Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 28-29
  • Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—2003
  • Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden
    Nyan!—2015
  • Bere a Yare Mmoawa Renhaw Obiara Bio
    Nyan!—2003
  • 2. Ma Biribiara Ho ntew
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 28-29

Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ

SƐNEA Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ no, nnipa a wɔte aman a ennyaa nkɔso mu no mu bɛyɛ ɔha biara mu 25 na wonnya nsu pa. Bɛboro ɔha biara mu 66—anyɛ yiye koraa bɛyɛ nnipa ɔpepepem 2.5—na wonni beae pa a wɔto wura gu. Nea efi mu ba ne nnipa pii a wɔyareyare wuwu.

Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ahotew mu a wobekura no yɛ asɛnnennen. Nanso, sɛ w’ankasa wode ahotew tra ase a, wobɛbɔ wo ho ban afi nyarewa bebree ho. Akwan asia a wubetumi afa so abɔ wo ne w’abusua ho ban afi ɔyare mmoawa a ebetumi akɔ wo nipadua mu na ama woayare ho na edidi so yi.

1. Fa samina hohoro wo nsa bere a wɔakɔ tiafi awie ne bere a worebeso aduan mu.

Ɔkwan titiriw a wubetumi afa so asiw yare ano ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ bere nyinaa samina ne nsu wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusua no muni biara betumi ahohoro ne nsa. Samina ne nsu yi ɔyare mmoawa fi nsa no ho—ɔyare mmoawa a anka ebetumi akɔ aduan mu anaa w’anom. Esiane sɛ mmofra nkumaa taa de wɔn nsa hyɛ wɔn anom nti, ɛho hia sɛ wotaa hohoro wɔn nsa, titiriw bere a worebɛma wɔn aduan no.

Ɛho hia titiriw sɛ wode samina bɛhohoro wo nsa bere a wɔakɔ tiafi awie, bere a worebɛso aduan mu, ne bere a woapopa abofra bi a wakɔ tiafi to no.

2. Bɔ tiafi.

Nea ɛbɛyɛ na ɔyare mmoawa ntrɛw no, ɛho hia sɛ wubenya baabi pa akɔ tiafi. Wonya nyarewa pii, titiriw ayamtu, fi mmoawa a wɔwɔ nnipa tiafi mu no mu. Saa mmoawa yi betumi akɔ nsu a wɔnom anaa aduan mu, nsa ho, anaa nkankyee mu ne nneɛma a wɔyɛ mu aduan anaa wɔde gu mu ma nkurɔfo mu. Sɛ ɛba saa a, nkurɔfo betumi amemene mmoawa no ma wɔayare.

Nea ɛbɛboa na woasiw eyi ano no, bɔ tiafi. Ɛnsɛ sɛ mmoa tiafi bɛn fie ne baabi a nsu nam. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nkokoaa ne mmofra nkumaa tiafi yɛ hu sen mpanyimfo de. Enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mmofra mpo ma wɔkɔ tiafi so. Sɛ mmofra gya wɔn anan gu baabiara a, ɛsɛ sɛ wopra no ntɛm de kogu tiafi mu anaa wutu fam de hyɛ hɔ kata so.

Ɛsɛ sɛ wodi tiafi so ni, na wɔkata so.

3. Fa nsu pa di dwuma.

Mmusua a wɔwɔ nsu pa a ɛfa durobɛn mu pii no ntaa nyare sɛ wɔn a wonni bi no. Wɔn a wonni nsu a ɛfa durobɛn mu no betumi abɔ wɔn akwahosan ho ban denam abura a wɔbɛkata so, ne nsufĩ a wɔremma ɛmmɛn nsu a wɔnom, wɔde guare, anaa wɔde horo ade. Ɛho hia nso sɛ wobeyi mmoa afi fie ne nsu a wɔnom ho.

Ɔkwan foforo a wubetumi afa so abɔ wo ho ban wɔ yare ho ne sɛ wubedi bokiti, nhama a wode to nsu, ne nsuhina a wode nsu gu mu nĩ sɛnea wubetumi biara. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ papa sɛ wode bokiti bɛsɛn ade so sen sɛ wode besi fam.

Ɛsɛ sɛ wode nsu a wɔnom wɔ fie no gu asankasɔn mu bua so. Sɛ woresa nsu afi saa asankasɔn no mu a, ɛsɛ sɛ wode kora anaa kuruwa a ɛho tew sa. Mma nkurɔfo mmfa wɔn nsa nnto nsu a wɔnom mu anaasɛ wɔmmfa wɔn ano mmmɔ asankasɔn no mu nnom nsu.

4. Noa nsu a wonom, gye sɛ efi durobɛn a emu tew mu.

Mpɛn pii no, nsu a ɛfa durobɛn mu na emu tew sen biara sɛ wɔnom. Nsu a wonya fi mmeae foforo no yɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ ɔyare mmoawa bɛba mu, ɛmfa ho sɛ ani tew no.

Nsu a wɔnoa kunkum ɔyare mmoawa. Enti sɛ wosaw nsu fi ɔtare, asuten, anaa asubura mu a, nyansa wom sɛ wobɛnoa, na afei woama adwo ansa na woanom. Nsu a wɔnom a ɔyare mmoawa nnim ho hia ma nkokoaa ne mmofra nkumaa titiriw, esiane sɛ wɔn nipadua no ntumi nko ntia ɔyare mmoawa te sɛ mpanyimfo nti.

Sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobɛnoa nsu a wonom a, fa gu asankasɔn a wɔde rɔba fitaa ayɛ anaa gyiraase mu fa ade kata so. Afei ma awia mmɔ asankasɔn no so nnanu ansa na woanom.

5. Ma w’aduan ho ntew.

Ɛsɛ sɛ wohohoro aduan a wɔnnoa ansa na wɔadi no ho yiye. Ɛsɛ sɛ wonoa nnuan a aka no ma ɛben yiye, titiriw mogyanam ne ntakraboanam.

Ɛyɛ papa sɛ wubedi aduan ntɛm bere a woanoa awie no; saa kwan no so no, ɛrensi hɔ nsɛe. Sɛ ɛsɛ sɛ wokora aduan a wɔanoa so bɛboro nnɔnhwerew anum a, ɛsɛ sɛ wode gu ade a ɛbɛma akɔ so ayɛ hyew mu anaasɛ wode hyɛ friigyi mu. Ka no hyew yiye ansa na woadi.

Mpɛn pii no ɛyɛ a na ɔyare mmoawa wɔ mogyanam a wɔnnoae mu, enti mma ɛnnka aduan a woanoa. Sɛ woyɛ nammono ho adwuma a, hohoro nkankyee mu ne baabiara a ebi kae wɔ gyaade hɔ.

Ɛsɛ sɛ bere nyinaa wudi mmeae a wode nneɛma a wode yɛ aduan gu no nĩ. Ɛsɛ sɛ wokata aduan so, na wode si baabi a nwansena, akisi, nkura, ne mmoa foforo ntumi nkɔ ho.

6. Hyew fie wura anaa tu fam fa hyɛ hɔ.

Aduan ho wura mu na nwansena a wɔma ɔyare mmoawa trɛw no wo gu. Enti ɛnsɛ sɛ wɔtow ofie wura gu fam kɛkɛ. Da biara da ɛsɛ sɛ wotu fam de hyɛ hɔ, wɔhyew, anaa wɔfa kwan foforo bi so tow gu.

Sɛ wode saa akwankyerɛ ahorow yi di dwuma a, wubetumi aboa abɔ wo ne w’abusua ho aban afi kɔlera, huraenini, asonson, aduan a ɛhaw yafunu, ne nyarewa foforo pii ho.

[Asɛm Fibea]

Fibea: Facts for Life, a United Nations Children’s Fund, United Nations Educational, Scientific, and Cultural Organization ne WHO boom yɛe no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena