɔtoto ne mmɛtɛe no wɔwɔ obi a ɔretaa no?
◯ Nea enti a saa mmɛtɛe yi ntaa mma wɔn a ɛwɔ wɔn no ntu kuru, nanso ɛtɔ bere bi a edi awu no?
KƆTƆKƆ mfa mmɛtoa 30,000 anaa nea ɛboro saa a n’ankasa hyɛ ne ho ananmu no ntuatua gye sɛ wɔ ahobammɔ mu nkutoo; na saa ara na ɔntoto ne mmɛtoa no. Ampa, sɛ ɔtow ne dua a pii wɔ ho no bɔ obi a ɔretaa no a, ebia mmɛtɛe no bi betutu nanso ahoɔden nnim sɛnea ebetumi awɔ biribiara mu. Sɛ ɛba sɛ dua a wato no wɔ ɔtaafo a, ɛyɛ den sɛ obetu mmɛteɛ no.
Mfe kakraa bi a atwam ni no, abɔde mu nyansahufo bi nyaa kɔtɔkɔ ho osuahu bi a ɛyɛ yaw. Mmɛtɛe biako wuraa ne basam nsateakwaa du ansa na ɛrefi wɔ nnanu akyi. Anyɛ kuru. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu ahorow wɔ mmɛtɛe afoforo ho na ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ ɛwɔ nneɛma bi a ano yɛ mmerɛw a ɛko tia ɔyare mmoawa. Eyi nti, ɛntaa mma sɛ mmɛtɛe no bɛma yare.
Nanso, sɛ mmɛtɛe no ti a akyinkyim no wura ɔhonam mu na ɛkɔka akwaa titiriw bi a, ebetumi akum onii no. Na sɛ mmɛtɛe no wɔ aboa bi anom ma enti ontumi nnidi a, ebia kɔm bɛde aboa no ma wawu.
Ade pa biako a ɛka ho nso ne sɛ mmɛtɛe no te sɛ ntade a ɛma kɔtɔkɔ tumi tɛw nsu ani bere a osi gyinae sɛ obedi aduan bi a ɔpɛ yiye—sukooko—no. Te sɛ aboa no ankasa no, Nneɛma Hyehyɛfo nyansafo bi na ɔyɛɛ ne mmɛtɛe no ampa.
product of an intelligent Designer.
[Kratafa 31 mfoni fibea]
Elizabeth Joy/National Park Service