Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 11/8 kr. 13-14
  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Asiane no Sõ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Asiane no Sõ Dɛn?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio
    Nyan!—2003
  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Sɛnea Wɔsan Sɔre Bio
    Nyan!—2003
  • Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi
    Nyan!—2004
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 11/8 kr. 13-14

Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Asiane no Sõ Dɛn?

Yare mmoawa a nnuru a ekum yare mmoawa ne nnuru afoforo ntumi wɔn abɛyɛ wiase nyinaa haw. Ɔkwan bɛn so na eyi fa bae? Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ne w’abusua ho ban?

WƆ October 1997 mu no, Hollie Mullin, abofra ketewa bi a wadi asram abiɛsa, nyaa aso yare. Bere a ankɔ wɔ nna kakraa ntam no, oduruyɛfo a ɔrehwɛ no no de aduru a aba foforo a ekum yare mmoawa maa no. Na anka ɛsɛ sɛ etu yare no ase wɛ, nanso anyɛ saa. Ɔyare no san bae bio, na ɛho nnuru a ɔnomee nyinaa akyi no, ɛkɔɔ so yɛɛ saa.

Wɔ Hollie afe a edi kan mu no, wɔmaa no nnuru ahorow 17 a ekum yare mmoawa nomee bere tenten bi. Afei bere a onyaa asram 21 no, ɔyare no gyee nsam koraa. Bere a aduru biara antumi anyɛ adwuma no, wɔde nnuru a ekum yare mmoawa faa ne ntini mu maa no nnafua 14, na ɛno akyi no, ɔyare no kɔe.

Nsɛm a ɛtete saa abu so kɛse, na ɛnyɛ mmofra nketewa ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim nko na ɛyɛ wɔn. Nnipa a ɛsono wɔn mfe nyinaa yare na nyarewa a bere bi na anka wotumi de nnuru a ekum yare mmoawa sa a wɔmmrɛ ho mpo rekunkum wɔn. Nokwarem, efi 1950 mu no, yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn bio no ayɛ asɛnnennen a anibere wom ama ayaresabea ahorow bi. Afei wɔ 1960 ne 1970 mu no, yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn no trɛw kɔɔ baabiara.

Bere kɔɔ so no, aduruyɛ mu nhwehwɛmufo fii ase twee adwene sii nnuru a ekum yare mmoawa a wɔde di dwuma pii wɔ nnipa ne mmoa ho no so sɛ ɛno ne ade titiriw a ama yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn no adɔɔso. Wɔ 1978 mu no, nnuruyɛfo no mu biako kyerɛkyerɛɛ nnuru a ekum yare mmoawa a wɔde di dwuma boro so no mu sɛ “agye nsam koraa.” Enti wɔ 1990 mfe no mu no, nsɛmti te sɛ nea edidi so yi puepuee atesɛm nkrataa mu: “Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn Aba,” “Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn Ase Atim,” “Nnubɔne—Nnuru a Ekum Yare Mmoawa a Wɔde Di Dwuma Boro So De Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn Reba.”

So woguguu nsɛm no mu dodo? Ayaresabea ahorow a wɔwɔ obu renyɛ ade saa kwan no so. Wɔ amanneɛbɔ bi a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no kwankyerɛfo panyin de too gua faa nsanyare ho wɔ 2000 mu no mu no, ɔkae sɛ: “Fi bere a yɛhyɛnee mfirihyia apem foforo no mu no, nnipa ahyia ɔhaw foforo. Nyarewa a bere bi na anka wotumi sa no . . . abɛyɛ nea nnuru a ekum yare mmoawa ntumi nsa koraa seesei.”

Ɔhaw no yɛ anibere dɛn? WHO bɔɔ amanneɛ sɛ: “Saa [yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn] a wɔreba wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so yi resiw hokwan a yɛde sa nsanyare ano.” Ɛnnɛ, nnuruyɛfo pii mpo ka san a nnipa resan akɔ “mfe a na wɔmfa nnuru a ekum yare mmoawa nsa yare mu” no ho asɛm.

Ɔkwan bɛn so na yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn atumi adi nyansahu mu nkɔanim so nkonim, na wɔagye ntini wɔ wiase no mu? So biribi wɔ hɔ a obi betumi ayɛ de abɔ ɔno anaasɛ afoforo ho ban? Na dɛn na wɔreyɛ de ako atia yare mmoawa a nnuru ntumi nkum wɔn no? Nsɛm a edidi hɔ no de ɛho mmuae bi ma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena