Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Sɛnea Wɔsan Sɔre Bio
ƐDA adi sɛ yare mmoawa ne mmoawammoawa foforo atra nkwa mu fi bere a nkwa fii ase wɔ asase so no. Saa yare mmoawa yi yɛ fakaa na wɔyɛ abɔde mu nneɛma a wosusua koraa, na ɛno ma wotumi tra mmeae a abɔde foforo biara ntumi ntra. Wohu wɔn wɔ nsuɔhyew a efi po ase ba ne afei nsuonwini a ɛwɔ Arctic mu no mu. Seesei saa yare mmoawa yi reko tia ntua a ano yɛ den paa a wɔde ba wɔn so—nnuru a ekum yare mmoawa—no denneennen.
Mfirihyia ɔha a atwam ni no, na wonim yare mmoawa bi sɛ wɔde nyarewa ba, nanso na wɔn a wɔte ase saa bere no mu biara ntee nnuru a wɔde kum yare mmoawa ho asɛm. Ɛno nti, sɛ yare a ɛyɛ hu bɔ obi a, na nnuruyɛfo pii nni ɔkwan biara a wɔfa so sa yare no ka nkuranhyɛ ne awerɛkyekyesɛm a wɔka kyerɛ no ho. Na ɛsɛ sɛ onii no nipaduam nkwaadɔm no ankasa ko tia yare no. Sɛ nipaduam nkwaadɔm no nyɛ den a, mpɛn pii no nea efi mu ba no nyɛ papa. Ná ekuru ketewa bi mpo a yare aboawa bi bewura mu no taa kowie owu mu.
Enti, nnuru a asiane nni ho a ɛko tia mmoawammoawa a wodii kan hui—a wɔde kum yare mmoawa no—de nsakrae baa aduruyɛ mu.a Nnuru a wɔde sufre yɛ a wɔde dii dwuma wɔ 1930 mfe mu ne nnuru te sɛ penicillin ne streptomycin wɔ 1940 mfe mu no ma wohuu nnuru a ekum yare mmoawa pii mfe pii a edii hɔ no mu. Eduu 1990 mfe no mu no, na nnuru a ekum yare mmoawa bɛyɛ 150 a wɔayɛ no akuw 15 na abɛka ho.
Nkonimdi Ho Akwanhwɛ Amma Mu
Eduu 1950 ne 1960 mfe no mu no, na nkurɔfo afi ase rebɔ ose wɔ nsanyare so nkonim a wɔadi no ho. Yare mmoawa ho animdefo binom mpo gye dii sɛ ɛrenkyɛ na saa nyarewa yi nyinaa abɛyɛ ahude a atwam. Wɔ 1969 mu no, U.S. oduruyɛfo panyin a ɔyɛ oprehyɛn no dii adanse wɔ Mmarahyɛ Bagua anim sɛ anhwɛ a ɛrenkyɛ na nnipa “ato wɔn adwene mu wɔ nsanyare ho.” Wɔ 1972 mu no, Macfarlane Burnet a onyaa Nobel akyɛde no ne David White kyerɛwee sɛ: “Nea wobetumi aka afa nsanyare ho ne sɛ wɔrennya ho asɛm biara nka bio.” Nokwarem no, ebinom tee nka sɛ ebia wobetu saa nyarewa no ase koraa.
Enti, gye a na nkurɔfo gye wɔn ho di dodo no na ɛma wonyaa gyidi sɛ wɔadi nsanyare so nkonim no. Ɔyarehwɛfo bi a na onim ɔhaw a emu yɛ den a yare mmoawa de ba ansa na nnuru a ekum yare mmoawa reba no kae sɛ ayarehwɛfo nkumaa binom abɛyɛ wɔn a wobu wɔn ani gu ahotew so. Bere a ɔkaee wɔn sɛ wɔnhohoro wɔn nsa no, wobuae sɛ: “Mma ɛnnhaw wo, yɛwɔ nnuru a ekum yare mmoawa seesei.”
Nanso, ho a wɔde to nnuru a ekum yare mmoawa so ne dwuma a wɔde di ma ɛboro so no ama nea afi mu aba no ayɛ ɔhaw. Nsanyare akɔ so ara. Nea ɛsen saa no, nsanyare asan aba na abɛyɛ ade a ɛrekum nnipa sen biara wɔ wiase! Nneɛma foforo a ama nsanyare atrɛw nso ne akodi mu basabasayɛ, aduampa a wonnya nni wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii a wodi hia mu, nsupa a wonnya nnom, efĩ, amanaman ntam akwantu a ɛkɔ so ntɛmtɛm, ne wim tebea a asakra wɔ wiase nyinaa no.
Yare Mmoawa a Wɔko Tia Nnuru
Ahoɔden nwonwaso a yare mmoawa de ko tia nnuru da biara da no abɛyɛ ɔhaw kɛse, ɔhaw a na obiara nhwɛ kwan. Nanso, sɛ yesusuw nea atwam ho a, na anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ yare mmoawa bɛba abɛyɛ nea nnuru ntumi wɔn. Dɛn ntia? Sɛ nhwɛso no, susuw biribi a ɛne no di nsɛ a esii wɔ DDT aduru a ekum nkoekoemmoa a ɛbae wɔ 1940 mfe no mfinimfini ho no ho hwɛ.b Saa bere no, wɔn a wokyĩ nantwi nufusu no dii ahurusi bere a DDT a wɔde petẽẽ hɔ pam hurii a wɔwɔ hɔ no. Nanso hurii no kakra kae, na wɔn mma bɛyɛɛ wɔn a DDT ntumi wɔn. Ankyɛ koraa na hurii a DDT ntumi wɔn bio yi yɛɛ bebree.
Ansa na wɔde DDT redi dwuma, na penicillin rebɛyɛ nea wɔtɔn ma ayarefo wɔ 1914 mu mpo no, na yare mmoawa bɔne ada sɛnea wɔbɔ wɔn ho ban ma ɛyɛ nwonwa no adi dedaw. Ɔbenfo Alexander Fleming a odii kan huu penicillin no, behuu eyi. Wɔ ne nhwehwɛmu dan mu no, ohuu sɛnea Staphylococcus aureus (ɛwɔ ayaresabea) mma a wɔwoo wɔn no nyaa nkwammoaa fasu a ɛbɔɔ wɔn ho ban wɔ aduru a na wahu no ho.
Eyi maa Ɔbenfo Fleming bɔɔ kɔkɔ bɛyɛ mfe 60 a abɛsen kɔ no sɛ yare mmoawa bɔne a wɔwɔ obi a ɔyare mu no betumi ako atia penicillin. Enti sɛ penicillin antumi ankum yare mmoawa bɔne dodow a ɛsɛ a, wɔn asefo a aduru no antumi wɔn no ase bɛfɛe. Ne saa nti, yare a penicillin antumi ansa no bɛsan aba bio.
The Antibiotic Paradox nhoma no ka sɛ: “Fleming asɛm a ɔka siei no baa mu koraa sen sɛnea wosusuwii no.” Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, wohui sɛ wɔ yare mmoawa bi mu no, awosu—nneɛma nketenkete bi a ɛwɔ yare aboawa bi DNA mu—no yɛ ne mu nsu bi a edwudwo penicillin ano. Ne saa nti, penicillin a wɔnom no pii mpo ntaa nyɛ adwuma. Hwɛ sɛnea na eyi yɛ ahodwiriw fa!
Nea ɛbɛyɛ na wɔadi ɔko a etia nsanyare mu nkonim no, efi 1940 kosi 1970 mfe mu no, na wɔtaa de nnuru a ekum yare mmoawa foforo ka aduruyɛ ho, na wɔde kakraa bi nso kaa ho wɔ 1980 ne 1990 mfe no mu. Na eyi tumi kum yare mmoawa a nnuru a edi kan antumi wɔn no. Nanso wɔ mfe kakraa ntam no, yare mmoawa akuw bi sɔree a wɔko tiaa saa nnuru foforo yi nso.
Nnipa abehu sɛ ɔkwan a yare mmoawa fa so ko tia nnuru no yɛ nyansakwan bi a ɛyɛ nwonwa yiye. Yare mmoawa tumi sakra wɔn ɔfasu a ɛbɔ nkwammoaa ho ban de siw aduru no kwan anaa wɔsakra wɔn ankasa mu nnuru sɛnea ɛbɛyɛ a nnuru no ntumi nkum wɔn. Ɔkwan foforo so no, sɛ aduru no hyɛn obi mu ara pɛ a, yare mmoawa no tumi yi fi hɔ ntɛm, anaa ebia wodwudwo aduru no ano denam sɛe a wɔsɛe no so.
Bere a nnuru a wɔde kum yare mmoawa adɔɔso no, yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn nso atrɛw pii. So nnuru a ekum yare mmoawa adi nkogu koraa? Dabi, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛba saa. Mpɛn pii no, sɛ aduru a ekum yare mmoawa bi antumi ansa yare bi a, foforo tumi sa. Yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn ayɛ ɔhaw, nanso nnansa yi de ɛyɛ nea wotumi di ho dwuma bere nyinaa.
Wɔko Tia Nnuru Ahorow Pii
Afei, aduruyɛ mu nyansahufo ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ yare mmoawa tumi ne wɔn ho di awosu mu nsesa no. Mfiase no, na wosusuw sɛ yare mmoawa a wofi abusua koro mu nkutoo na wotumi ne wɔn ho di awosu mu nsesa. Nanso akyiri yi, wohuu awosu koro no ara a ɛko tia nnuru no wɔ yare mmoawa afoforo a ɛsono wɔn koraa mu. Denam saa nsesadi no so no, yare mmoawa a wogu ahorow anya nea wɔde ko tia nnuru ahorow a wɔtaa de di dwuma no.
Nea ɛmaa tebea no sɛee koraa ne sɛ, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1990 mu no daa no adi sɛ yare mmoawa bi ankasa betumi ako atia nnuru. Sɛ aduru a ekum yare mmoawa biako pɛ mpo na ɛwɔ hɔ a, yare mmoawa bi nya ahoɔden a wɔde ko tia nnuru pii, a nnuru a efi nnua mu ne nea wɔhyɛ da yɛ nyinaa ka ho.
Daakye a Ɛyɛ Hu
Ɛwom sɛ nnuru a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara da so ara sa nnipa pii yare de, nanso saa nnuru no betu mpɔn dɛn daakye? The Antibiotic Paradox ka sɛ: “Yɛrentumi nhwɛ kwan da sɛ aduru a edi kan a yɛde bɛka yare bi no betumi asa.” Nhoma no de ka ho sɛ: “Wɔ wiase mmeae bi no, nnuru a ekum yare mmoawa pii a wonnya no kyerɛ sɛ aduru biara a ɛwɔ hɔ no ntu mpɔn. . . . Nyarewa a ebinom kaa ho asɛm too hɔ mfe 50 a atwam ni sɛ wobetu ase afi asase so no rema nnipa hu amane na ɛrekunkum wɔn.”
Ɛnyɛ yare mmoawa (bacteria) nko na nnuru a wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu no ntumi wɔn. Yare mmoawa (virus ne fungus) ne afei mmoawammoawa foforo nso ho ne nnuru gye ma ɛyɛ nwonwa, na ɛma wiase no nya akwanhwɛ bi sɛ yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn pii bɛba, na ɛno ma ɛyɛ sɛnea mmɔden biara a wɔbɔ de hwehwɛ nnuru a wɔde bɛko atia wɔn no yɛ ɔkwa.
Ɛnde, dɛn na wobetumi ayɛ? So wobetumi ayi yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn afi hɔ anaa wobetumi adi wɔn so ɔkwan bi so? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama nkonim a nnuru a ekum yare mmoawa ne nnuru a ɛko tia mmoawammoawa adi no akɔ so atra hɔ wɔ wiase a yare rekɔ so haw adwene wom yi mu?
[Ase hɔ nsɛm]
a Antibiotic, sɛnea wɔtaa de asɛmfua no di dwuma no, kyerɛ nnuru a ɛko tia yare mmoawa. Wɔde aduru a ɛko tia mmoawammoawa antimicrobial ka nnuru pii ho asɛm na nea ɛka ho ne aduru biara a ɛko tia yare a yare mmoawa anaa mmoawammoawa de ba no.
b Nnuru a ekum nkoekoemmoa yɛ awuduru, na saa ara na nnuru a yɛnom no nso te. Abien no nyinaa ayɛ nea mfaso wɔ so na saa ara nso na epira. Bere a ebia nnuru a ekum yare mmoawa kum yare mmoawa bɔne no, saa nnuru yi kum yare mmoawa a wɔn ho wɔ mfaso nso.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]
Dɛn Ne Nnuru a Ɛko Tia Mmoawammoawa?
Aduru a ekum yare mmoawa a oduruyɛfo bi de ma wo no ka nnuru a ɛko tia mmoawammoawa no ho. Eyinom nyinaa hyɛ chemotherapy ase, na nea ɛkyerɛ ne nnuru a ano yɛ den a wɔde sa yare. Bere a wɔtaa de asɛm chemotherapy ka kokoram ayaresa ho asɛm no, mfitiase no, na wɔde ka—na wɔda so de ka—nsanyare ahorow a wɔsa ho asɛm. Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, wobetumi afrɛ no nnuru a ano yɛ den a wɔde ko tia mmoawammoawa nyinaa.
Yare mmoawa anaa mmoawammoawa yɛ mmoawa nketenkete a afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete nkutoo na wotumi de hu wɔn. Nnuru a ɛko tia mmoawammoawa yɛ nnuru a wɔde kunkum yare mmoawa. Nea ɛyɛ yaw no, saa nnuru no betumi akum yare mmoawa a wɔn ho wɔ mfaso nso.
Wɔ 1941 mu no, Selman Waksman a odii kan huu streptomycin no de aduru a ekum yare mmoawa (antibiotic) kaa nnuru a ɛko tia yare a mmoawammoawa bi (bacteria) de ba ho asɛm. Nnuru a ekum yare mmoawa ne afei nnuru afoforo a ɛko tia mmoawammoawa a wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu no nyinaa som bo efisɛ awuduru a ɛwom no kum yare mmoawa nkutoo. Eyi kyerɛ sɛ ebetumi akum yare mmoawa no nkutoo a empira wo kɛse.
Nanso, nokwarem no, nnuru a ekum yare mmoawa nyinaa di yɛn awu nso ɔkwan bi so. Nsonsonoe a ɛwɔ sɛnea aduru no bɛka yare mmoawa no ne sɛnea ebepira yɛn mu no gyina dodow a wɔde ma no so. Dodow a ekum mmoawa pii no, dodow no ara na asiane a ɛwom no sua; dodow a enkum mmoawa pii no, dodow no ara na esiane a ɛwom no dɔɔso. Nokwarem no, wɔahu nnuru mpempem pii a ekum yare mmoawa, nanso wontumi mfa emu dodow no ara nni dwuma wɔ aduruyɛ mu esiane awuduru pii a ɛwom ma nnipa ne mmoa nti.
Aduru a ekum yare mmoawa a wodii kan nya fii nnua mu ne penicillin, a efi ntuw bi a wɔfrɛ no Penicillium notatum mu no. Wɔde penicillin dii dwuma kan faa ntini mu wɔ 1941 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi wɔ 1943 mu no, woyii streptomycin fii Streptomyces griseus mu, yare mmoawa bi a wɔwɔ dɔte mu. Bere kɔɔ so no, wɔyɛɛ nnuru a ekum yare mmoawa pii kaa ho, nea wonya fii nnua mu ne nea wɔhyɛɛ da yɛe. Nanso, yare mmoawa afa akwan bi so ako atia saa nnuru yi, na eyi abɛyɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen wɔ wiase nyinaa.
[Mfonini]
“Penicillin” ntuw no a wohui wɔ kyɛnsee ase no siw yare mmoawa no nkɔso kwan
[Asɛm Fibea]
Christine L. Case/Skyline College
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 17]
Yare Mmoawa Ahorow
Virus yɛ yare mmoawa a wosusua sen biara. Wɔn na wɔde nyarewa a abu so te sɛ ɔpakum, influensa, ne menem kuru ba. Wɔsan de nyarewa a ɛyɛ hu te sɛ mmubui, Ebola, ne AIDS nso ba.
Bacteria wɔ nkwaboaa biako, a wonni nucleus na mpɛn pii no, chromosome biako pɛ na wɔwɔ. Bacteria ɔpepepepem pii na wɔwɔ yɛn nipadua mu, ne titiriw no yɛn yam nneɛma mu. Wɔboa yam aduan a yedi no na wɔn titiriw na wɔma yɛn vitamin K a ɛho hia na ama mogya ada no.
Bacteria abusua bɛyɛ 4,600 a wonim no mu bɛyɛ 300 pɛ na wobu wɔn sɛ mmoawa a wɔde yare ba. Nanso, bacteria na wɔde nyarewa pii a ɛwɔ afifide, mmoa, ne nnipa mu no ba. Wɔ nnipa fam no, nea ɛka saa nyarewa yi ho ne nsamanwaw, ayamtu, menasekuru, anthrax, kaka, mpafe ahorow bi ne nyarewa pii a wonya fi nna mu.
Protozoan, nso wɔ nkwaboaa biako te sɛ bacteria, nanso ebia wobenya nucleus a ɛboro biako. Wɔn mu bi ne amoeba, trypanosome ne afei mmoawa a wɔde atiridiinini ba no. Nneɛma a nkwa wom bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako yɛ mmoawa—wogu ahorow bɛyɛ 10,000—ɛwom sɛ wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔma nnipa yare de.
Fungus nso tumi de yare ba. Saa mmoawa yi wɔ nucleus na wɔde ahama nketenkete nwene biribi te sɛ kɛtɛ dura wɔn ho. Nyarewa titiriw a wɔde ba paa ne ɛyam, aporɔporɔ, ne odeepua. Nyarewa a ɛyɛ hu a wonya fi fungus mu no taa ka nkurɔfo a aduampa a wonnya nni, kokoram, nnuru, anaa nyarewa bi abrɛ wɔn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ase no nkutoo.
[Mfonini ahorow]
Ebola yare mmoawa (“virus”)
“Staphylococcus aureus” yare mmoawa (“bacteria”)
“Giardia lamblia” yare mmoawa (“protozoan”)
Ɛyam yare mmoawa (“fungus”)
[Nsɛm Fibea]
CDC/C. Goldsmith
CDC/Janice Carr
Courtesy Dr. Arturo Gonzáles Robles, CINVESTAV, I.P.N. México
© Bristol Biomedical Image Archive, University of Bristol
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Alexander Fleming, a odii kan huu “penicillin” no