Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 11/8 kr. 18-21
  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Nyinaa Nhyehyɛe
  • Nkonimdi Ho Akwanside Ahorow
  • Nniso Ahorow no Dwumadi
  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio
  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Asiane no Sõ Dɛn?
    Nyan!—2003
  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Sɛnea Wɔsan Sɔre Bio
    Nyan!—2003
  • Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1997
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 11/8 kr. 18-21

Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio

YARE MMOAWA, anaa mmoawammoawa ho hia ma asetra. Wɔdɔɔso yiye wɔ asase so dɔte ne yɛn nipadua mu. Sɛnea adaka, “Yare Mmoawa Ahorow,” a ɛwɔ kratafa 17 kyerɛ no, “yare mmoawa ɔpepepepem pii na wɔwɔ yɛn nipadua mu.” Wɔn mu pii ho wɔ mfaso—nokwarem no, wɔn ho hia—ma akwahosan. Ɛwom sɛ wɔn mu kakraa bi ma yɛyare de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, bere bi akyi no, yare mmoawa renhaw obiara bio.

Ansa na yebesusuw ɔkwan a wɔbɛfa so ayi ɔhaw a yare mmoawa de ba afi hɔ ho no, ma yensusuw mmɔden a wɔrebɔ nnɛ de ayi yare mmoawa a wɔde yare ba afi hɔ no ho nhwɛ. Wɔ adaka a ɛka ho “Nea Wubetumi Ayɛ” mu nhwehwɛmu akyi no, susuw mmɔden a akwahosan ho adwumayɛfo rebɔ de ako atia yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn no ho.

Wiase Nyinaa Nhyehyɛe

Oduruyɛfo Gro Harlem Brundtland, a kan no na ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kwankyerɛfo panyin no, kyerɛkyerɛɛ mmɔden ahorow a wɔrebɔ no mu. Wɔ Report on Infectious Diseases 2000, mu asɛmti a ɛne “Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn So Nkonim a Yebedi” ase no, wɔmaa wohuu hia a ehia sɛ wonya “wiase nyinaa nhyehyɛe a wɔbɛfa so adi yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn ho dwuma.” Ɔsan kasa faa “apam a wɔne akwahosan ho adwumayɛfo bɛyɛ” ho, na osii so dua sɛ: “Yɛwɔ hokwan sɛ yefi ase ko tia nsanyare kɛse.”

Wɔ 2001 mu no, WHO de “Wiase Nyinaa Nhyehyɛe a Wɔbɛfa So Asiw Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn Ano” ho adwene bae. Saa krataa yi de nhyehyɛe a wɔayɛ ama akwahosan ho adwumayɛfo ne nnipa nyinaa wɔ “nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no” ho mae. Nea na ɛka nhyehyɛe no ho ne ntetee a wɔde maa nkurɔfo wɔ sɛnea wɔbɛkwati yare ho, ne afei akwankyerɛ a wɔde maa wɔn wɔ sɛnea wɔde nnuru a ekum yare mmoawa ne nnuru afoforo a ɛko tia mmoawammoawa bedi dwuma bere a wɔyare.

Afei nso, wɔhyɛɛ akwahosan ho adwumayɛfo—nnuruyɛfo, ne ayarehwɛfo ne afei afoforo a wɔyɛ nnwuma wɔ ayaresabea ne ayarefo atrae ahorow—nkuran sɛ wɔnyɛ biribi pa mfa nkwati sɛ yare bɛtrɛw. Awerɛhosɛm ne sɛ, nhwehwɛmu ada no adi sɛ akwahosan ho animdefo pii da so ara bu wɔn ani gu wɔn nsa a wɔbɛhohoro anaa ahyɛnsa a wɔbɛsesa bere a wofi ɔyarefo bi ho kɔ ɔfoforo ho no so.

Nhwehwɛmu asan ada no adi sɛ nnuruyɛfo de nnuru a ekum yare mmoawa ma ayarefo bere a anka ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Ade biako nti a wɔyɛ saa ne sɛ ayarefo hyɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn yare no sɛ wɔmma wɔn aduru a ekum yare mmoawa na ama wɔn ho atɔ wɔn ntɛm. Ɛno nti nnuruyɛfo no de ma wɔn, sɛnea wɔbɛsɔ wɔn ani kɛkɛ. Mpɛn pii no, nnuruyɛfo nnye bere nkyerɛkyerɛ wɔn ayarefo no anaa wonni kwan a wɔbɛfa so ahu ɔyare aboawa a wama wɔyare no. Afei nso, ebia wɔde nnuru a ano yɛ den a ekum yare mmoawa ahorow pii a aba so foforo a ne bo yɛ den bɛma wɔn. Na eyi nyinaa ka ho bi na nnuru a entumi nkum yare mmoawa ho haw no ba.

Mmeae afoforo a WHO Wiase Nyinaa Nhyehyɛe no twee adwene sii so ne ayaresabea ahorow, ɔmanfo apɔwmuden ho nhyehyɛe, nnuanyɛfo, nnwumakuw a wɔyɛ nnuru, ne mmarahyɛfo. Amanneɛbɔ no hyɛɛ biako a wɔn nyinaa bɛyɛ ho nkuran na ama wɔako atia wiase haw a ɛfa yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn ho no. Nanso so saa nhyehyɛe yi bɛyɛ adwuma?

Nkonimdi Ho Akwanside Ahorow

Wɔkaa akwanside titiriw a WHO Wiase Nyinaa Nhyehyɛe no hyiae wɔ akwahosan ho dwuma a wodi mu ho asɛm. Ɛno ne adwene a ɛne sɛ wɔbɛpɛ mfaso no—sika. Bible no ka sɛ sikanibere na ɛde “bɔne nyinaa” ba. (1 Timoteo 6:9, 10) WHO hyɛ nkuran sɛ: “Ɛsɛ sɛ wosusuw nkitaho a wɔne nnwumakuw a wɔyɛ nnuru bedi nso ho, a nea ɛka ho ne hwɛ a wɔhwɛ wɔn a wogye nnuru tɔn ma ayaresabea adwumayɛfo no dwumadi ne ani a wɔde bɛto fam yiye ahwɛ ntetee a nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no de ma ayarehwɛfo no.”

Nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no abɔ mmɔden kɛse de wɔn nnuru no ama nnuruyɛfo. Seesei wɔde wɔn nnuru no ma ɔmanfo tẽẽ denam TV so dawurubɔ so. Ɛda adi sɛ eyi na ɛma wɔde nnuru di dwuma tra so, na ɛno nso ne ade titiriw a ama yare mmoawa a wɔko tia nnuru adɔɔso no.

WHO Wiase Nyinaa Nhyehyɛe no fã a ɛfa nnuru a ekum yare mmoawa a wɔde ma mmoa a wokum yɛ aduan ho no ka sɛ: “Mmoa ho nnuruyɛfo a wɔwɔ aman bi mu no nya wɔn sika mu ɔha mu nkyem 40 anaa nea ɛboro saa fi nnuru a wɔtɔn mu, ɛno nti wɔnhyɛ nnuru a ekum yare mmoawa a wɔmfa nni dwuma pii ho nkuran.” Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ ankasa no, yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn ada wɔn ho adi na wɔagye ntini esiane nnuru a ekum yare mmoawa a wɔde di dwuma pii nti.

Nokwasɛm ne sɛ wɔayɛ nnuru a ekum yare mmoawa pii ma ɛyɛ nwonwa. Wɔ United States nkutoo no, wɔyɛ nnuru a ekum yare mmoawa bɛyɛ kilogram ɔpepem 20 afe biara! Bɛyɛ dodow a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no mu fã pɛ na wɔde di dwuma wɔ nnipa ho. Wɔde nea aka no gu nnɔbae so anaa wɔde fra aduan ma mmoa di. Wɔtaa de nnuru a ekum yare mmoawa fra nyɛmmoa aduan na ama wɔanyin ntɛmtɛm.

Nniso Ahorow no Dwumadi

Nea ehia titiriw no, Nsɛntitiriw a Wɔbɔɔ no Mua Wɔ WHO Wiase Nyinaa Nhyehyɛe no ho no ka sɛ: “Ɛto gye aman no ankasa sɛ wɔde nhyehyɛe no bedi dwuma. Nniso ahorow no wɔ dwuma titiriw bi di.”

Nokwarem no, nniso pii ayɛ nhyehyɛe pii a wɔde bedi yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn ho dwuma, na wosi aman foforo a wɔn man no ne wɔn bɛyɛ adwuma abom so dua. Nea na ɛka saa nhyehyɛe yi ho ne kyerɛwtohɔ pa a wɔbɛyɛ afa nnuru a ɛko tia mmoawammoawa a wɔde di dwuma ne yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn, nkɔanim a wonya wɔ ayaresa ho, nnuru a ɛko tia mmoawammoawa a wɔde bedi dwuma yiye wɔ aduruyɛ ne kuadwuma mu, nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ ate nea enti a nnuru ntumi nkum mmoawammoawa no ase, ne nnuru foforo a wɔbɛyɛ ho. Na wɔnhwɛ kwan sɛ Report on Infectious Diseases 2000 a WHO yɛe no bɛyɛ adwuma. Dɛn ntia?

Amanneɛbɔ no kaa “nniso ahorow a ebia wɔn ahiade titiriw mfa ɔmanfo akwahosan ho ma enti wonni ɔpɛ sɛ wɔde bedi dwuma ho asɛm.” Ɛde kaa ho sɛ: “Ɔyare—ne afei yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn—nso nya nkɔso bere a basabasayɛ ba ɔman mu, nkurɔfo di hia, nnipadɔm di atutra, na wɔsɛe asase so nneɛma ma enti nyarewa ka nnipa pii no.” Awerɛhosɛm ne sɛ, saa ɔhaw ahorow yi yɛ ɔhaw a nnipa nniso horow ntumi nnii ho dwuma da.

Nanso, Bible no ka nniso bi a ɛnyɛ nea ɛde yare ba nko na ebeyi afi hɔ, na mmom nyarewa nyinaa nso ho asɛm. Ebia wubesusuw sɛ yare mmoawa bi bɛkɔ so ahaw adwene daa, nanso ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye di sɛ daakye pa bi wɔ hɔ sen saa koraa.

Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio

Bible mu diyifo Yesaia kaa nniso a ɛkorɔn sen nnipa de ho asɛm daa ne sodifo no adi bere tenten. Hyɛ sɛnea wɔda nkɔmhyɛ no adi no nsow: ‘Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene.’—Yesaia 9:6.

Hena ne saa akokoaa, ne ɔbabanin a obenya tumidi yi? Hyɛ sɛnea wɔdaa no adi ansa na wɔrewo no mpo no nsow. Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ ɔbaabun Maria sɛ: ‘Hwɛ! wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na n’ahenni no to rentwa da.’—Luka 1:31-33.

Bere a Yesu nyinii no, ɔdaa no adi sɛ ɔno na wɔhyɛɛ ne ho bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni Sodifo no ampa. Ɛnyɛ “ahenni no ho asɛmpa” nko na Yesu kyinii asase so bɔɔ ho dawuru, na mmom ɔdaa ne tumi a ɔde beyi nyarewa nyinaa afi hɔ no nso adi. Bible no bɔ amaneɛ sɛ ‘nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.’—Mateo 9:35; 15:30, 31.

Yiw, ɛmfa ho yare anaa ahoɔmmerɛw ko a ɛhaw obi no, Yesu sae. Onyanee nnipa pii a wɔawuwu mpo baa nkwa mu! (Luka 7:11-17; 8:49-56; Yohane 11:38-44) Ɛwom, bere bi akyi no wɔn a ɔsaa wɔn yare ne mpo wɔn a onyanee wɔn no, wuwui. Nanso, Yesu anwonwade no kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ daakye ama nnipa a wɔbɛtra asase so wɔ N’ahenni nniso ase no. Bible hyɛ bɔ sɛ saa bere no “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɛnnɛ, sɛnea yɛn nyinaa nim yiye no, obiara tumi yare, wu. Yare mmoawa haw nnipa mpempem pii, na mpɛn pii no wowuwu. Nanso, wɔayɛ nipadua no ma ayɛ nwonwa araa ma enti ebinom nte nea enti a ɛsɛ sɛ obi yare no ase. Oduruyɛfo Lewis Thomas kyerɛw dwuma titiriw a yare mmoawa di no ho asɛm, na ɔkae sɛ yare “te sɛ akwanhyia.” Ɔkae sɛ: “Ebetumi aba sɛ ɔyarefo no mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ho ka wɔ ɔkwan soronko bi so.”

Nokwarem no, wɔn a wɔn nipaduam nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ano yɛ den no ntaa nyare mpo. Nanso, awiei koraa no, nkurɔfo nyinyin na wowuwu. Bible no ka sɛ bɔne a yenya fii onipa a odi kan a ɔyɛ pɛ, Adam hɔ no, ne dɛmdi a ɛde yare ne owu bae. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

Nanso, Onyankopɔn somaa ne Ba baa asase so sɛ ɔmfa ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mmɛma nnye nnipa mfi nea bɔne de aba no mu. (Mateo 20:28) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23; 1 Yohane 5:11) Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, yɛbɛte Kristo agyede afɔrebɔ ayaresa no nka. Afei yare mmoawa nyinaa, a wɔn a wɔde yare ba mprempren mpo ka ho, renhaw obiara bio.

So ntease nnim sɛ yebesua Ahenni nniso no a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Bible mu a ɛde adesamma haw ahorow nyinaa ano aduru bɛba no ho ade? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu pii.

[Adaka wɔ kratafa 19]

Nea Wubetumi Ayɛ

Dɛn na wubetumi ayɛ de atew asiane a yare mmoawa a nnuru ntumi nkum wɔn de ba no so? Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no de akwankyerɛ ahorow bi ama. Nea edi kan no, akyerɛkyerɛ akwan horow a yebetumi afa so atew yare ne sɛnea ɛsan no so. Nea ɛto so abien no, akyerɛkyerɛ sɛnea nnipa betumi de nnuru a wɔde ko tia mmoawammoawa adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

Ntease mu no, ɔkwan a ɛfata sen biara a yebetumi afa so atew yare ne sɛnea ɛtrɛw so ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de ahwɛ yɛn akwahosan yiye. Dɛn na wubetumi ayɛ de akwati yare?

Akwan Horow a Wubetumi Afa So Akwati Yare

1. Yɛ nea wubetumi biara nya nneɛma abiɛsa a edidi so yi: aduampa, apɔw-mu-teɛteɛ a ɛfata, ne ahomegye a ɛsɛ.

2. Di wo ho ni. Akwahosan ho animdefo si nsa a wɔhohoro so dua sɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so kwati yare ne san a wɔde san afoforo no.

3. Hwɛ hu sɛ aduan a wo ne w’abusua di no ho tew. Ma w’ani nku ho paa sɛ wobɛma wo nsa ho ne beae a woyɛ aduan atew. Afei nso, hwɛ hu sɛ nsu a wode hohoro wo nsa ne w’aduan ho no yɛ nea emu tew. Esiane sɛ yare mmoawa gye ntini wɔ aduan mu nti, noa mogyanam ma ɛmmen yiye. Kora aduan ɔkwampa so wɔ frigye mu.

4. Wɔ nsase a nkoekoemmoa a wotu trɛw yare a ɛyɛ hu mu no, tew adwuma a woyɛ no abɔnten anadwo ne anɔpahema no so bere a saa mmoa yi di dwuma kɛse no. Na fa ntontonnan di dwuma bere nyinaa.

5. Nnuru a wɔde siw nyarewa ano betumi asiesie wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ma ako atia yare mmoawa bi a wɔwɔ beae a wote no.

Nnuru a Ɛko Tia Yare Mmoawa a Wɔde Di Dwuma

1. Hu akwahosan ho nimdefo ansa na woatɔ anaa woanom aduru biara a ekum yare mmoawa anaa mmoawammoawa no. Mpɛn pii no, nnuru a wɔtɔ no tẽẽ fi nnurutɔnfo a wɔatew wɔn nnuru bo so hɔ no ma ɔdetɔnfo no nya mfaso kɛse sen ɔdetɔfo no.

2. Nhyɛ wo duruyɛfo mma ɔmmma wo aduru a ekum yare mmoawa. Sɛ wohyɛ no a, ebia esiane sɛ osuro sɛ ɔbɛhwere wo nti ɔde bi bɛma wo. Sɛ nhwɛso no, yare mmoawa (virus) na wɔde ɔpakum ba, na nnuru a ekum yare mmoawa no bi ntumi nsa ɔpakum. Aduru a ekum yare mmoawa a wobɛnom bere a yare no fi virus mmoawa no betumi abrɛ bacteria a wɔn so wɔ mfaso no ase, na ebia ama wɔn a wotumi gyina nnuru ano no adɔɔso.

3. Nhyɛ wo ho sɛ wubenya aduru a aba foforo—ebetumi aba sɛ enye mma wo na ebetumi ama woabɔ ka hunu.

4. Sua nnuruyɛ ho biribiara fi obi a wowɔ ne mu ahotoso hɔ: Dwuma bɛn na edi? Ɔhaw bɛn na ebetumi afi mu aba? Nnuru afoforo bɛn na wubetumi afa aka ho, na nneɛma foforo bɛn na ebia ɛbɛma ne nom ayɛ hu?

5. Sɛ aduru a ekum yare mmoawa a wobɛnom no yɛ nea ɛfata ampa a, wɔhyɛ wo nyansa sɛ nom nnuru no sɛnea wɔakyerɛw ama wo no pɛpɛɛpɛ, na mpo sɛ wote nka sɛ wo ho atɔ wo a, ɛsɛ sɛ wonom ne nyinaa. Nea etwa to a wobɛnom boa ma yare no ase tu koraa.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Wɔ Onyankopɔn trenee nniso ase so, nnipa benya asetram anigye a yare mmoawa biara renhaw wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena